< 1 Mose 19 >

1 Ɔsoro abɔfo baanu no duu Sodom anwummere. Na Lot te kurow no pon ano. Bere a Lot huu sɛ wɔreba no, ɔsɔre kohyiaa wɔn kwan. Obuu nkotodwe, de nʼanim butuw fam, nam so maa wɔn akwaaba.
The two angels came to Sodom at evening. Lot sat in the gate of Sodom. Lot saw them, and rose up to meet them. He bowed himself with his face to the earth,
2 Ɔkae se, “Me wuranom, mesrɛ mo, mommɛsoɛ mo akoa fi na memma mo nsu nhohoro mo anan ho, na monna, na ɔkyena anɔpatutuutu, moatoa mo akwantu no so.” Nanso abɔfo no buae se, “Dabi, mmom, yɛbɛda aguabɔbea.”
and he said, “See now, my lords, please come into your servant’s house, stay all night, wash your feet, and you can rise up early, and go on your way.” They said, “No, but we will stay in the street all night.”
3 Nanso Lot kɔɔ so srɛɛ wɔn anibere so nti, wɔne no kɔɔ ne fi. Ɔtoo brodo a wamfa mmɔkaw amfra da no ara, de too wɔn pon ma wodii.
He urged them greatly, and they came in with him, and entered into his house. He made them a feast, and baked unleavened bread, and they ate.
4 Ansa na wɔbɛkɔ akɔda no, Sodomfo mpanyin ne mmofra nyinaa fi kurow no afanan betwaa ofi no ho hyiae.
But before they lay down, the men of the city, the men of Sodom, surrounded the house, both young and old, all the people from every quarter.
5 Wɔteɛteɛɛ mu frɛɛ Lot bisaa no se, “Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi wɔ he? Fa wɔn brɛ yɛn, na yɛne wɔn nkɔda.”
They called to Lot, and said to him, “Where are the men who came in to you this night? Bring them out to us, that we may have sex with them.”
6 Lot fii adi, too ne pon mu, kohyiaa Sodom mmarima no.
Lot went out to them through the door, and shut the door after himself.
7 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Me nuanom, mesrɛ mo, munni amumɔyɛsɛm a ɛte saa.
He said, “Please, my brothers, don’t act so wickedly.
8 Muntie! Mewɔ mmabea baanu a wonhuu mmarima da. Momma memfa wɔn mmrɛ mo, na nea mopɛ biara, moayɛ wɔn. Na saa mmarima baanu yi de, mommfa mo nsa nka wɔn, efisɛ wɔaba me suhyɛ bammɔ mu.”
See now, I have two virgin daughters. Please let me bring them out to you, and you may do to them what seems good to you. Only don’t do anything to these men, because they have come under the shadow of my roof.”
9 Dɔm no teɛteɛɛ mu se, “Twe wo ho! Woyɛ hena? Yɛn na yɛama wo baabi atena wɔ ha, na afei de worebɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Yɛne wo bedi no anibere so asen nkurɔfo no.” Dɔm no twiw faa Lot so, na wofii ase bubuu apon no.
They said, “Stand back!” Then they said, “This one fellow came in to live as a foreigner, and he appoints himself a judge. Now we will deal worse with you than with them!” They pressed hard on the man Lot, and came near to break the door.
10 Nanso ɔsoro abɔfo baanu a wɔhyɛ fie hɔ no pue bɛtwee Lot kɔhyɛɛ fie hɔ, too pon no mu.
But the men reached out their hand, and brought Lot into the house to them, and shut the door.
11 Ɔsoro abɔfo baanu no maa mpanyin ne mmofra a wogyinagyina ɔpon no akyi no ani furafurae, enti wɔanhu ɔpon no koraa.
They struck the men who were at the door of the house with blindness, both small and great, so that they wearied themselves to find the door.
12 Mmarima baanu no bisaa Lot se, “Wowɔ abusuafo bi wɔ kurom ha sɛ ɛyɛ wo nsenom, wo mmabea, wo mmabarima anaa obi foforo bi a ɔyɛ wo ho nipa? Yi wɔn nyinaa fi ha,
The men said to Lot, “Do you have anybody else here? Sons-in-law, your sons, your daughters, and whomever you have in the city, bring them out of the place:
13 efisɛ yɛrebɛsɛe saa kurow yi pasaa. Amumɔyɛsɛm a etia nnipa yi a adu Awurade anim no ano den nti, wasoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe kurow yi.”
for we will destroy this place, because the outcry against them has grown so great before the LORD that the LORD has sent us to destroy it.”
14 Enti Lot fii adi kɔbɔɔ mmarima bi a wɔahyɛ bɔ sɛ wɔbɛwareware ne mmabea no amanneɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monyɛ no ntɛm, na mumfi kurow yi mu, efisɛ Awurade Nyankopɔn rebɛsɛe kurow yi!” Nanso na saa mmarima yi susuw sɛ ɔredi fɛw bi.
Lot went out, and spoke to his sons-in-law, who were pledged to marry his daughters, and said, “Get up! Get out of this place, for the LORD will destroy the city!” But he seemed to his sons-in-law to be joking.
15 Anɔpahema no, ɔsoro abɔfo no hyɛɛ Lot se, “Ntɛm! Ka wo ho, na fa wo yere ne wo mmabea baanu a wɔwɔ ha no fi ha kɔ; anyɛ saa a, wɔde mo bɛfra kurow no, asɛe mo.”
When the morning came, then the angels hurried Lot, saying, “Get up! Take your wife and your two daughters who are here, lest you be consumed in the iniquity of the city.”
16 Ɔtwentwɛn ne anan ase no, ɔsoro abɔfo no susoo Lot ne yere ne ne mmabea baanu no nsa, twee wɔn, de wɔn fii kurow no mu asomdwoe mu, efisɛ Awurade huu wɔn mmɔbɔ.
But he lingered; and the men grabbed his hand, his wife’s hand, and his two daughters’ hands, the LORD being merciful to him; and they took him out, and set him outside of the city.
17 Ɔsoro abɔfo no yii Lot mmabea baanu no fii kurow no mu ara pɛ, abɔfo no mu baako kae se, “Munguan nnye mo kra nkwa; monnhwɛ mo akyi. Munnnyina baabiara. Munguan nkɔ mmepɔw no so, anyɛ saa a mubewuwu!”
It came to pass, when they had taken them out, that he said, “Escape for your life! Don’t look behind you, and don’t stay anywhere in the plain. Escape to the mountains, lest you be consumed!”
18 Nanso Lot ka kyerɛɛ wɔn se, “Dabi me wuranom!
Lot said to them, “Oh, not so, my lord.
19 Mo akoa anya mo anim adom, na moayɛ me adɔe kɛse de agye me nkwa. Nanso me de, merentumi nguan nkɔ mmepɔw no so, efisɛ misuro sɛ anhwɛ a, saa amanehunu yi bɛto me, ama mawu.
See now, your servant has found favour in your sight, and you have magnified your loving kindness, which you have shown to me in saving my life. I can’t escape to the mountain, lest evil overtake me, and I die.
20 Hwɛ, kurow ketewa bi bɛn ha. Mesrɛ mo, momma minkohintaw hɔ mmom, na manhwere me nkwa. Kurow no nsua ana?”
See now, this city is near to flee to, and it is a little one. Oh let me escape there (isn’t it a little one?), and my soul will live.”
21 Ɔsoro abɔfo no ka kyerɛɛ Lot se, “Eye, Mɛpene wʼabisade yi so; merensɛe saa kurow ketewa no.
He said to him, “Behold, I have granted your request concerning this thing also, that I will not overthrow the city of which you have spoken.
22 Ɛno de, guan kɔ hɔ ntɛm, efisɛ sɛ wunnuu hɔ a, merenyɛ biribiara.” Efi saa bere no na wɔfrɛɛ kurow no Soar a ase ne kurow ketewa.
Hurry, escape there, for I can’t do anything until you get there.” Therefore the name of the city was called Zoar.
23 Bere a Lot duu Soar no, na owia apue.
The sun had risen on the earth when Lot came to Zoar.
24 Afei, Awurade maa sufre ne ogya tɔ fii soro, guu Sodom ne Gomora so.
Then the LORD rained on Sodom and on Gomorrah sulphur and fire from the LORD out of the sky.
25 Saa ɔkwan yi so na wɔfa de sɛee saa nkuropɔn abien ne asasetam no nyinaa. Nnipa a na wɔtete saa nkuropɔn no so ne asase no so afifide nso nyinaa sɛee.
He overthrew those cities, all the plain, all the inhabitants of the cities, and that which grew on the ground.
26 Nanso Lot yere twaa nʼani hwɛɛ nʼakyi ma ɔdan nkyene siw.
But Lot’s wife looked back from behind him, and she became a pillar of salt.
27 Ade kyee anɔpatutuutu no, Abraham kɔɔ baabi a ogyinaa Awurade anim no.
Abraham went up early in the morning to the place where he had stood before the LORD.
28 Ɔmaa nʼani so hwɛɛ Sodom ne Gomora fam ne asasetam no so nyinaa, huu wusiw kumɔnn a abua asase no so te sɛ wusiw a efi fononoo mu.
He looked towards Sodom and Gomorrah, and towards all the land of the plain, and saw that the smoke of the land went up as the smoke of a furnace.
29 Bere a Onyankopɔn sɛee nkurow a ɛwɔ asase tamaa no so no, Onyankopɔn kaee Abraham, na oyii Lot fii ɔsɛe a ɛbaa nkurow a na Lot te so no mu no.
When God destroyed the cities of the plain, God remembered Abraham, and sent Lot out of the middle of the overthrow, when he overthrew the cities in which Lot lived.
30 Lot ne ne mmabea baanu no tu fii Soar kɔtenaa ɔbodan bi a na ɛwɔ mmepɔw no so no mu, efisɛ na osuro sɛ ɔbɛtena Soar.
Lot went up out of Zoar, and lived in the mountain, and his two daughters with him; for he was afraid to live in Zoar. He lived in a cave with his two daughters.
31 Da koro bi, ɔbabea panyin no ka kyerɛɛ akumaa no se, “Yɛn agya abɔ akwakoraa, na ɔbarima biara nso nni ha a ɔne yɛn bɛda, sɛnea wɔyɛ wɔ wiase baabiara no.
The firstborn said to the younger, “Our father is old, and there is not a man in the earth to come in to us in the way of all the earth.
32 Ne saa nti, ma yɛmma yɛn agya nsa nnom, na afei yɛne no nna, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam ne so bɛma yɛn ase afɛe.”
Come, let’s make our father drink wine, and we will lie with him, that we may preserve our father’s family line.”
33 Saa anadwo no, wɔmaa wɔn agya nsa nomee. Na ɔbabea panyin no ne no kɔdae. Lot anhu bere ko a ne babea panyin no de bɛdaa hɔ ne bere ko a ɔsɔre kɔe.
They made their father drink wine that night: and the firstborn went in, and lay with her father. He didn’t know when she lay down, nor when she arose.
34 Ade kyee no, ɔbabea panyin no ka kyerɛɛ akumaa no se, “Nnɛra anadwo, me ne mʼagya dae. Saa anadwo yi, ma yɛnsan mma no nsa nnom, na wo nso, wo ne no nkɔda, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam yɛn agya so bɛma yɛn ase afɛe.”
It came to pass on the next day, that the firstborn said to the younger, “Behold, I lay last night with my father. Let’s make him drink wine again tonight. You go in, and lie with him, that we may preserve our father’s family line.”
35 Saa anadwo no nso, wɔmaa wɔn agya nsa nomee. Na akumaa no nso ne nʼagya kɔdae. Bio, Lot anhu bere ko a akumaa no de bɛdaa hɔ ne bere ko a ɔsɔre kɔe.
They made their father drink wine that night also. The younger went and lay with him. He didn’t know when she lay down, nor when she got up.
36 Enti Lot ne ne mmabea baanu no nyinsɛnee.
Thus both of Lot’s daughters were with child by their father.
37 Ne babea panyin no woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Moab. Ɔno na ɔyɛ Moabfo agya de besi nnɛ.
The firstborn bore a son, and named him Moab. He is the father of the Moabites to this day.
38 Akumaa no nso woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Ben-Ami; ɔno nso ne Amon mma agya de besi nnɛ.
The younger also bore a son, and called his name Ben Ammi. He is the father of the children of Ammon to this day.

< 1 Mose 19 >