< 1 Mose 17 >

1 Abram dii mfe aduɔkron akron no, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ no kae se, “Mene Otumfo Nyankopɔn, nantew mʼanim na yɛ pɛ.
When Abram was 99, the Lord appeared to him and told him, “I am God Almighty. Live in my presence and don't do wrong.
2 Mesi apam a ɛda me ne wo ntam no so dua, na mama wʼasefo adɔɔso.”
I will make my agreement between me and you, and I will give you many, many descendants.”
3 Abram de nʼanim butuu fam, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se,
Abram bowed down with his face to the ground, and God told him,
4 “Me fa mu de, saa apam yi na ɛda me ne wo ntam: wobɛyɛ aman bebree agya.
“Listen! This is the agreement I'm making with you. You will be the father of many nations,
5 Wɔremfrɛ wo Abram bio. Wɔbɛfrɛ wo Abraham, efisɛ mayɛ wo aman bebree agya.
so your name won't be Abram any longer. Instead, your name will be Abraham because I'm going to make you the father of many nations.
6 Mɛma wʼasefo adɔɔso. Wɔbɛyɛ amanaman bebree na ahemfo nso afi wɔn mu.
I will make sure you have a large number of descendants. They will become many nations, and some of their kings will also come from your line.
7 Mɛma mʼapam no ayɛ daapem apam a ɛbɛda me ne wo ne wʼasefo ne awo ntoatoaso a ɛbɛba no ntam. Na mɛyɛ wo ne wʼasefo Nyankopɔn.
I promise to continue my agreement with you, and with your descendants who come after you, for generations to come. This is an eternal agreement. I will always be your God, and the God of your descendants.
8 Mede Kanaan asase a nnɛ wote so sɛ ɔhɔho no nyinaa bɛma wo ne wʼasefo a wɔbɛba akyiri no nyinaa. Ɛbɛyɛ wʼagyapade a wo ne obi mmɔ mu hye afebɔɔ. Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn.”
I will give you and your descendants the whole country of Canaan—where you've been living as a foreigner—as land to own forever, and I will be their God.”
9 Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, “Wo de, ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefo ne wʼasefo a wɔbɛba akyiri no di mʼapam no so.
Then God told Abraham, “Your part is to keep my agreement—you and your descendants for generations to come.
10 Eyi ne mʼapam a ɛda me ne wo ntam a ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefo ne wʼasefo a wɔbɛba akyiri no di so. Ɛsɛ sɛ wotwa ɔbarima biara twetia.
This is my agreement with you and your descendants who come after you, the agreement you are to keep: every male among you shall be circumcised.
11 Ɛsɛ sɛ mutwa twetia. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛda me ne mo ntam no ho nsɛnkyerɛnne.
You are to circumcise your foreskin, and this will be the sign of the agreement between me and you.
12 Ɔbarima biara a ɔyɛ wʼaseni a wɔbɛwo no no, odi nnaawɔtwe pɛ a, ɛsɛ sɛ wotwa no twetia. Nkoa a wɔwoo wɔn wɔ wo fi ne ɔnanani biara a wuyii sika tɔɔ no fii ɔmamfrani nkyɛn a ɔnyɛ wʼaseni no nso, ɛsɛ sɛ wotwa no twetia saa ara.
From now and for all generations to come every male among you who is eight days old must be circumcised. This includes not only your sons but also those born in your household or bought from foreigners.
13 Sɛ wɔwoo no wo fi oo, sɛ nso wɔkarii sika kɔtɔɔ no oo, ɛsɛ sɛ wotwa no twetia. Saa honam mu apam yi bɛyɛ daapem apam.
You must circumcise those born in your household or bought from foreigners as a sign in your bodies of my eternal agreement.
14 Wɔbɛpam ɔbarima biara a wontwaa no twetia no afi ne nkurɔfo mu, efisɛ saa onipa no anni mʼapam no so.”
Any uncircumcised male who refuses circumcision will be excluded from his people because he has broken my agreement.”
15 Onyankopɔn san ka kyerɛɛ Abraham se, “Ɛfa wo yere Sarai ho nso, efi nnɛ rekɔ, woremfrɛ no Sarai bio. Wobɛfrɛ no Sara.
Then God told Abraham, “Now about Sarai your wife. Don't call her Sarai any longer. Instead, her name will be Sarah.
16 Mehyira no, na mɛma no awo ɔbabarima ama wo. Mehyira no ama wabɛyɛ aman nyinaa na. Nʼasefo mu na amanaman mu ahemfo befi.”
I will bless her and I promise to give you a son by her. I will bless her so that she will become the mother of nations, and kings will be among her descendants.”
17 Abraham de nʼanim butuw fam bio. Ɔserew bisaa ne ho se, “Ebetumi aba sɛ ɔbarima a wadi mfe ɔha bɛwo ɔba ana? Sara nso a wadi mfe aduɔkron no nso, obetumi awo ɔba ana?”
Abraham bowed down with his face to the ground. But inside he was laughing, asking himself, “How on earth could I have a son at the age of one hundred? How could Sarah have a child when she is ninety?”
18 Na Abraham ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Onyankopɔn ɛno de, hyira Ismael!”
Abraham said to God, “May Ishmael always live under your blessing!”
19 Na Onyankopɔn kae se, “Mmom, wo yere Sara bɛwo ɔbabarima ama wo, na wobɛto no din Isak, a ase ne Serew. Me ne no bɛyɛ daapem apam a ɛbɛtena hɔ ama nʼasefo a wɔbɛba akyiri no nyinaa.
“No, it's your wife Sarah who is going to have a son for you!” God replied. “You are to call him Isaac. I will keep my agreement with him and his descendants as an eternal agreement.
20 Na Ismael ho asɛm a wokae no nso, mate. Mehyira no ama nʼase adɔ bebree. Ɔbɛyɛ abirɛmpɔn dumien agya. Na mɛma no ayɛ ɔman kɛse.
Now about Ishmael. I heard what you said, and I will also bless him. I will make sure he has a great many descendants. He will be the father of twelve princes, and I will make him into a great nation.
21 Nanso me ne Isak a Sara bɛwo no afe sesɛɛ no na ɛbɛyɛ mʼapam no.”
But it's with Isaac that I will keep my agreement, the son Sarah will give birth to about this time next year.”
22 Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Abraham wiee no, ogyaw no hɔ kɔe.
When God had finished speaking with Abraham he left him.
23 Saa da no ara, Abraham faa ne babarima Ismael ne mmarima a wɔwoo wɔn wɔ ne fi ne mmarima a wɔtɔɔ wɔn fii ananafo nkyɛn, twitwaa wɔn nyinaa twetia, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no.
That day Abraham circumcised his son Ishmael as well as all those born in his household or purchased, in fact every male among the members of Abraham's household, just as God had told him.
24 Wotwaa Abraham twetia no, na wadi mfe aduɔkron akron.
Abraham was 99 when he was circumcised,
25 Ne babarima Ismael nso, wotwaa no twetia no, na wadi mfe dumiɛnsa.
and his son Ishmael was thirteen.
26 Saa da no ara, na wotwaa Abraham ne ne ba Ismael nyinaa twetia.
Both Abraham and his son Ishmael were circumcised on the same day.
27 Ɔbarima biara a ɔwɔ Abraham fi, wɔn a wɔwoo wɔn wɔ Abraham fi ne ɔbarima biara a wɔtɔɔ no fii ɔnanani bi nkyɛn no, wotwitwaa wɔn nyinaa twetia, kaa Abraham ho.
All the males in Abraham's household, including those born in his household or purchased from foreigners, were circumcised with him.

< 1 Mose 17 >