< 1 Mose 16 >

1 Saa bere no, na Sarai nwoo ɔba mmaa Abram ɛ. Na ɔwɔ Misraimni abaawa bi a wɔfrɛ no Hagar;
And Sarai, Abram’s wife, has not borne to him, and she has a handmaid, an Egyptian, and her name [is] Hagar;
2 enti Sarai ka kyerɛɛ Abram se, “Wo ara wunim sɛ Awurade ama mayɛ obonin; manwo ɔba! Mesrɛ wo, kɔ na wo ne mʼabaawa Hagar nkɔda; ebia ɛnam ne so na manya mma.” Abram penee asɛm a Sarai ka kyerɛɛ no no so.
and Sarai says to Abram, “Now behold, YHWH has restrained me from bearing, please go in to my handmaid; perhaps I am built up from her”; and Abram listens to the voice of Sarai.
3 Abram tenaa Kanaan asase so mfe du akyi no, ne yere Sarai de Misraimni abaawa Hagar no kɔmaa ne kunu no sɛ ɔnware no.
And Sarai, Abram’s wife, takes Hagar the Egyptian, her handmaid, at the end of the tenth year of Abram’s dwelling in the land of Canaan, and gives her to her husband Abram—to him for a wife,
4 Abram ne Hagar dae, na onyinsɛnee. Bere a Hagar huu sɛ wanyinsɛn no, ofii ase buu nʼawuraa Sarai animtiaa.
and he goes in to Hagar, and she conceives, and she sees that she has conceived, and her mistress is lightly esteemed in her eyes.
5 Enti Sarai ka kyerɛɛ Abram se, “Saa ɔhaw a aba me so yi nyinaa fi wo! Mede mʼabaawa maa wo; afei a wahu sɛ wanyinsɛn no nti, otiatia mʼanim. Awurade mmu me ne wo ntam atɛn.”
And Sarai says to Abram, “My violence [is] for you; I have given my handmaid into your bosom, and she sees that she has conceived, and I am lightly esteemed in her eyes; YHWH judges between me and you.”
6 Nanso Abram ka kyerɛɛ Sarai se, “Ɔyɛ wʼabaawa. Nea wopɛ sɛ wode yɛ no biara, fa yɛ no.” Efi saa bere no, Sarai tan nʼabaawa Hagar ani ma oguan fii ne nkyɛn.
And Abram says to Sarai, “Behold, your handmaid [is] in your hand, do to her that which is good in your eyes”; and Sarai afflicted her, and she flees from her presence.
7 Awurade bɔfo huu Hagar wɔ nsu aniwa bi ho wɔ sare no so. Na saa nsu aniwa no da ɔkwan a ɛkɔ kurow bi a wɔfrɛ no Sur no nkyɛn.
And the Messenger of YHWH finds her by the fountain of water in the wilderness, by the fountain in the way [to] Shur,
8 Ɔbɔfo no bisaa Hagar se, “Sarai abaawa Hagar, wufi he, na worekɔ he?” Hagar buaa no se, “Mereguan afi mʼawuraa Sarai nkyɛn.”
and He says, “Hagar, Sarai’s handmaid, from where have you come, and to where do you go?” And she says, “From the presence of Sarai, my mistress, I am fleeing.”
9 Na Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ Hagar se, “San kɔ wʼawuraa no nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase ma no.”
And the Messenger of YHWH says to her, “Return to your mistress, and humble yourself under her hands”;
10 Ɔbɔfo no ka kaa ho se, “Mɛma wʼase afɛe a, wɔkan a ɛnyɛ yiye.”
and the Messenger of YHWH says to her, “Multiplying I multiply your seed, and it is not numbered from multitude”;
11 Awurade bɔfo no san ka kyerɛɛ Hagar se, “Woanyinsɛn, na wobɛwo ɔbabarima. Wobɛto no din Ismael, efisɛ Awurade ate wʼamanehunu.
and the Messenger of YHWH says to her, “Behold you [are] conceiving, and bearing a son, and have called his name Ishmael, for YHWH has listened to your affliction;
12 Ɔbɛyɛ sɛ sare so afurum. Obetia nnipa nyinaa, na nnipa nyinaa nso betia no; atutuwpɛ so na ɔne ne nuanom bɛtena.”
and he is a wild-donkey man, his hand against everyone, and everyone’s hand against him—and before the face of all his brothers he dwells.”
13 Eyi akyi no ɔkae se, “Mahu Nea ohu me.” Ɛno nti, ɔde din El-Roi a ase ne “Onyankopɔn a ohu me” no too no.
And she calls the Name of YHWH who is speaking to her, “You [are], O God, my beholder”; for she said, “Even here have I looked behind my beholder?”
14 Ɛno nti na wɔfrɛ nsu aniwa no se Beer-Lahai-Roi a ase ne “Onyankopɔn Teasefo a ohu me abura.” Ɛda Kades ne Bered ntam besi nnɛ.
Therefore has one called the well, “The well of the Living One, my beholder”; behold, between Kadesh and Bered.
15 Enti Hagar woo ɔbabarima maa Abram. Abram too abofra no din Ismael.
And Hagar bears a son to Abram; and Abram calls the name of his son, whom Hagar has borne, Ishmael;
16 Hagar woo Ismael no, na Abram adi mfe aduɔwɔtwe asia.
and Abram [is] a son of eighty-six years in Hagar’s bearing Ishmael to Abram.

< 1 Mose 16 >