< 1 Mose 15 >
1 Eyinom akyi no, Awurade kasa kyerɛɛ Abram wɔ anisoadehu mu se, “Abram, nsuro. Meyɛ wo nkatabo. Meyɛ wo kyɛfa a ɛsom bo.”
Yeinom akyiri no, Awurade kasa kyerɛɛ Abram wɔ anisoadehunu mu sɛ, “Abram, nsuro. Meyɛ wo kyɛm. Meyɛ wo kyɛfa a ɛsom bo.”
2 Abram nso buae se, “Awurade Nyankopɔn, dɛn na wode bɛma me wɔ bere a minni ɔba. Onipa a obedi mʼade no yɛ Damaskoni Elieser?”
Abram nso buaa sɛ, “Ao, Awurade Onyankopɔn, ɛdeɛn na wode bɛma me wɔ ɛberɛ a menni ɔba. Onipa a ɔbɛdi mʼadeɛ no yɛ Damaskoni Elieser?”
3 Na Abram toaa so se, “Wommaa me mma nti, akoa a wɔwoo no wɔ me fi no na obedi mʼade.”
Na Abram toaa so sɛ, “Wommaa me mma enti, akoa a wɔwoo no wɔ me fie no na ɔbɛdi mʼadeɛ.”
4 Na Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Saa ɔbarima yi renni wʼade da, gye wʼankasa wo yafunumma.”
Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Saa ɔbarima yi renni wʼadeɛ da, agye wʼankasa wo yafumma.”
5 Onyankopɔn de Abram kɔɔ afikyiri, na ɔka kyerɛɛ no se, “Ma wʼani so hwɛ soro na hwɛ sɛ wubetumi akan soro nsoromma ana.” Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram se, “Saa ara na wʼasefo bɛdɔɔso nen.”
Onyankopɔn de Abram kɔɔ afikyire, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Pagya wʼani hwɛ soro na hwɛ sɛ wobɛtumi akan ɔsoro nsoromma anaa.” Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Saa ara na wʼasefoɔ bɛdɔɔso.”
6 Abram gyee asɛm a Awurade kae no dii. Ne saa nti, Awurade buu no onipa trenee.
Abram gyee asɛm a Awurade kaeɛ no diiɛ. Ne saa enti, Awurade buu no onipa tenenee.
7 Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ Abram bio se, “Mene Awurade a mede wo fi Ur a ɛwɔ Kaldeafo asase so bae sɛ mede saa asase yi rema wo sɛ wʼagyapade.”
Awurade Onyankopɔn kyerɛɛ Abram bio sɛ, “Mene Awurade a mede wo firi Ur a ɛwɔ Kaldeafoɔ asase so baeɛ sɛ mede saa asase yi rema wo sɛ wʼagyapadeɛ.”
8 Nanso Abram kae se, “Ɔsorosoro Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na mehu sɛ asase no bɛyɛ me dea?”
Nanso, Abram kaa sɛ, “Ao, Ɔsorosoro Awurade, ɛbɛyɛ sɛn na mɛhunu sɛ, asase no bɛyɛ me dea?”
9 Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Fa nantwi ba a wadi mfe abiɛsa, abirekyibere a wadi mfe abiɛsa, Odwennini a wadi mfe abiɛsa, agyenkuku ne aborɔnoma ba brɛ me.”
Awurade ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Fa nantwie ba a wadi mfeɛ mmiɛnsa, abirekyibereɛ a wadi mfeɛ mmiɛnsa, odwennini a wadi mfeɛ mmiɛnsa, anyankuku ne aborɔnoma ba brɛ me.”
10 Abram de eyinom nyinaa brɛɛ Onyankopɔn, paapae wɔn mu abien abien, na ɔde afaafa no kyerɛkyerɛɛ anim, de guguu hɔ. Na nnomaa no de, wampaapae wɔn mu.
Abram de yeinom nyinaa brɛɛ Onyankopɔn, paapae wɔn mu mmienu, na ɔde afaafa no kyerɛkyerɛɛ animu, de guguu hɔ. Na nnomaa no deɛ, wampaapae wɔn mu.
11 Na apete besisii mmoa no afunu so no, Abram pam wɔn.
Na apete bɛsisii mmoa no afunu so no, Abram pamoo wɔn.
12 Bere a owia rekɔtɔ no, Abram daa hatee, na sum kabii a ɛyɛ hu tɔɔ ne so.
Ɛberɛ a owia rekɔtɔ no, Abram daa hatee, na esum kabii a ɛyɛ hu tɔɔ ne so.
13 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Gye di sɛ wʼasefo bɛyɛ ahɔho wɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so. Wɔbɛyɛ nkoa wɔ ɔman no mu, asom, na wɔayɛ wɔn ayayade mfe ahannan.
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Gye di sɛ wʼasefoɔ bɛyɛ ahɔhoɔ wɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so. Wɔbɛyɛ nkoa wɔ ɔman no mu, asom, na wɔayɛ wɔn ayayadeɛ mfeɛ ahanan.
14 Nanso mɛtwe saa ɔman a wʼasefo bɛsom wɔn no aso, na ɛno akyi no, wobefi ɔman a wɔsom mu no mu aba sɛ adefo.
Nanso, mɛtwe saa ɔman a wʼasefoɔ bɛsom wɔn no aso, na ɛno akyiri no, wɔbɛfiri ɔman a wɔsom mu no mu aba sɛ adefoɔ.
15 Wo de, wubewu asomdwoe mu. Wubenyin akyɛ yiye ansa na woawu.
Wo deɛ, wobɛwu asomdwoeɛ mu. Wobɛnyini akyɛre yie ansa na woawu.
16 Nanso awo ntoatoaso a ɛto so anan no mu, wʼasefo bɛsan aba saa ɔman yi mu bio. Efisɛ saa bere yi, Amorifo a wɔte saa asase yi so nnɛ yi bɔne a wɔyɛ no nnya nnuu nea wɔtwe wɔn aso ma ɛyɛ yiye ɛ.”
Nanso, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so ɛnan no mu, wʼasefoɔ bɛsane aba saa ɔman yi mu bio. Ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ yi, Amorifoɔ a wɔte saa asase yi so ɛnnɛ yi bɔne a wɔyɛ no nnya nnuruu deɛ wɔtwe wɔn aso ma ɛyɛ yie.”
17 Na ɛbaa sɛ owia kɔtɔe, na sum durui no, Abram huu ogyaframa bi sɛ ɛrefi wusiw ne ogyatɛn a ɛredɛw bɛfaa mmoa a wɔakum wɔn no afunu afaafa no ntam.
Na ɛbaa sɛ owia kɔtɔeɛ, na esum duruiɛ no, Abram hunuu egyakukuo bi sɛ ɛrefiri wisie ne ogyatɛn a ɛrederɛ bɛfaa mmoa a wɔakum wɔn no afunu afaafa no ntam.
18 Saa da no ara, Awurade ne Abram yɛɛ apam, kae se, “Mede saa asase a efi Misraim asubɔnten no ho, de kosi asubɔnten kɛse Eufrate ho bɛma wo ne wʼasefo.
Saa ɛda no ara, Awurade ne Abram yɛɛ apam, kaa sɛ, “Mede saa asase a ɛfiri Misraim asubɔnten no ho, de kɔsi asubɔnten kɛseɛ Eufrate ho bɛma wo ne wʼasefoɔ.
19 Saa ara nso na mede Kenifo, Kenesifo, Kadmonifo,
Saa ara nso na mede Kenifoɔ, Kenesifoɔ, Kadmonifoɔ,
20 Hetifo, Perisifo, Refaimfo,
Hetifoɔ, Perisifoɔ, Refaimfoɔ,
21 Amorifo, Kanaanfo, Girgasifo ne Yebusifo nsase nyinaa bɛma wo ne wʼasefo no.”
Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Girgasifoɔ ne Yebusifoɔ nsase nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ no.”