< 1 Mose 14 >
1 Na ɛbaa sɛ Babiloniahene Amrafel, Elasarhene Ariok, Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal bere so,
In those days Amraphel king of Shinar, Arioch king of Ellasar, Chedorlaomer king of Elam, and Tidal king of Goiim
2 na saa ahemfo yi ne Sodomhene Birsa, Gomorahene Birsa, Admahene Sinab, Seboimhene Semeber ne Belahene a na wɔfrɛ no Soar no dii ako.
went to war against Bera king of Sodom, Birsha king of Gomorrah, Shinab king of Admah, Shemeber king of Zeboiim, and the king of Bela (that is, Zoar).
3 Saa ahemfo yi a wɔyɛ Sodomhene, Gomorahene, Admahene, Seboimhene ne Belahene boaboaa wɔn asraafo ano wɔ Sidim subon a ɛno ne Nkyene Po no mu.
The latter five came as allies to the Valley of Siddim (that is, the Salt Sea ).
4 Wɔsom Kedorlaomer mfe dumien, na afe a ɛto so dumiɛnsa mu no, wɔtew atua.
For twelve years they had been subject to Chedorlaomer, but in the thirteenth year they rebelled.
5 Afe akyi no, Kedorlaomer ne ahemfo a wɔbɛkaa ne ho no tuu ɔsa. Na wɔko dii saa nnipa yi so nkonim: Refaimfo, a wɔwɔ Asterot-Karnaim ne Susifo a wɔwɔ Ham ne Emifo a wɔwɔ Kiriataim
In the fourteenth year, Chedorlaomer and the kings allied with him went out and defeated the Rephaites in Ashteroth-karnaim, the Zuzites in Ham, the Emites in Shaveh-kiriathaim,
6 ne Horifo a wɔwɔ bepɔw Seir so de kosi El-Paran a ɛda sare ano no.
and the Horites in the area of Mount Seir, as far as El-paran, which is near the desert.
7 Afei, wɔsan wɔn akyi baa En-Mispat a akyiri no, wɔfrɛɛ no Kades bekunkum Amalekfo ne Amorifo nso a na wɔte Hasason-Tamar, sɛee wɔn man no nyinaa.
Then they turned back to invade En-mishpat (that is, Kadesh), and they conquered the whole territory of the Amalekites, as well as the Amorites who lived in Hazazon-tamar.
8 Afei, saa ahemfo baanum yi a wɔne Sodomhene, Gomorahene, Admahene, Seboimhene ne Belahene a wɔfrɛ no Soar no kɔɔ
Then the king of Sodom, the king of Gomorrah, the king of Admah, the king of Zeboiim, and the king of Bela (that is, Zoar) marched out and arrayed themselves for battle in the Valley of Siddim
9 saa ahemfo baanan yi a wɔne Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal, Sinearhene Amrafel ne Elasarhene Ariok nkyɛn. Wokohyiaa wɔ Sidim subon mu.
against Chedorlaomer king of Elam, Tidal king of Goiim, Amraphel king of Shinar, and Arioch king of Ellasar—four kings against five.
10 Na nkomoa pii wɔ Sidim Bon no mu a wɔatu ama wɔ hɔ pɛn. Enti ɛbaa sɛ Sodomhene ne Gomorahene asraafo no reguan no, wɔn mu bi kɔtotɔɔ nkomoa no mu, na nkae no nso guan kɔɔ mmepɔw a na ɛwɔ hɔ no so.
Now the Valley of Siddim was full of tar pits, and as the kings of Sodom and Gomorrah fled, some men fell into the pits, but the survivors fled to the hill country.
11 Ahemfo baanan a wodii nkonim no fom Sodom ne Gomorafo ahode ne wɔn nnuan nyinaa de kɔe.
The four kings seized all the goods of Sodom and Gomorrah and all their food, and they went on their way.
12 Esiane sɛ na Abram nuabarima ba Lot te Sodom asase so no nti, nkonimdifo no faa ɔno ne nʼagyapade nyinaa kɔe.
They also carried off Abram’s nephew Lot and his possessions, since Lot was living in Sodom.
13 Na Sodom ne Gomora aguanfo no mu baako bɛbɔɔ Hebrini Abram ɔko no mu amanneɛ. Saa bere no, na Abram abɔ ne ho atenase wɔ odum kwae bi a ɛyɛ Amorini Mamrɛ de no ase. Mamrɛ yi nso, na ne nuanom ne Eskol ne Aner a na wɔyɛ Abram aboafo no.
Then an escapee came and reported this to Abram the Hebrew. Now Abram was living near the Oaks of Mamre the Amorite, a brother of Eshcol and Aner, all of whom were bound by treaty to Abram.
14 Bere a Abram tee sɛ wɔafa ne busuani Lot dommum no, ɔboaboaa ne fifo nnipa ahaasa ne dunwɔtwe a wɔatetew wɔn sɛ akofo ano, maa wotiw atamfo no, kosii kurow bi a wɔfrɛ no Dan mu.
And when Abram heard that his relative had been captured, he mobilized the 318 trained men born in his household, and they set out in pursuit as far as Dan.
15 Da no anadwo, Abram kyekyɛɛ nʼakofo no mu ma wɔtow hyɛɛ atamfo no so, kunkum wɔn, taa wɔn koduu kurow bi a wɔfrɛ no Hoba a ɛwɔ Damasko atifi fam no mu.
During the night, Abram divided his forces and routed Chedorlaomer’s army, pursuing them as far as Hobah, north of Damascus.
16 Abram gyee ɔko mu nneɛma a wɔfaa no nyinaa faa ne busuani Lot ne nʼagyapade ne mmea ne nnipa foforo a wɔkyekyeree wɔn no nyinaa san bae.
He retrieved all the goods, as well as his relative Lot and his possessions, together with the women and the rest of the people.
17 Abram kodii Kedorlaomer ne ahemfo a na wɔka ne ho no so nkonim akyi no, Sodomhene behyiaa no wɔ Sawe bon a ɛno ara na wɔfrɛ no Ɔhene Bon no mu.
After Abram returned from defeating Chedorlaomer and the kings allied with him, the king of Sodom went out to meet him in the Valley of Shaveh (that is, the King’s Valley).
18 Na Salemhene Melkisedek a na ɔyɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfo no de brodo ne nsa brɛɛ no,
Then Melchizedek king of Salem brought out bread and wine—since he was priest of God Most High —
19 behyiraa Abram se: “Ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase, Nhyira nka wo, Abram.
and he blessed Abram and said: “Blessed be Abram by God Most High, Creator of heaven and earth,
20 Na nhyira nka Ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔde wʼatamfo ahyɛ wo nsam no.” Na Abram maa Melkisedek nneɛma a ne nsa kae no nyinaa mu biara nkyekyɛmu du mu baako.
and blessed be God Most High, who has delivered your enemies into your hand.” Then Abram gave Melchizedek a tenth of everything.
21 Sodomhene no ka kyerɛɛ Abram se, “Fa me nnipa a wofaa wɔn no ma me na wo nso, fa nneɛma a aka no nyinaa.”
The king of Sodom said to Abram, “Give me the people, but take the goods for yourself.”
22 Nanso Abram ka kyerɛɛ Sodomhene no se, “Madi nsew aka ntam akyerɛ AWURADE, Ɔsorosoro Nyankopɔn, ɔsoro ne asase yɛfo se,
But Abram replied to the king of Sodom, “I have raised my hand to the LORD God Most High, Creator of heaven and earth,
23 Merennye biribiara, sɛ ɛyɛ asaawa hama baako anaa mpaboa so hama mpo, mfi wo nkyɛn, na woanka da sɛ, ‘Me na memaa Abram nyaa ne ho.’
that I will not accept even a thread, or a strap of a sandal, or anything that belongs to you, lest you should say, ‘I have made Abram rich.’
24 Merennye hwee mfi wo nkyɛn, gye nea me mmarima yi adi nko. Me nkurɔfo Aner, Eskol ne Mamrɛ de, ma wɔn wɔn kyɛfa.”
I will accept nothing but what my men have eaten and the share for the men who went with me—Aner, Eshcol, and Mamre. They may take their portion.”