< 1 Mose 11 >
1 Bere bi, na nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ka kasa koro.
Ɛberɛ bi, na nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ka kasa korɔ.
2 Saa nnipa yi tu baa apuei fam no, wɔbɛtoo asase tamaa wɔ Babilonia asase so, na wɔtenaa hɔ.
Saa nnipa yi tu baa apueeɛ fam no, wɔbɛtoo asase tamaa wɔ Babilonia asase so, na wɔtenaa hɔ.
3 Wosisee wɔn ho wɔn ho se, “Momma yentwa ntayaa na yɛnto mma ɛmmen yiye.” Na wɔde ntayaa ne ama na esi adan.
Wɔdwennwenee ho sɛ, “Momma yɛntwa ntayaa na yɛnto mma ɛmmen yie.” Wɔde ntayaa no sii aboɔ anan na wɔde ama hyehyɛɛ ntam.
4 Na wɔkae bio se, “Momma yɛnkyekye kurow kɛse, na yensi abantenten a ne sorɔnsorɔmmea du ɔsorosoro wɔ kurow no mu, na yennye din, na yɛanhwete wɔ asase so.”
Afei, wɔdwennwenee ho bio sɛ, “Momma yɛnkyekyere kuro kɛseɛ, na yɛnsi abantenten a ne sorɔnsorɔmmea duru sorosoro wɔ kuro no mu, na yɛnnye edin, na yɛanhwete wɔ asase so.”
5 Awurade sian fii ɔsoro baa fam, behuu kurow kɛse a wɔrekyekyere no ne abantenten a wɔresi no.
Awurade siane firii soro baa fam, bɛhunuu kuro kɛseɛ a wɔrekyekyere no ne abantenten a wɔresi no.
6 Awurade kae se, “Sɛ nnipa koro a wɔka kasa baako afi ase redi saa dwuma yi a, ɛno de biribiara a wɔbɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ no renyɛ wɔn den.
Afei, Awurade kaa sɛ, “Sɛ nnipa korɔ a wɔka kasa baako afiti aseɛ redi saa dwuma yi a, ɛnneɛ biribiara a wɔbɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ no renyɛ wɔn den.
7 Mommra na yɛnkɔ asase so, na yɛnkɔtoto wɔn kasa, na obiara nnya ne kasa, sɛnea obiara nte ne yɔnko kasa.”
Mommra na yɛnkɔ asase so, na yɛnkɔtoto wɔn kasa, na obiara nya ne kasa, sɛdeɛ obiara nte ne yɔnko kasa.”
8 Ɛnam eyi so maa Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu ma wɔpetee asase so nyinaa, maa wogyaee kurow kɛse no kyekyere.
Ɛnam yei so maa Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu, ma wɔpetee asase so nyinaa, ma wɔgyaee kuro kɛseɛ no kyekyere.
9 Ɛno nti na wɔfrɛɛ kurow kɛse no Babel, efisɛ, ɛhɔ na Awurade totoo kasa baako a na wɔka wɔ wiase nyinaa saa bere no, maa wɔn kasa ahorow. Efi hɔ na Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu ma wɔpetee asase so nyinaa.
Ɛno enti na wɔfrɛɛ kuro kɛseɛ no Babel, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na Awurade totoo kasa baako a na wɔka wɔ ewiase nyinaa saa ɛberɛ no, maa wɔn kasa hodoɔ. Ɛfiri hɔ na Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu, ma wɔpetee asase so nyinaa.
10 Eyi ne Sem asefo ho asɛm. Nsuyiri no akyi, mfe abien no a na Sem adi mfe ɔha no, ɔwoo Arfaksad.
Yei ne Sem asefoɔ ho asɛm. Nsuyire no akyiri, mfeɛ mmienu no a na Sem adi mfeɛ ɔha no, ɔwoo Arfaksad.
11 Sem woo Arfaksad akyi no ɔtenaa ase mfe ahannum, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
Sem woo Arfaksad akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha enum, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.
12 Arfaksad nso dii mfe aduasa anum no, ɔwoo Sela.
Arfaksad nso dii mfeɛ aduasa enum no, ɔwoo Sela.
13 Arfaksad woo Sela akyi no ɔtenaa ase mfe ahannan ne abiɛsa, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
Arfaksad woo Sela no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanan ne mmiɛnsa, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.
14 Sela dii mfe aduasa no, ɔwoo Eber.
Sela dii mfeɛ aduasa no, ɔwoo Eber.
15 Sela woo Eber akyi no ɔtenaa ase mfe ahannan ne abiɛsa, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
Sela woo Eber no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanan ne mmiɛnsa, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.
16 Eber dii mfe aduasa anan no, ɔwoo Peleg.
Eber dii mfeɛ aduasa ɛnan no, ɔwoo Peleg.
17 Eber woo Peleg akyi no ɔtenaa ase mfe ahannan ne aduasa, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
Eber woo Peleg no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanan ne aduasa, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.
18 Peleg dii mfe aduasa no, ɔwoo Reu.
Peleg dii mfeɛ aduasa no, ɔwoo Reu.
19 Peleg woo Reu akyi no ɔtenaa ase mfe ahannu ne akron, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
Peleg woo Reu no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanu ne nkron, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.
20 Reu dii mfe aduasa abien no, ɔwoo Serug.
Reu dii mfeɛ aduasa mmienu no, ɔwoo Serug.
21 Reu woo Serug akyi no ɔtenaa ase mfe ahannu ne ason, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
Reu woo Serug no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanu ne nson, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.
22 Serug dii mfe aduasa no, ɔwoo Nahor.
Serug dii mfeɛ aduasa no, ɔwoo Nahor.
23 Serug woo Nahor akyi no ɔtenaa ase mfe ahannu wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
Serug woo Nahor no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanu wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.
24 Nahor dii mfe aduonu akron no, ɔwoo Tera.
Nahor dii mfeɛ aduonu nkron no, ɔwoo Tera.
25 Nahor woo Tera akyi no ɔtenaa ase mfe ɔha ne dunkron, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
Nahor woo Tera no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ɔha ne dunkron, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.
26 Tera dii mfe aduɔson no, ɔwoo Abram, Nahor ne Haran.
Tera dii mfeɛ aduɔson no, ɔwoo Abram, Nahor ne Haran.
27 Eyi ne Tera asefo ho asɛm. Tera woo Abram, Nahor ne Haran. Na Haran woo Lot.
Yei ne Tera asefoɔ ho asɛm. Tera woo Abram, Nahor ne Haran. Na Haran woo Lot.
28 Bere a Haran agya Tera te ase no, Haran wuu wɔ faako a wɔwoo no a wɔfrɛ hɔ Ur, a ɛwɔ Kaldea asase so no.
Ɛberɛ a Haran agya Tera te ase no, Haran wuu baabi a wɔwoo no a wɔfrɛ hɔ Ur a, ɛwɔ Kaldea asase so no.
29 Abram ne Nahor warewaree. Na Abram yere din de Sarai, na Nahor nso yere din de Milka a na ɔyɛ Haran babea. Saa Haran yi na ɔwoo Milka ne Iska.
Abram ne Nahor warewareeɛ. Na Abram yere din de Sarai, na Nahor nso yere din de Milka a, na ɔyɛ Haran babaa. Saa Haran yi na ɔwowoo Milka ne Iska.
30 Na Sarai yɛ obonin; na onni ba.
Na Sarai yɛ obonini; na ɔnni ba.
31 Tera faa ne babarima Abram ne ne nena Lot, a ɔyɛ Haran babarima ne nʼasebea Sarai, a na ɔyɛ ne babarima Abram yere no, ne wɔn nyinaa sii mu fii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na woduu Haran no, wɔtenaa hɔ.
Tera faa ne babarima Abram ne ne nana Lot, a ɔyɛ Haran babarima ne nʼase baa Sarai, a na ɔyɛ ne babarima Abram yere no, ne wɔn nyinaa siim firii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so sɛ, wɔrekɔ Kanaan asase so. Na wɔduruu Haran no, wɔtenaa hɔ.
32 Tera dii mfe ahannu ne anum, na owui wɔ Haran.
Tera dii mfeɛ ahanu ne enum, na ɔwuu wɔ Haran.