< 1 Mose 10 >

1 Eyinom ne Noa mmabarima: Wɔne Sem, Ham ne Yafet asefo. Wɔwowoo mmabarima nsuyiri no akyi.
ノアの子セム、ハム、ヤペテの傳は是なり洪水の後彼等に子等生れたり
2 Yafet asefo ni: Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.
ヤペテの子はゴメル、マゴグ、マデア、ヤワン、トバル、メセク、テラスなり
3 Gomer asefo ni: Askenas, Rifat ne Togarma.
ゴメルの子はアシケナズ、リパテ、トガルマなり
4 Yawan asefo ni: Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.
ヤワンの子はエリシヤ、タルシシ、キツテムおよびドダニムなり
5 Na wɔn asefo bɛyɛɛ po so adwumayɛfo wɔ nsase ahorow so a na abusuakuw biara ka ne kasa nko.
是等より諸國の洲島の民は派分れ出て各其方言と其宗族と其邦國とに循ひて其地に住り
6 Ham asefo ni: Kus, Misraim, Put ne Kanaan.
ハムの子はクシ、ミツライム、フテおよびカナンなり
7 Kus asefo ni: Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefo nso ne: Saba ne Dedan.
クシの子はセバ、ハビラ、サブタ、ラアマ、サブテカなりラアマの子はシバおよびデダンなり
8 Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofo kɛse wɔ asase so.
クシ、ニムロデを生り彼始めて世の權力ある者となれり
9 Na ɔyɛ ɔbɔmmɔfo kɛse a Awurade ahyira no, na wɔbɔ ne din ka asɛm. Na obiara a ɔyɛ akokodurusɛm no, wɔde no toto Nimrod a na ɔyɛ ɔbɔmmɔfo kɛse a Awurade ahyira no no ho.
彼はヱホバの前にありて權力ある獵夫なりき是故にヱホバの前にある夫權力ある獵夫ニムロデの如しといふ諺あり
10 Nʼahenni fii ase wɔ Babilonia, Erek, Akad ne Kalne a ne nyinaa wɔ Sinear asase so.
彼の國の起初はシナルの地のバベル、エレク、アツカデ、及びカルネなりき
11 Ofii saa asase no so trɛw nʼahenni mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne
其地より彼アツスリヤに出でニネベ、レホポテイリ、カラ
12 Resen a ɛda Ninewe ne Kala ntam; ɛno na ɛyɛ kurow kɛse wɔ saa ahemman no mu.
およびニネベとカラの間なるレセンを建たり是は大なる城邑なり
13 Na Misraim woo Ludfo, Anamfo, Lehabfo, Naftuhfo,
ミツライム、ルデ族アナミ族レハビ族ナフト族
14 Patrusfo, Kasluhfo ne Kaftorfo a wɔn ase na Filistifo fi.
バテロス族カスル族およびカフトリ族を生りカスル族よりペリシテ族出たり
15 Na Kanaan woo nʼabakan Sidon ne Het.
カナン其冢子シドンおよびヘテ
16 Yebusifo, Amorifo, Girgasifo,
エブス族アモリ族ギルガシ族
17 Hewifo, Arkifo, Sinifo,
ヒビ族アルキ族セニ族
18 Arwadfo, Semarifo ne Hematifo. Akyiri no, Kanaanfo mmusua no petee.
アルワデ族ゼマリ族ハマテ族を生り後に至りてカナン人の宗族蔓延りぬ
19 Kanaan nsase ahye trɛw fii Sidon koduu Gerar de kosii Gasa koduu Sodom ne Gomora, Adma, Seboim de kosi Lasa.
カナン人の境はシドンよりゲラルを經てガザに至りソドム、ゴモラ、アデマ、ゼボイムに沿てレシヤにまで及べり
20 Eyinom ne Ham asefo a wɔn mmusuakuw, wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn aman da wɔn adi.
是等はハムの子孫にして其宗族と其方言と其土地と其邦國に隨ひて居りぬ
21 Sem a na ne nua panyin ne Yafet no nso woo mmabarima. Sem nananom ne Eber mma.
セムはヱベルの全の子孫の先祖にしてヤペテの兄なり彼にも子女生れたり
22 Sem asefo ni: Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.
セムの子はエラム、アシユル、アルパクサデルデ、アラムなり
23 Aram asefo ni: Us, Hul, Geter ne Mas.
アラムの子はウヅ、ホル、ゲテル、マシなり
24 Na Arfaksad woo Sela, na Sela woo Eber.
アルパクサデ、シラを生みシラ、エベルを生り
25 Eber woo mmabarima baanu. Wɔtoo ɔbaako din Peleg a ase kyerɛ Nkyekyɛmu, efisɛ nʼawobere mu na kasa ahorow nti, nnipa a wɔwɔ asase so mu kyekyɛe ma wɔhwetee. Na wɔtoo ne nua a ɔka ne ho no din Yoktan.
エベルに二人の子生れたり一人の名をペレグ(分れ)といふ其は彼の代に邦國分れたればなり其弟の名をヨクタンと曰ふ
26 Yoktan woo Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera,
ヨクタン、アルモダデ、シヤレフ、ハザルマウテ、ヱラ
27 Hadoram, Usal, Dikla,
ハドラム、ウザル、デクラ
28 Obal, Abimael, Seba,
オバル、アビマエル、シバ
29 Ofir, Hawila ne Yobab.
オフル、ハビラおよびヨバブを生り是等は皆ヨクタンの子なり
30 Asase a wɔte so no trɛw fi Mesa kosi Sefar, ɔmantam a ɛda bepɔw so wɔ apuei fam no.
彼等の居住所はメシヤよりして東方の山セバルにまで至れり
31 Eyinom ne Sem mmabarima, sɛnea wɔn mmusua ne wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn amanaman te no.
是等はセムの子孫にして其宗族と其方言と其土地と其邦國とに隨ひて居りぬ
32 Eyinom ne Noa mmabarima mmusua, sɛnea wɔn awo ntoatoaso te wɔ wɔn amanaman mu. Na efi eyinom mu na nsuyiri no akyi no amanaman petee asase so.
是等はノアの子の宗族にして其血統と其邦國に隨ひて居りぬ洪水の後是等より地の邦國の民は派分れ出たり

< 1 Mose 10 >