< Galatifo 6 >
1 Anuanom, sɛ obi kɔtɔ bɔne mu a, ɛsɛ sɛ mo a moyɛ honhom mufo no fa odwo kwan so teɛ no. Nanso monhwɛ yiye na mo nso wɔansɔ mo anhwɛ.
Fratres, etsi præoccupatus fuerit homo in aliquo delicto, vos, qui spirituales estis, hujusmodi instruite in spiritu lenitatis, considerans teipsum, ne et tu tenteris.
2 Monsoa mo ho mo ho nnesoa. Sɛ moyɛ saa a, na mudi Kristo mmara no so.
Alter alterius onera portate, et sic adimplebitis legem Christi.
3 Sɛ obi dwene sɛ ɔyɛ otitiriw nanso ɔnsɛ hwee a, na ɔdaadaa ne ho.
Nam si quis existimat se aliquid esse, cum nihil sit, ipse se seducit.
4 Yɛ wʼadwuma yiye na woanya biribi agyina so de ahoahoa wo ho. Na mfa wo ho ntoto afoforo ho;
Opus autem suum probet unusquisque, et sic in semetipso tantum gloriam habebit, et non in altero.
5 efisɛ ɛsɛ sɛ obiara soa nʼadesoa.
Unusquisque enim onus suum portabit.
6 Wone nea ɔkyerɛkyerɛ wo Onyankopɔn asɛm no nkyɛ ade pa biara a wowɔ.
Communicet autem is qui catechizatur verbo, ei qui se catechizat, in omnibus bonis.
7 Monnnaadaa mo ho; obiara rentumi nsi Onyankopɔn atwetwe. Nea onipa dua no, ɛno ara na otwa.
Nolite errare: Deus non irridetur. Quæ enim seminaverit homo, hæc et metet.
8 Sɛ mudi mo akɔnnɔ bɔne akyi a mobɛkɔ ɔsɛe mu, nanso sɛ monantew Honhom mu a, mubenya daa nkwa. (aiōnios )
Quoniam qui seminat in carne sua, de carne et metet corruptionem: qui autem seminat in spiritu, de spiritu metet vitam æternam. (aiōnios )
9 Ne saa nti, mommma yɛmmmrɛ papayɛ ho, efisɛ bere a ɛsɛ mu no, sɛ yɛampa abaw a yebetwa nnɔbae no.
Bonum autem facientes, non deficiamus: tempore enim suo metemus non deficientes.
10 Enti mmere dodow a yɛwɔ akwannya no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ obiara papa, ne titiriw no, wɔn a yɛne wɔn bɔ gyidifo abusua.
Ergo dum tempus habemus, operemur bonum ad omnes, maxime autem ad domesticos fidei.
11 Monhwɛ nkyerɛw akɛse a mede mʼankasa me nsa akyerɛw abrɛ mo.
Videte qualibus litteris scripsi vobis mea manu.
12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhoahoa wɔn ho no ara na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ mo ma mutwitwa twetia. Nea enti a wɔyɛ eyi ne sɛ, wɔmpɛ sɛ Kristo asennua no nti wɔtaa wɔn.
Quicumque enim volunt placere in carne, hi cogunt vos circumcidi, tantum ut crucis Christi persecutionem non patiantur.
13 Wɔn a wotwa twetia no mpo nni mmara no so. Pɛ ara na wɔpɛ sɛ wotwa mo twetia sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de mo ahoahoa wɔn ho sɛ wɔn akyidifo.
Neque enim qui circumciduntur, legem custodiunt: sed volunt vos circumcidi, ut in carne vestra glorientur.
14 Nanso me de, Awurade Yesu Kristo asennua no nko ara na mede bɛhoahoa me ho; nʼasennua no nti, nea mede hoahoa me ho wɔ wiase no awu, na saa ara na nea wiase de hoahoa ne ho wɔ me mu no nso awu.
Mihi autem absit gloriari, nisi in cruce Domini nostri Jesu Christi: per quem mihi mundus crucifixus est, et ego mundo.
15 Sɛ obi atwa twetia anaa ontwaa twetia no nka hwee. Nea ɛho hia ne abɔde foforo.
In Christo enim Jesu neque circumcisio aliquid valet, neque præputium, sed nova creatura.
16 Onyankopɔn adɔe ne nʼasomdwoe nka wɔn a wodi saa nkyerɛkyerɛ yi so nyinaa; wɔne Onyankopɔn mu nnipa foforo.
Et quicumque hanc regulam secuti fuerint, pax super illos, et misericordia, et super Israël Dei.
17 Efi saa bere yi rekɔ, obiara nhaw mʼadwene bio, efisɛ mewɔ ɔhonam ani twã a ɛkyerɛ sɛ meyɛ Yesu de.
De cetero, nemo mihi molestus sit: ego enim stigmata Domini Jesu in corpore meo porto.
18 Me nuanom, Awurade Yesu Kristo adom no nka mo nyinaa. Amen.
Gratia Domini nostri Jesu Christi cum spiritu vestro, fratres. Amen.