< Galatifo 5 >

1 Ahofadi nti na Kristo ama yɛade yɛn ho no. Munnyina pintinn. Mommma ho kwan mma wɔmmfa mo nyɛ nkoa bio.
STAND fast therefore in the liberty with which Christ has made you free, and be not again held under a yoke of bondage.
2 Muntie! Me Paulo, meka kyerɛ mo se, sɛ moma ho kwan ma wotwa mo twetia a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo so amma mfaso biara amma mo koraa.
Behold, I Paul declare to you, that if ye be circumcised, Christ will be of no advantage to you.
3 Mebɔ mo kɔkɔ bio sɛ obiara a ɔbɛma ho kwan ama wɔatwa no twetia no, na ɛsɛ sɛ odi mmara no nyinaa so.
And again, I testify to every man who is circumcised, that he is under an obligation to keep the whole law.
4 Mo a mopɛ sɛ wɔde mmara no bu mo bem no atew mo ho afi Kristo ho. Adom no nni mo so bio.
Ye have vacated all expectations from Christ, as many of you as are justified by the law; ye are fallen from grace.
5 Nanso yefi gyidi mu nam Honhom no so twɛn trenee a yɛn ani da so no.
For we in spirit by faith expect the hope of righteousness.
6 Kristo Yesu mu no, twetiatwa ne momonotoyɛ so nni mfaso. Nea ɛho hia ne gyidi a ɛnam ɔdɔ so da ne ho adi.
For in Christ Jesus neither circumcision availeth any thing, nor uncircumcision, but faith exerting its energy by love.
7 Na anka moresi mmirikakan no yiye! Na hena na otwintwan mo anan mu ma mugyaee nokware no tie?
Ye were running well: who hath hindered you that ye should not obey the truth?
8 Saa nnaadaa no mfi nea ɔfrɛ mo no.
This persuasion cometh not from him who called you.
9 “Mmɔkaw kakraa bi na ɛma mmɔre no nyinaa tu.”
A little leaven leaveneth the whole mass.
10 Mewɔ anidaso wɔ Awurade mu sɛ morennwen adwene foforo bi. Onipa ko a ɔde sakasakayɛ reba mo mu no, wobetua ne so ka.
I have confidence in you through the Lord, that ye will be no otherwise minded: but he that troubleth you shall bear condign punishment whosoever he be.
11 Anuanom, sɛ migu so ka twetiatwa ho asɛm a, adɛn nti na wɔda so taa me? Na sɛ ɛno na ɛyɛ nokware a, anka mʼasɛm a meka fa Kristo asennua ho no renkɔfa ɔhaw mma. Ɛno de, na anka asennua no ho hintidua biara nni hɔ bio.
But I, brethren, if I yet preach circumcision, why am I still persecuted? then indeed the offence of the cross is at an end.
12 Sɛ ɛkaa me nko a anka wɔn a wɔhaw mo no atwa wɔn ho atwitwa wɔn ho wɔn ho.
I wish that they who trouble you were cut off from you.
13 Me nuanom, mo de, wɔfrɛɛ mo sɛ mommɛde mo ho. Nanso mommma saa ahofadi yi mmɔ ɔkwan mma bɔne; mmom momfa ɔdɔ nsom mo ho mo ho.
For ye have been called unto liberty, brethren; only use not that liberty as a pretext for carnality, but in love be subject one to another.
14 Efisɛ Mmara no nyinaa tiaatwa ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”
For the whole law is fulfilled in one word, even in this, Thou shalt love thy neighbour as thyself.
15 Na sɛ mokeka na momemene mo ho mo ho a, ɛno de monhwɛ yiye na moansɛe mo ho mo ho.
But if ye bite and devour one another, take heed that ye be not consumed by one another.
16 Na mise montena ase wɔ Honhom mu, na moremma ɔhonam akɔnnɔ ho kwan.
But I say, Walk in the Spirit, and ye will not fulfil the lust of the flesh.
17 Efisɛ nea ɔhonam pɛ no tia nea Honhom no pɛ; saa ara nso na nea Honhom no pɛ no, ɔhonam no tia. Nʼabien no bɔ abira, enti ɛnsɛ sɛ moyɛ nea mopɛ.
For the flesh hath appetites contrary to the Spirit, and the Spirit contrary to the flesh, and these act in opposition the one to the other: so that ye do not the things which ye would.
18 Sɛ monantew Honhom mu a, na monnhyɛ Mmara ase.
But if ye are under the conduct of the Spirit, ye are not under the law.
19 Dwuma a bɔne su di no da adi pefee. Eyinom ne aguamammɔ, efi, ahohwi,
Now the works of the flesh are evident, which are these: adultery, whoredom, impurity, lasciviousness,
20 abosonsom, aduto, ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, aperepere, kunsunkunsun, mpaapaemu,
idolatry, magical charms, enmities, strifes, jealousies, animosities, quarrels, divisions, heresies,
21 nitan, nsabow, agobɔne, ne nneɛma a ɛtete saa. Mebɔ mo kɔkɔ sɛnea mabɔ mo dedaw no se, wɔn a wɔtena ase saa no renkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu.
envyings, murders, drunkenness, revels, and the like of these, concerning which I tell you now, as I have told you already, that they who live in such practices shall not inherit the kingdom of God.
22 Na Honhom no aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi,
But the fruit of the Spirit is love, joy, peace, longsuffering, kindness, goodness, fidelity,
23 odwo ne ahohyɛso. Mmara biara nni hɔ a etia eyinom.
meekness, temperance; against such there is no law.
24 Na wɔn a wɔyɛ Kristo de no abɔ wɔn nipasu no ne honam akɔnnɔ asennua mu.
But they who are Christ’s have crucified the flesh with its passions and irregular appetites.
25 Sɛ yɛte Honhom mu yi, momma yɛnnantew Honhom mu.
If we live by the Spirit, let us also walk by the Spirit.
26 Ɛnsɛ sɛ yɛhoahoa yɛn ho, yiyi yɛn ho yɛn ho abufuw, anaa yɛma yɛn ani bere yɛn ho yɛn ho.
Let us not be vain-glorious, irritating one another, envying one another.

< Galatifo 5 >