< Galatifo 4 >
1 Asɛm a mereka ne sɛ, mpɛn dodow a ɔdedifo no yɛ abofra no, ɛwɔ mu sɛ agyapade no nyinaa hyɛ ne nsa de, nanso nsonoe biara nna ɔno ne akoa ntam.
NOW I affirm, that as long as the heir is an infant, he differeth nothing from a servant, though he be master of all;
2 Esiane sɛ onnyinii no nti, nnipa bi wɔ hɔ a wɔhwɛ toto nneɛma ma no kosi bere a nʼagya ahyɛ sɛ wɔnnan agyapade no mma no no.
but is under tutors and trustees until the time fixed by his father.
3 Saa ara na na yɛn nso yɛte. Na yɛte sɛ mmofra a wiase ahonhom dii yɛn so.
So we also, when we were infants, were in bondage under the first elementary principles of the world:
4 Nanso bere pa no dui no, Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔbea woo no wɔ Mmara ase
but when the fulness of time was come, God sent forth his Son born of a woman, born under the law,
5 sɛ ommegye wɔn a wɔhyɛ Mmara ase, sɛnea wɔbɛyɛ Onyankopɔn mma.
that he might redeem those who were under the law, that we might receive the adoption of sons.
6 Esiane sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn somaa ne Ba no Honhom baa yɛn koma mu, Honhom a ɛfrɛ “Agya, Agya.”
But because ye are sons, God hath sent forth the Spirit of his Son into your hearts, crying, Abba, Father!
7 Enti wonyɛ akoa bio, na mmom woyɛ ɔba. Esiane sɛ woyɛ ne ba nti, Onyankopɔn de nea ɔwɔ nyinaa bɛma ne mma.
Therefore thou art no more a slave, but a son, and if a son, an heir also of God through Christ.
8 Mmere bi a atwam no, na munnim Onyankopɔn, enti na moyɛ nkoa ma wɔn a wɔnyɛ anyame.
But at that time when ye knew not God, ye served those who by nature are not gods.
9 Nanso afei a moahu Onyankopɔn anaasɛ Onyankopɔn ahu mo yi, adɛn nti na mopɛ sɛ modan mo ho ma nkyerɛkyerɛ a aba nni mu no? Adɛn nti na mopɛ sɛ wɔde mo yɛ nkoa bio?
But now after having known God, or rather being known of God, how turn ye back again to those weak and beggarly elements, to which again a second time ye desire to be in bondage?
10 Mudi nna, asram, nnapɔnna ne mfe bi.
Ye observe days, and months, and times, and years.
11 Misuro sɛ ɔkwan bi so, masɛe mʼahoɔden wɔ mo ho.
I am afraid for you, lest haply I have bestowed on you labour in vain.
12 Mesrɛ mo, me nuanom, monyɛ sɛ me, efisɛ meyɛɛ sɛ mo. Monyɛɛ me bɔne biara.
Be as I am, for I also am as ye are, brethren―this is my request to you: ye have not injured me in the least.
13 Sɛnea munim no, bere a mebɛkaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mede ɔyare na ɛbae.
Ye know that with infirmity of flesh I preached to you the gospel at the first.
14 Ɛwɔ mu sɛ na me yare no haw mo de, nanso moampo me. Mmom, mugyee me sɛnea mubegye Onyankopɔn bɔfo; mugyee me sɛnea mubegye Kristo Yesu.
And my temptation, which was in my flesh, ye despised not, nor rejected with disgust; but as an angel of God ye received me, even as Christ Jesus himself.
15 Anigye a mowɔ no nyinaa afa he? Metumi aka se, sɛ mubetumi a anka mubetutu mo ani de ama me.
What then was your blessedness, for I bear witness to you that, if it were possible, ye would have plucked out your eyes, and given them to me.
16 Nokware a meka kyerɛ mo nti na afei mabɛyɛ mo tamfo yi?
Am I therefore become your enemy because I tell you the truth?
17 Saa nnipa no pɛ sɛ wɔtwe mo ba wɔn nkyɛn, nanso wonni adwene pa. Wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛtetew me ne mo ntam na ama mo ani aku wɔn ho.
They affect zeal for you, not honourably; but they wish to exclude us, that you may be zealously attached to them.
18 Eye sɛ mobɛyɛ nsi bere biara, bere a mewɔ mo nkyɛn ne bere a minni mo nkyɛn mpo.
It is good indeed to be zealously affected in a good cause always, and not only when I am present with you.
19 Me mma pa, mo a mo nti merehu awoyaw bio kosi sɛ Kristo bɛda ne ho adi wɔ mo mu no,
My little children of whom I travail in birth again, until Christ be formed in you,
20 mepɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn, na anka masakra ɔkwan a mefa so kasa, efisɛ me tirim ntew me wɔ mo ho.
I wish I could be with you now, and change my address; for I am in doubt about you.
21 Monka nkyerɛ me, mo a mopɛ sɛ mohyɛ mmara no ase no, munnim nea mmara no ka no ana?
Tell me, ye that desire to be under the law, do ye not hear the law?
22 Wɔakyerɛw se, na Abraham wɔ mma baanu. Ɔne afenaa bi woo ɔbaako na ɔne ɔbea bi a ɔde ne ho nso woo ɔbaako.
For it is written that Abraham had two sons, the one by a bondwoman, and the other by a free.
23 Wɔwoo afena ba no wɔ ɔhonam kwan so, na Onyankopɔn bɔhyɛ nti na ɔbea a ɔde ne ho no nso woo ne ba no.
Now the son of the bond-maid was born after the flesh, but that by the free woman was by promise.
24 Saa asɛm yi yɛ mfatoho efisɛ saa mmea baanu yi gyina hɔ ma apam abien. Apam baako fi bepɔw Sinai so, na egyina hɔ ma mma a wɔbɛyɛ nkoa: Ɔno ne Hagar.
Which things are allegorical; for these are the two covenants, the one from mount Sinai, gendering unto bondage, which is represented by Agar.
25 Hagar gyina hɔ ma bepɔw Sinai a ɛwɔ Arabia na ɛte sɛ kuropɔn Yerusalem, efisɛ ɔne ne mma wɔ nkoasom mu.
For this Agar is mount Sinai in Arabia, and corresponds with Jerusalem that now is, and is in bondage with her children.
26 Nanso Yerusalem a ɛwɔ ɔsoro no de, ɛde ne ho na ɔyɛ yɛn na.
But the Jerusalem above is free, which is the mother of us all.
27 Efisɛ wɔakyerɛw se, “Ao ɔbea a woyɛ obonin, di ahurusi, wo a wonwoo da; ma wo nne so na teɛ mu, wo a awo nkaa wo da, efisɛ ɔbea a wannya awo da no mma dɔɔso sen nea ɔwɔ kunu.”
For it is written, “Rejoice, thou barren who bearest not, cry out and shout for joy, thou that travailest not, for more are the children of her that was desolate, than of her which had an husband.”
28 Me nuanom mmea ne mmarima, bɔhyɛ no nti na wɔwoo mo sɛnea wɔwoo Isak no.
So we, brethren, as Isaac, are the children of the promise.
29 Saa bere no na ɔba a wɔnam honam kwan so woo no no taa nea wɔnam Honhom no tumi mu woo no no. Na nnɛ yi nso ɛte saa.
But as then he that was born after the flesh persecuted him that was born after the Spirit, even so is it now.
30 Na Kyerɛwsɛm no ka dɛn? “Pam afenaa no ne ne babarima yi fi ha; efisɛ afenaa babarima no ne ɔdehye no renkyɛ agyapade no.”
But what saith the scripture? “Cast out the bond-woman and her son for the son of the bond-maid shall in no wise inherit with the son of the free woman.”
31 Enti anuanom, yɛnyɛ afenaa no mma, na mmom yɛyɛ ɔbea a ɔde ne ho no mma.
So then, brethren, we are not the children of the bondwoman, but of the free.