< Galatifo 3 >
1 Mo Galatifo adwenharefo! Hena na ɔdan mo adwene saa? Mo ara mo anim na wɔkyerɛɛ mu pefee sɛ wɔbɔɔ Yesu Kristo asennua mu.
Ὦ ἀνόητοι Γαλάται, τίς ὑμᾶς ἐβάσκανε τῇ ἀληθείᾳ μὴ πείθεσθαι, οἷς κατ᾽ ὀφθαλμοὺς Ἰησοῦς Χριστὸς προεγράφη ἐν ὑμῖν ἐσταυρωμένος;
2 Mummua me saa asɛm yi: Moyɛɛ nea Mmara no hwehwɛ sɛ monyɛ ansa na Onyankopɔn Honhom no reba mo so ana? Anaasɛ mutiee Asɛmpa no gye dii ansa?
Τοῦτο μόνον θέλω μαθεῖν ἀφ᾽ ὑμῶν, ἐξ ἔργων νόμου τὸ πνεῦμα ἐλάβετε, ἢ ἐξ ἀκοῆς πίστεως;
3 Saa na mo adwene mu yɛ hare nen? Mode Onyankopɔn Honhom fii ase; afei mopɛ sɛ mode mo ara mo tumi wie?
Οὕτως ἀνόητοί ἐστε; Ἐναρξάμενοι πνεύματι, νῦν σαρκὶ ἐπιτελεῖσθε;
4 Mo osuahu yi nyinaa so amma mfaso biara? Minnye nni saa.
Τοσαῦτα ἐπάθετε εἰκῇ; Εἴγε καὶ εἰκῇ.
5 Onyankopɔn nam mmara no so na ɔde ne Honhom no maa mo ana? Anaasɛ ɔnam mmara no so na ɔyɛɛ anwonwade wɔ mo mu ana? Ɛnyɛ asɛm no gye a mugye dii nti?
Ὁ οὖν ἐπιχορηγῶν ὑμῖν τὸ πνεῦμα καὶ ἐνεργῶν δυνάμεις ἐν ὑμῖν, ἐξ ἔργων νόμου, ἢ ἐξ ἀκοῆς πίστεως;
6 Kyerɛwsɛm no kaa Abraham ho asɛm se, “Ogyee Onyankopɔn dii na esiane ne gyidi nti, Onyankopɔn gyee no sɛ onipa trenee.”
Καθὼς Ἀβραὰμ ἐπίστευσε τῷ Θεῷ, καὶ ἐλογίσθη αὐτῷ εἰς δικαιοσύνην.
7 Enti ɛsɛ sɛ mote ase sɛ nnipa a wɔwɔ gyidi no na wɔyɛ Abraham asefo turodoo.
Γινώσκετε ἄρα ὅτι οἱ ἐκ πίστεως, οὗτοί εἰσιν υἱοὶ Ἀβραάμ.
8 Kyerɛwsɛm no dii kan huu sɛ Onyankopɔn nam gyidi so bebu amanamanmufo no bem. Eyi nti Kyerɛwsɛm no dii kan kaa Asɛmpa no kyerɛɛ Abraham se, “Ɛnam wo so na Onyankopɔn behyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.”
Προϊδοῦσα δὲ ἡ γραφὴ ὅτι ἐκ πίστεως δικαιοῖ τὰ ἔθνη ὁ Θεός, προευηγγελίσατο τῷ Ἀβραὰμ ὅτι Ἐνευλογηθήσονται ἐν σοὶ πάντα τὰ ἔθνη.
9 Abraham gye dii ma wohyiraa no, na wɔn a wogye di nyinaa nso, wɔahyira wɔn sɛnea wohyiraa no no.
Ὥστε οἱ ἐκ πίστεως εὐλογοῦνται σὺν τῷ πιστῷ Ἀβραάμ.
10 Wɔadome obiara a ɔde ne ho bɛto ne nnwuma a efi mmara no mu so. Efisɛ wɔakyerɛw sɛ, “Wɔadome obiara a wankɔ so anni nea wɔakyerɛw wɔ Mmara Nhoma mu no nyinaa so.”
Ὅσοι γὰρ ἐξ ἔργων νόμου εἰσίν, ὑπὸ κατάραν εἰσί· γέγραπται γάρ, Ἐπικατάρατος πᾶς ὃς οὐκ ἐμμένει ἐν πᾶσι τοῖς γεγραμμένοις ἐν τῷ βιβλίῳ τοῦ νόμου, τοῦ ποιῆσαι αὐτά.
11 Afei akyinnye biara nni ho sɛ obiara rentumi mfa mmara no sodi nsɔ Onyankopɔn ani. Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛnam gyidi so na ɔtreneeni benya nkwa.”
Ὅτι δὲ ἐν νόμῳ οὐδεὶς δικαιοῦται παρὰ τῷ Θεῷ, δῆλον· ὅτι Ὁ δίκαιος ἐκ πίστεως ζήσεται·
12 Mmara no nnyinaso nyɛ gyidi; efisɛ wɔakyerɛw se nea odi mmara no so benya nkwa.
ὁ δὲ νόμος οὐκ ἔστιν ἐκ πίστεως, ἀλλ᾽ Ὁ ποιήσας αὐτὰ ἄνθρωπος ζήσεται ἐν αὐτοῖς.
13 Ɛno nti na Kristo agye yɛn afi nnome a Mmara no de brɛɛ yɛn no mu. Wayɛ nnome ama yɛn sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a wɔbɛsɛn no wɔ dua so no hyɛ Onyankopɔn nnome ase.”
Χριστὸς ἡμᾶς ἐξηγόρασεν ἐκ τῆς κατάρας τοῦ νόμου, γενόμενος ὑπὲρ ἡμῶν κατάρα· γέγραπται γάρ, Ἐπικατάρατος πᾶς ὁ κρεμάμενος ἐπὶ ξύλου·
14 Kristo gyee yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a nhyira a wohyiraa Abraham no nam Kristo so bɛba amanamanmufo so, na yɛnam gyidi so anya Honhom a wɔhyɛɛ yɛn ho bɔ no.
ἵνα εἰς τὰ ἔθνη ἡ εὐλογία τοῦ Ἀβραὰμ γένηται ἐν Χριστῷ Ἰησοῦ, ἵνα τὴν ἐπαγγελίαν τοῦ πνεύματος λάβωμεν διὰ τῆς πίστεως.
15 Anuanom, mede yɛn asetena mu asɛm bi bɛyɛ nhwɛso: Sɛ nnipa baanu bi pene asɛm bi so na wɔyɛ ho apam a, obiara rentumi mmu apam no so na wɔrentumi mfa biribi nka ho.
Ἀδελφοί, κατὰ ἄνθρωπον λέγω· ὅμως ἀνθρώπου κεκυρωμένην διαθήκην οὐδεὶς ἀθετεῖ ἢ ἐπιδιατάσσεται.
16 Onyankopɔn hyɛɛ Abraham ne nʼaseni bɔ. Kyerɛwsɛm no nka se, “Wo ne wʼasefo” a ɛkyerɛ nnipa bebree. Ɛka se, “Wo ne wʼaseni” a ɛkyerɛ sɛ onipa baako a ɔno ne Kristo no.
Τῷ δὲ Ἀβραὰμ ἐρρήθησαν αἱ ἐπαγγελίαι, καὶ τῷ σπέρματι αὐτοῦ. Οὐ λέγει, Καὶ τοῖς σπέρμασιν, ὡς ἐπὶ πολλῶν, ἀλλ᾽ ὡς ἐφ᾽ ἑνός, Καὶ τῷ σπέρματί σου, ὅς ἐστι Χριστός.
17 Mekyerɛ sɛ: Onyankopɔn yɛɛ apam na ɔhyɛɛ bɔ se obedi so. Mmara no a ɛbaa akyiri no ntumi nsesa anaa ɛrentumi ntwa bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ mfirihyia ahannan ne aduasa ansa na ɔde Mmara no mae, no mu.
Τοῦτο δὲ λέγω, διαθήκην προκεκυρωμένην ὑπὸ τοῦ Θεοῦ εἰς Χριστὸν ὁ μετὰ ἔτη τετρακόσια καὶ τριάκοντα γεγονὼς νόμος οὐκ ἀκυροῖ, εἰς τὸ καταργῆσαι τὴν ἐπαγγελίαν.
18 Na sɛ nhyira a Onyankopɔn de maa no gyina Mmara so a, ɛno de na ɛnyɛ bɔhyɛ bio. Nanso Onyankopɔn fi nʼadom mu, nam bɔhyɛ so de agyapade no maa Abraham.
Εἰ γὰρ ἐκ νόμου ἡ κληρονομία, οὐκέτι ἐξ ἐπαγγελίας· τῷ δὲ Ἀβραὰμ δι᾽ ἐπαγγελίας κεχάρισται ὁ Θεός.
19 Ɛno de, na Mmara no so mfaso ne dɛn? Wɔde maa akyiri no de kyerɛɛ sɛ yɛyɛ nnebɔneyɛfo kosi sɛ Aseni no a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bɛba. Abɔfo no na wɔde Mmara no maa Mose, na ɔno nso yɛɛ Onyankopɔn ne nnipa no ntamgyinafo.
Τί οὖν ὁ νόμος; Τῶν παραβάσεων χάριν προσετέθη, ἄχρις οὗ ἔλθῃ τὸ σπέρμα ᾧ ἐπήγγελται, διαταγεὶς δι᾽ ἀγγέλων ἐν χειρὶ μεσίτου.
20 Yenim sɛ ntamgyinafo ho hia ma nnipa baanu anaa nea ɛboro saa, nanso Onyankopɔn a ɔyɛ ɔbaako no amfa ntamgyinafo wɔ bere a ɔhyɛɛ Abraham bɔ no.
Ὁ δὲ μεσίτης ἑνὸς οὐκ ἔστιν, ὁ δὲ Θεὸς εἷς ἐστιν.
21 Eyi kyerɛ sɛ Mmara no tia Onyankopɔn bɔhyɛ no ana? Dabi da! Sɛ mmara bi wɔ hɔ a etumi ma nnipa nkwa a, ɛno de anka onipa nam saa mmara no so betumi ateɛ wɔ Onyankopɔn anim.
Ὁ οὖν νόμος κατὰ τῶν ἐπαγγελιῶν τοῦ Θεοῦ; Μὴ γένοιτο. Εἰ γὰρ ἐδόθη νόμος ὁ δυνάμενος ζῳοποιῆσαι, ὄντως ἂν ἐκ νόμου ἦν ἡ δικαιοσύνη.
22 Nanso Kyerɛwsɛm no aka se wiase nyinaa hyɛ bɔne tumi ase. Ɛno nti akyɛde a wɔhyɛɛ ho bɔ no, wɔnam Yesu Kristo so nko ara de bɛma wɔn a wogye di no.
Ἀλλὰ συνέκλεισεν ἡ γραφὴ τὰ πάντα ὑπὸ ἁμαρτίαν, ἵνα ἡ ἐπαγγελία ἐκ πίστεως Ἰησοῦ Χριστοῦ δοθῇ τοῖς πιστεύουσι.
23 Ansa na gyidi no reba no, Mmara no too yɛn mpokyerɛ kosii sɛ wɔbɛdaa gyidi no adi.
Πρὸ τοῦ δὲ ἐλθεῖν τὴν πίστιν, ὑπὸ νόμον ἐφρουρούμεθα, συγκεκλεισμένοι εἰς τὴν μέλλουσαν πίστιν ἀποκαλυφθῆναι.
24 Enti Mmara no na ɛhyɛɛ yɛn so kosii sɛ Kristo bae, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnam gyidi so bebu yɛn bem.
Ὥστε ὁ νόμος παιδαγωγὸς ἡμῶν γέγονεν εἰς Χριστόν, ἵνα ἐκ πίστεως δικαιωθῶμεν.
25 Afei a bere adu sɛ yegye Kristo di no, Mmara no nni yɛn so tumi bio.
Ἐλθούσης δὲ τῆς πίστεως, οὐκέτι ὑπὸ παιδαγωγόν ἐσμεν.
26 Ɛnam gyidi so nti na mo nyinaa yɛ Onyankopɔn mma a mo ne Kristo Yesu aka abɔ mu no.
Πάντες γὰρ υἱοὶ Θεοῦ ἐστε διὰ τῆς πίστεως ἐν Χριστῷ Ἰησοῦ.
27 Wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Kristo mu nti moafa Kristo mu nnepa no ato mo ho so.
Ὅσοι γὰρ εἰς Χριστὸν ἐβαπτίσθητε, Χριστὸν ἐνεδύσασθε.
28 Yenni Yudani anaa Helani, yenni akoa anaa ɔdehye, yenni ɔbarima anaa ɔbea, na mo nyinaa yɛ nnipa koro wɔ Kristo Yesu mu.
Οὐκ ἔνι Ἰουδαῖος οὐδὲ Ἕλλην, οὐκ ἔνι δοῦλος οὐδὲ ἐλεύθερος, οὐκ ἔνι ἄρσεν καὶ θῆλυ· πάντες γὰρ ὑμεῖς εἷς ἐστὲ ἐν Χριστῷ Ἰησοῦ.
29 Enti sɛ moyɛ Kristo de a, na moyɛ Abraham asefo, na bɔhyɛ no nti moyɛ adedifo nso.
Εἰ δὲ ὑμεῖς Χριστοῦ, ἄρα τοῦ Ἀβραὰμ σπέρμα ἐστέ, καὶ κατ᾽ ἐπαγγελίαν κληρονόμοι.