< Galatifo 2 >

1 Me ne Barnaba san kɔɔ Yerusalem Mfe dunan akyi. Mede Tito nso kaa me ho.
Deinde post annos quattuordecim, iterum ascendi Ierosolymam cum Barnaba, assumpto et Tito.
2 Mekɔe, efisɛ Onyankopɔn na ɔdaa no adi kyerɛɛ me se menkɔ. Me ne mpanyimfo no yɛɛ nhyiamu wɔ kokoa mu kyerɛkyerɛɛ asɛmpa a meka kyerɛɛ amanamanmufo no kyerɛɛ wɔn. Na mempɛ sɛ mʼadwuma a mayɛ dedaw ne nea migu so reyɛ no yɛ ɔkwa.
Ascendi autem secundum revelationem: et contuli cum illis Evangelium, quod prædico in Gentibus, seorsum autem iis, qui videbantur aliquid esse: ne forte in vacuum currerem, aut cucurrissem.
3 Ɛwɔ mu sɛ me boafo Tito yɛ Helani de, nanso wɔanhyɛ no sɛ ontwa twetia.
Sed neque Titus, qui mecum erat, cum esset Gentilis, compulsus est circumcidi:
4 Asɛm yi sii, efisɛ na anuanom bi a wɔnyɛ nokwafo awia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔrehwehwɛ ahofadi a yɛwɔ wɔ Kristo Yesu mu, na wɔde yɛn ayɛ nkoa.
sed propter subintroductos falsos fratres, qui subintroierunt explorare libertatem nostram, quam habemus in Christo Iesu, ut nos in servitutem redigerent.
5 Yɛamma wɔn mu kwan koraa, esiane pɛ a na yɛpɛ sɛ nokware a ɛwɔ Asɛmpa no mu no bɛtena mo mu no nti.
Quibus neque ad horam cessimus subiectione, ut veritas Evangelii permaneat apud vos:
6 Sɛnea wɔn a wɔfa wɔn ho sɛ wɔyɛ atitiriw no te biara no, meka se minhu wɔn ntam nsonoe biara. Onyankopɔn nhwɛ nnipa ho mmu atɛn; saa mpanyimfo no mfaa adwene foforo biara mmɛkaa mʼasɛm no ho.
ab iis autem, qui videbantur esse aliquid, (quales aliquando fuerint, nihil mea interest. Deus personam hominis non accipit) mihi enim qui videbantur esse aliquid, nihil contulerunt.
7 Na mmom wohuu sɛ Onyankopɔn de adwuma no ahyɛ me nsa sɛ menka Asɛmpa no nkyerɛ amanamanmufo sɛnea ɔde adwuma no hyɛɛ Petro nsa sɛ ɔnka Asɛmpa no nkyerɛ Yudafo no ara pɛ.
Sed econtra cum vidissent quod creditum est mihi Evangelium præputii, sicut et Petro circumcisionis:
8 Na Onyankopɔn a ɔnam Petro so yɛ adwuma sɛ Yudafo mu somafo no ara na ɔnam me so yɛ adwuma wɔ amanamanmufo mu, sɛnea Petro yɛ Yudafo mu adwuma no pɛ.
(qui enim operatus est Petro in Apostolatum circumcisionis, operatus est et mihi inter Gentes)
9 Yakobo, Petro ne Yohane a na wɔfa no sɛ wɔyɛ mpanyimfo no gye too mu se, Onyankopɔn ama me adwuma sononko bi sɛ minni, enti wokyiaa me ne Barnaba. Wɔpenee so se yɛnyɛ adwuma wɔ amanamanmufo no mu na wɔn nso wɔnyɛ adwuma wɔ Yudafo no mu.
et cum cognovissent gratiam, quæ data est mihi, Iacobus, et Cephas, et Ioannes, qui videbantur columnæ esse, dextras dederunt mihi, et Barnabæ societatis: ut nos in Gentes, ipsi autem in circumcisionem:
10 Nea wɔkae ara ne sɛ yɛnkae ahiafo wɔ wɔn kuw no mu sɛnea mepɛ sɛ meyɛ no.
tantum ut pauperum memores essemus, quod etiam solicitus fui hoc ipsum facere.
11 Bere a Petro baa Antiokia no, mesɔre tiaa nea ɔreyɛ no mu wɔ bagua mu, efisɛ na ɔreyɛ mfomso.
Cum autem venisset Cephas Antiochiam: in faciem ei restiti, quia reprehensibilis erat.
12 Ansa na mmarima bi a Yakobo somaa wɔn no beduu hɔ no, na Petro ne anuanom amanamanmufo no to nsa didi. Nanso akyiri a nnipa no bedui no, ɔtwee ne ho a ɔne wɔn annidi bio, efisɛ na osuro wɔn a wɔpɛ sɛ wotwa amanamanmufo twetia no.
Prius enim quam venirent quidam a Iacobo, cum Gentibus edebat: cum autem venissent, subtrahebat, et segregabat se timens eos, qui ex circumcisione erant.
13 Anuanom Yudafo a wɔaka no yɛɛ sɛ ahufo de wɔn ho bɔɔ Petro maa Barnaba nso de ne ho kɔbataa wɔn.
Et simulationi eius consenserunt ceteri Iudæi, ita ut et Barnabas duceretur ab eis in illam simulationem.
14 Mihuu sɛ nea wɔreyɛ no ne Asɛmpa no bɔ abira no, mekaa wɔ Petro ne bagua no anim se, “Woyɛ Yudani a mprempren wunni Yudafo amanne so bio. Adɛn nti na wohyɛ amanamanmufo sɛ wonni Yudafo amanne so?
Sed cum vidissem quod non recte ambularent ad veritatem Evangelii, dixi Cephæ coram omnibus: Si tu, cum Iudæus sis, gentiliter vivis, et non Iudaice: quomodo Gentes cogis Iudaizare?
15 “Yɛn a yɛyɛ Yudafo fi yɛn awo mu a yɛnyɛ amanamanmufo nnebɔneyɛfo no
Nos natura Iudæi, et non ex Gentibus peccatores.
16 nim sɛ ansa na obi bedi bem wɔ Onyankopɔn anim no, na gye sɛ wagye Yesu Kristo adi a ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ nea mmara no hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no. Yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi sɛnea yɛnam so bedi bem wɔ Onyankopɔn anim; efisɛ ɛnam gyidi so na wobebu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara no apɛde a yɛyɛ no so.
Scientes autem quod non iustificatur homo ex operibus legis, nisi per fidem Iesu Christi: et nos in Christo Iesu credimus, ut iustificemur ex fide Christi, et non ex operibus legis: propter quod ex operibus legis non iustificabitur omnis caro.
17 “Sɛ yɛpɛ sɛ wobu yɛn bem wɔ Kristo mu na sɛ ɛda adi sɛ yɛn nso yɛyɛ nnebɔneyɛfo a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo pene bɔne so? Ɛnte saa koraa.
Quod si quærentes iustificari in Christo, inventi sumus et ipsi peccatores, numquid Christus peccati minister est? Absit.
18 Na sɛ mifi ase yɛ nea magyae a, na ɛkyerɛ sɛ meyɛ mmaratofo.
Si enim quæ destruxi, iterum hæc ædifico: prævaricatorem me constituo.
19 “Efisɛ mpɛn dodow a mepɛɛ sɛ medi mmara no so no, mmara no buu me fɔ. Mmara no ankasa akum me. Ɛno nti minni mmara no tumi ase bio, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛtena ase ama Onyankopɔn mmom. Wɔabɔ me ne Kristo asennua mu,
Ego enim per legem, legi mortuus sum, ut Deo vivam: Christo confixus sum cruci.
20 enti ɛnyɛ me na mete ase bio, na mmom Kristo no na ɔte me mu. Saa asetena a mete mu mprempren yi, mete ase wɔ Onyankopɔn Ba no a ɔdɔ me na ɔde ne nkwa maa me no gyidi mu.
Vivo autem, iam non ego: vivit vero in me Christus. Quod autem nunc vivo in carne: in fide vivo filii Dei, qui dilexit me, et tradidit semetipsum pro me.
21 Mempo Onyankopɔn adom no. Sɛ onipa nam Mmara so fata Onyankopɔn anim a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo wu a owui no yɛ ɔkwa.”
Non abiicio gratiam Dei. Si enim per legem iustitia, ergo gratis Christus mortuus est.

< Galatifo 2 >