< Ɛsra 8 >

1 Eyinom ne abusua mu ntuanofo ne anato ahorow a ɔhene Artasasta di ade no, wɔne me fi Babilonia bae:
当亚达薛西王年间,同我从巴比伦上来的人,他们的族长和他们的家谱记在下面:
2 Pinehas asefo mu no: Gersom; Itamar asefo mu no: Daniel. Dawid asefo mu no: Sekania babarima Hatus.
属非尼哈的子孙有革顺;属以他玛的子孙有但以理;属大卫的子孙有哈突;
3 Paros asefo mu no: Sakaria ne mmarima afoforo bi ɔha aduonum.
属巴录的后裔,就是示迦尼的子孙有撒迦利亚,同着他,按家谱计算,男丁一百五十人;
4 Pahat-Moab asefo mu no: Serahia babarima Eliehoenai ne mmarima afoforo bi ahannu.
属巴哈·摩押的子孙有西拉希雅的儿子以利约乃,同着他有男丁二百;
5 Satu asefo mu no: Yahasiel babarima Sekania ne mmarima afoforo bi ahaasa.
属示迦尼的子孙有雅哈悉的儿子,同着他有男丁三百;
6 Adin asefo mu no: Yonatan babarima Ebed ne mmarima afoforo bi aduonum.
属亚丁的子孙有约拿单的儿子以别,同着他有男丁五十;
7 Elam asefo mu no: Yesaia babarima Atalia ne mmarima afoforo bi aduɔson.
属以拦的子孙有亚他利雅的儿子耶筛亚,同着他有男丁七十;
8 Sefatia asefo mu no: Mikael babarima Sebadia ne mmarima afoforo bi aduɔwɔtwe.
属示法提雅的子孙有米迦勒的儿子西巴第雅,同着他有男丁八十;
9 Yoab asefo mu no: Yehiel babarima Obadia ne mmarima afoforo bi ahannu ne dunwɔtwe.
属约押的子孙有耶歇的儿子俄巴底亚,同着他有男丁二百一十八;
10 Bani asefo mu no: Yosifia babarima Selomit ne mmarima afoforo bi ɔha aduosia.
属示罗密的子孙有约细斐的儿子,同着他有男丁一百六十;
11 Bebai asefo mu no: Bebai babarima Sakaria ne mmarima afoforo bi aduonu awotwe.
属比拜的子孙有比拜的儿子撒迦利亚,同着他有男丁二十八;
12 Asgad asefo mu no: Hakatan babarima Yohanan ne mmarima afoforo bi ɔha ne du.
属押甲的子孙有哈加坦的儿子约哈难,同着他有男丁一百一十;
13 Adonikam asefo a wotwa to no: wɔn din de Elifelet, Yeiel, ne Semaia a, mmarima afoforo bi aduosia ka wɔn ho.
属亚多尼干的子孙,就是末尾的,他们的名字是以利法列、耶利、示玛雅,同着他们有男丁六十;
14 Bigwai asefo mu no: Utai ne Sakur a mmarima afoforo bi aduɔson ka wɔn ho.
属比革瓦伊的子孙有乌太和撒布,同着他们有男丁七十。
15 Meboaa nnommum no ano wɔ Ahawa nsukwan no so, na yɛma wɔtenaa hɔ nnansa, bere a merehwɛ nnipa no ne asɔfo a wɔabedu hɔ no din mu no, mihuu sɛ Lewifo no mu baako mpo antu ne ho ansi hɔ.
我招聚这些人在流入亚哈瓦的河边,我们在那里住了三日。我查看百姓和祭司,见没有利未人在那里,
16 Enti mesoma ma wɔkɔfrɛɛ Elieser, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam, a wɔyɛ ɔmanfo no ntuanofo no. Mesan soma ma wɔkɔfrɛɛ Yoiarib ne Elnatan, a na wɔyɛ nimdefo no nso;
就召首领以利以谢、亚列、示玛雅、以利拿单、雅立、以利拿单、拿单、撒迦利亚、米书兰,又召教习约雅立和以利拿单。
17 na mema wɔkɔɔ Ido a na otua Lewifo no ano no nkyɛn wɔ Kasifia. Mekyerɛɛ wɔn nea wɔnka nkyerɛ Ido ne nʼabusuafo ne asɔredan no mu asomfo no wɔ Kasifia, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde ahwɛfo bɛbrɛ yɛn wɔ yɛn Nyankopɔn fi.
我打发他们往迦西斐雅地方去见那里的首领易多,又告诉他们当向易多和他的弟兄尼提宁说什么话,叫他们为我们 神的殿带使用的人来。
18 Esiane sɛ Onyankopɔn adom nsa wɔ yɛn so no nti, wɔbrɛɛ yɛn ɔbarima bi a ne din de Serebia, a ne mmabarima ne ne nuabarimanom dunwɔtwe ka ne ho. Na ɔyɛ onyansafo a ɔyɛ Mahli a na ɔyɛ Israel babarima Lewi no aseni,
蒙我们 神施恩的手帮助我们,他们在以色列的曾孙、利未的孙子、抹利的后裔中带一个通达人来;还有示利比和他的众子与弟兄共一十八人。
19 ne Merari asefo Yesaia, Hasabia ne ne mmabarima ne ne nuabarimanom aduonu
又有哈沙比雅,同着他有米拉利的子孙耶筛亚,并他的众子和弟兄共二十人。
20 ne asɔredan no mu asomfo ahannu ne aduonu bae. Na asɔredan mu asomfo no yɛ Lewifo no aboafo a na wɔyɛ asɔredan mu adwumayɛfo kuw bi a Dawid na ɔfaa wɔn kan. Wɔkyerɛw wɔn nyinaa din.
从前大卫和众首领派尼提宁服事利未人,现在从这尼提宁中也带了二百二十人来,都是按名指定的。
21 Na Ahawa Suka no ho no, mehyɛɛ sɛ yenni mmuada, na yɛmmrɛ yɛn ho ase mma Onyankopɔn. Yɛbɔɔ mpae sɛ ɔbɛma yɛakodu dwoodwoo, na wabɔ yɛn ne yɛn mma ne yɛn nneɛma a yɛde rebetu kwan no ho ban.
那时,我在亚哈瓦河边宣告禁食,为要在我们 神面前克苦己心,求他使我们和妇人孩子,并一切所有的,都得平坦的道路。
22 Na mefɛree sɛ mebisa ɔhene no sɛ ɔmma yɛn asraafo ne apɔnkɔsotefo na wɔnka yɛn ho mmɔ yɛn ho ban wɔ ɔkwan so, efisɛ na yɛaka akyerɛ ɔhene no se, “Yɛn Nyankopɔn bɔ wɔn a wɔsom no no ho ban, na nʼabufuwhyew no tia wɔn a wɔpo no.”
我求王拨步兵马兵帮助我们抵挡路上的仇敌,本以为羞耻;因我曾对王说:“我们 神施恩的手必帮助一切寻求他的;但他的能力和忿怒必攻击一切离弃他的。”
23 Enti yedii mmuada, bɔɔ mpae srɛɛ yɛn Nyankopɔn wɔ eyi ho, na otiee yɛn mpaebɔ.
所以我们禁食祈求我们的 神,他就应允了我们。
24 Na miyii asɔfo no ntuanofo dumien a wɔne Serebia, Hasabia ne asɔfo afoforo du a wɔka wɔn ho
我分派祭司长十二人,就是示利比、哈沙比雅,和他们的弟兄十人,
25 sɛ wɔnhwɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ hweaseammɔ ne nneɛma a ɛka ho a ɔhene no nʼagyinatufo, ne ntuanofo ne Israelfo de ama Onyankopɔn fi no so.
将王和谋士、军长,并在那里的以色列众人为我们 神殿所献的金银和器皿,都秤了交给他们。
26 Mede agude no rema wɔn no, mekarii na mihuu sɛ emu duru yɛ: dwetɛ nkaribo tɔn aduonu anan, sikakɔkɔɔ nkuku ne nkaka nkaribo pɔn mpem ahanson ne ahannum, sikakɔkɔɔ nkaribo pɔn mpem ahanson ne ahannum,
我秤了交在他们手中的银子有六百五十他连得;银器重一百他连得;金子一百他连得;
27 sikakɔkɔɔ hweaseammɔ aduonu a ɛne sikakɔkɔɔ nnwetɛbona apem bo yɛ pɛ, kɔbere nneɛma abien a wɔabere ho ma ɛrekɔyɛ sɛ sikakɔkɔɔ ankasa.
金碗二十个,重一千达利克;上等光铜的器皿两个,宝贵如金。
28 Na meka kyerɛɛ saa asɔfo yi se, “Wɔayi mo ne saa agyapade yi nyinaa asi nkyɛn sɛ ade kronkron ama Awurade. Saa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ yi yɛ koma pa mu afɔrebɔde a wɔde rema Awurade, yɛn agyanom Nyankopɔn.
我对他们说:“你们归耶和华为圣,器皿也为圣;金银是甘心献给耶和华—你们列祖之 神的。
29 Monhwɛ saa agyapade yi so yiye, na momfa mma asɔfo mpanyin, Lewifo ne Israel ntuanofo wɔ adekorae a ɛwɔ Yerusalem asɔredan no mu no.”
你们当警醒看守,直到你们在耶路撒冷耶和华殿的库内,在祭司长和利未族长,并以色列的各族长面前过了秤。”
30 Enti asɔfo no ne Lewifo no gye too wɔn ho so sɛ wɔde saa Onyankopɔn asɔre sika no bɛkɔ Yerusalem.
于是,祭司、利未人按着分量接受金银和器皿,要带到耶路撒冷我们 神的殿里。
31 Yefii Ahawa Suka atenae hɔ Ab ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so dunkron, sii mu kɔɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn nsa no bɔɔ yɛn ho ban, gyee yɛn fii atamfo ne akwamukafo nsam.
正月十二日,我们从亚哈瓦河边起行,要往耶路撒冷去。我们 神的手保佑我们,救我们脱离仇敌和路上埋伏之人的手。
32 Enti yekoduu Yerusalem dwoodwoo, homee wɔ hɔ nnansa.
我们到了耶路撒冷,在那里住了三日。
33 Yeduu no, ne nnaanan so no, wɔkarii dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenne a aka no wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na wɔde hyɛɛ Uria babarima ɔsɔfo Meremot ne Pinehas babarima Eleasar ne Yesua babarima Yosabad ne Binui babarima Noadia a wɔn baanu no yɛ Lewifo no nsa.
第四日,在我们 神的殿里把金银和器皿都秤了,交在祭司乌利亚的儿子米利末的手中。同着他有非尼哈的儿子以利亚撒,还有利未人耶书亚的儿子约撒拔和宾内的儿子挪亚底。
34 Wɔkan biribiara dodow, karii mu duru, kyerɛw biribiara.
当时都点了数目,按着分量写在册上。
35 Na wɔn a wofi nnommum mu bae no de anantwi dumien, adwennini aduɔkron asia ne nguantenmma aduɔson ason, bɔɔ ɔhyew afɔre, maa Israel Nyankopɔn. Afei, wɔmaa mmirekyi dumien sɛ bɔne ho afɔrebɔde. Wɔde eyinom nyinaa bae sɛ ɔhyew afɔre maa Awurade.
从掳到之地归回的人向以色列的 神献燔祭,就是为以色列众人献公牛十二只,公绵羊九十六只,绵羊羔七十七只,又献公山羊十二只作赎罪祭,这都是向耶和华焚献的。
36 Wɔde ɔhene no mmara no maa ne mpanyimfo ne amradofo a wɔwɔ asu Eufrate agya no, na wɔn nyinaa yɛɛ baako boaa Onyankopɔn asɔredan no si.
他们将王的谕旨交给王所派的总督与河西的省长,他们就帮助百姓,又供给 神殿里所需用的。

< Ɛsra 8 >