< Ɛsra 7 >
1 Persiahene Artasasta ahenni mu no, na ɔbarima bi wɔ hɔ a ne din de Ɛsra. Na ɔyɛ Seraia babarima a ɔyɛ Asaria babarima, na ɔno nso yɛ Hilkia babarima
Poslije tih događaja, za kraljevanja Artakserksa, kralja perzijskoga, Ezra - sin Seraje, sina Azarje, sina Hilkije,
2 na ɔno nso yɛ Salum babarima a ɔyɛ Sadok babarima a ɔyɛ Ahitub babarima
sina Šaluma, sina Sadoka, sina Ahituba,
3 na ɔno nso yɛ Amaria babarima a ɔyɛ Asaria babarima na ɔno nso yɛ Meraiot babarima
sina Amarje, sina Azarje, sina Merajota,
4 a ɔyɛ Serahia babarima a ɔyɛ Usi babarima a ɔno nso yɛ Buki babarima
sina Zerahje, sina Uzije, sina Bukija,
5 a ɔno yɛ Abisua babarima, a ɔyɛ Pinehas babarima, a ɔno nso yɛ Eleasar babarima, a ɔyɛ Aaron a ɔyɛ ɔsɔfopanyin no babarima.
sina Abišue, sina Pinhasa, sina Eleazara, sina vrhovnog svećenika Arona -
6 Na saa Ɛsra yi yɛ mmara no kyerɛkyerɛfo a onim Mose mmara no a Awurade, Israel Nyankopɔn, de ama Israelfo no yiye. Ofi Babilonia baa Yerusalem na biribiara a obisaa ɔhene no ɔde maa no, efisɛ na Awurade nsa no wɔ ne so.
taj Ezra vrati se iz Babilona. Bio je književnik vješt Mojsijevu Zakonu, koji je dao Jahve, Bog Izraelov. Kako je ruka Jahve, Boga njegova, bila nad njim, kralj mu je dao sve što je tražio.
7 Israelhene no ne asɔfo, Lewifo, nnwontofo, aponanohwɛfo ne asɔredan mu asomfo ne no kɔɔ Yerusalem, ɔhene Artasasta ahenni mfe ason so.
Stanovit broj Izraelaca, svećenika, levita, pjevača, vratara i sluga krenuše u Jeruzalem sedme godine kralja Artakserksa.
8 Saa afe no, Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) mu na Ɛsra kɔɔ Yerusalem.
A Ezra je došao u Jeruzalem petoga mjeseca: bilo je to sedme godine kraljeve.
9 Ofii Babilonia Abib ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so awotwe, na ɔkɔɔ Yerusalem Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛto so anan. Na Onyankopɔn adom nsa wɔ ne so.
Pošao je iz Babilona prvoga dana prvoga mjeseca, a stigao je u Jeruzalem prvoga dana petoga mjeseca: nad njim je bila blaga ruka Boga njegova!
10 Efisɛ na Ɛsra asi nʼadwene pi sɛ, obesua, na wadi Awurade mmara so, na wakyerɛ Israelfo saa mmara no.
Jer je Ezra nastojao svim srcem proniknuti Zakon Jahvin, vršiti ga i poučavati Izraela u zakonima i običajima.
11 Na ɔhene Artasasta de krataa no sɛso ama ɔsɔfo Ɛsra, a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo a osuae, na ɔkyerɛɛ Israelfo Awurade mmara no. Ɔkyerɛw se:
Evo prijepisa isprave koju je kralj Artakserkso dao svećeniku Ezri, književniku vještu naredbama i zakonima što ih je Jahve dao Izraelu:
12 Me ahene mu hene Artasasta, nkyia a mede rekyia ɔsɔfo Ɛsra ne Awurade a ɔte ɔsorosoro no mmarakyerɛni no ni:
“Artakserkso, kralj kraljeva, svećeniku Ezri, pisaru Zakona Boga nebeskoga, potpuni mir.
13 Mahyɛ mmara sɛ, Israelni biara a ɔte mʼaheman mu a asɔfo ne Lewifo ka ho no nyinaa, mfi wɔn pɛ mu ne wo nkɔ Yerusalem.
Evo mojih zapovijedi: Tko god u mome kraljevstvu od naroda izraelskog, njegovih svećenika ili od njegovih levita želi poći u Jeruzalem, može ići s tobom.
14 Me ne mʼagyinatufo baason no ahyɛ wo sɛ, gyina wo Nyankopɔn mmara a ɛhyɛ wo nsam no so yɛ nhwehwɛmu fa Yuda ne Yerusalem tebea ho.
Osim toga, šalje te kralj i njegovih sedam savjetnika da pregledaš Judeju i Jeruzalem prema Zakonu Boga tvoga, koji ti je u ruci,
15 Fa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ bi a yɛde rema wo sɛ afɔre a yɛrebɔ ama Israel Nyankopɔn a ɔte Yerusalem no kɔ,
i da odneseš srebro i zlato koje kralj i njegovih sedam savjetnika dragovoljno prinose Bogu Izraelovu, koji prebiva u Jeruzalemu,
16 na gye dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ biara a wubenya afi Babilonia ne nea wɔde bɛkyɛ wo biara afi ɔmanfo ne asɔfo nkyɛn a wɔde ama sɛ, wɔmfa nkɔ wɔn Nyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no kɔ.
i sve srebro i zlato koje skupiš po svoj pokrajini babilonskoj s dragovoljnim prinosima koje narod i svećenici prinesu za Dom svoga Boga u Jeruzalemu.
17 Saa akyɛde yi, nea ɛsɛ sɛ wɔde tɔ ara yɛ anantwinini, adwennini, nguantenmma ne atoko afɔrebɔde a ɛfata, ne nsa afɔrebɔde a wɔde ne nyinaa bɛbɔ afɔre wɔ Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no afɔremuka so.
I pobrini se da tim novcem kupiš junaca, ovnova i jaganjaca, a tako i darova i naljeva koji uz to idu: to prinesi na žrtvenik Doma Boga vašega u Jeruzalemu.
18 Sika biara a ɛbɛka no, wo ne wo mfɛfo mfa nni dwuma biara a mugye di sɛ ɛyɛ mo Nyankopɔn pɛ.
Sa srebrom i zlatom što preostane učinite ti i tvoja braća kako vam se bude najviše svidjelo, vršeći volju Boga vašega.
19 Na nkuku ne nkaka a yɛde rehyɛ wo nsa de adi mo Nyankopɔn asɔredan no ho dwuma no, fa ne nyinaa ma Onyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem no.
Posuđe koje si primio za službu Domu Boga tvoga ostavi pred Bogom tvojim, u Jeruzalemu.
20 Sɛ mo sika sa wɔ biribi a ɛho hia mo Onyankopɔn asɔredan ho anaa biribi a ɛte saa ho a, mummisa sika mfi adehye foto mu.
I što bi još trebalo za Dom Boga tvoga i što bi trebalo nabaviti primit ćeš iz kraljevskih riznica.
21 Me ɔhene Artasasta, hyɛ mmara de kɔ agyapade akorae a ɛwɔ asu Efrate agya no sɛ: Biribiara a Ɛsra bisa no, momfa mma no, efisɛ ɔyɛ ɔsɔfo ne ɔsorosoro Nyankopɔn no mmara kyerɛkyerɛfo.
Ja, kralj Artakserkso, još zapovijedam svim rizničarima s one strane Rijeke: sve što od vas zatraži svećenik Ezra, pisar Zakona Boga nebeskoga, podajte odmah najtočnije,
22 Ɛsɛ sɛ moma no kosi dwetɛ nkaribo pɔn mpem ason ne ahannum, atoko susukoraa ahannum, nsa gyare ahannum aduonum, ngo gyare ahannum aduonum ne nkyene a wontumi mmu ano.
do stotinu talenata srebra, stotinu kora pšenice, do stotinu bata vina, do stotinu bata ulja, a soli po želji.
23 Monhwɛ yiye, na biribiara a Onyankopɔn a ɔte ɔsorosoro no abisa ama nʼasɔredan no, momfa mmra. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn abufuw ba ɔhene ne ne mmabarima so?
Sve što naredi Bog nebeski, neka se odmah izvrši u svoj gorljivosti za Dom Boga nebeskog, da gnjev njegov ne dođe na kraljevstvo kraljevo i na djecu njegovu.
24 Mesan hyɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔsɔfo, Lewini, nnwontofo, ɔpon ano hwɛfo, asɔredan mu somfo anaa obiara a ɔyɛ adwuma wɔ asɔredan mu no tua tow biara.
I još vam javljamo da se ne smije udariti danak, ni porez, ni carina ni na jednoga od svećenika, levita, pjevača, netinaca i drugih službenika toga Doma Božjega.
25 Na wo Ɛsra, ɛsɛ sɛ wode nyansa a Onyankopɔn de ama wo no yi asennifo ne atemmufo a wonim mo Nyankopɔn mmara no, na wodi nnipa a wɔwɔ asu Eufrate agya no nyinaa so. Sɛ nnipa nnim saa mmara no a, ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wɔn.
A ti, Ezra, po mudrosti Boga svoga koju imaš u rukama, postavi činovnike i suce koji će suditi svemu narodu s onu stranu Rijeke, to jest svima koji poznaju Zakon Boga tvoga. Tko ne zna, vi ga poučite.
26 Obiara a obebu mo Nyankopɔn, ne ɔhene mmara so no, wobekum no, wobetwa no asu, wɔbɛfa nʼagyapade anaa wɔde no bɛto afiase sɛ asotwe.
Tko ne bude držao Zakona Boga tvojega - koji je i kraljev zakon - neka se oštro osudi: na smrt, na progonstvo, na novčanu globu ili na tamnicu.”
27 Ayeyi nka Awurade, yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔmaa ɔhene adwene sɛ onsiesie Awurade asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no.
“Blagoslovljen neka je Jahve, Bog otaca naših, koji je nadahnuo srce kraljevo da proslavi Dom Jahvin u Jeruzalemu
28 Na ayeyi nka no sɛ, ɔdaa ne dɔ kann adi kyerɛɛ me, hyɛɛ me anuonyam wɔ ɔhene, nʼagyinatufo ne nʼahenemma atumfo no anim. Ɛhyɛɛ me nkuran, efisɛ na Awurade, me Nyankopɔn, nsa wɔ me so. Na meboaboaa Israel ntuanofo no bi ano sɛ wɔnka me ho mma yɛnkɔ Yerusalem.
i koji je okrenuo prema meni naklonost kralja, njegovih savjetnika i svih najmoćnijih kraljevskih činovnika. A ja se osmjelih jer ruka Jahve, Boga mojega, bijaše nada mnom i sabrah glavare Izraela da pođu sa mnom.”