< Ɛsra 3 >

1 Ɔsram a ɛto so ason mfiase a Israelfo abɔ atenase wɔ wɔn nkurow mu no, nnipa no nyinaa hyiaa sɛ nnipa koro wɔ Yerusalem.
이스라엘 자손이 그 본성에 거하였더니 칠월에 이르러 일제히 예루살렘에 모인지라
2 Na Yosadak babarima Yesua ne ne mfɛfo asɔfo ne Sealtiel babarima Serubabel ne nʼabusuafo fii ase siesiee Israel Nyankopɔn afɔremuka no, sɛnea wobetumi abɔ ɔhyew afɔre wɔ so, sɛnea wɔahyɛ wɔ Mose a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no mmara mu no.
요사닥의 아들 예수아와 그 형제 제사장들과 스알디엘의 아들 스룹바벨과 그 형제들이 다 일어나 이스라엘 하나님의 단을 만들고 하나님의 사람 모세의 율법에 기록한 대로 번제를 그 위에 드리려 할새
3 Ɛwɔ mu sɛ na nkurɔfo no suro amannifo a wɔtete hɔ no de, nanso wɔsan sii afɔremuka no wɔ ne dedaw mu hɔ. Ɛhɔ ara na wofii ase bɔɔ ɔhyew afɔre maa Awurade. Wɔyɛɛ saa anɔpa ne anwummere biara.
무리가 열국 백성을 두려워하여 단을 그 터에 세우고 그 위에 조석으로 여호와께 번제를 드리며
4 Wodii Asese Afahyɛ no sɛnea wɔakyerɛ wɔ Mose mmara nhoma no mu no, na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre, sɛnea afahyɛ da biara de te no.
기록된 규례대로 초막절을 지켜 번제를 매일 정수대로 날마다 드리고
5 Ɛno akyi no, wɔbɔɔ daa ɔhyew afɔre no ne afɔre a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ma Ɔsram Foforo Afahyɛ no ne mfe ahorow afahyɛ de maa Awurade. Na nnipa no bɔɔ ɔpɛ pa mu afɔre nso de maa Awurade.
그 후에는 항상 드리는 번제와 초하루와 여호와의 모든 거룩한 절기의 번제와 사람이 여호와께 즐거이 드리는 예물을 드리되
6 Aka nnaawɔtwe abien na Guankɔbea Afahyɛ no adu so no, asɔfo no fii ase bɔɔ ɔhyew afɔre maa Awurade. Wofii eyi nso ase ansa na wɔreto Awurade asɔredan no fapem.
칠월 초하루부터 비로소 여호와께 번제를 드렸으나 그 때에 여호와의 전 지대는 오히려 놓지 못한지라
7 Na wɔbɔɔ adansifo ne nnuadwumfo paa na wɔtɔɔ sida nnua fi Tirofo ne Sidonfo nkyɛn, na wɔde nnuan, nsa ne ngo tuaa wɔn ka. Wɔde nnua no fi Lebanon mmepɔw so guu po ani baa Yopa, a na ɔhene Kores ama ho kwan.
이에 석수와 목수에게 돈을 주고 또 시돈 사람과 두로 사람에게 먹을 것과 마실 것과 기름을 주고 바사 왕 고레스의 조서대로 백향목을 레바논에서 욥바 해변까지 수운하게 하였더라
8 Wofii Onyankopɔn asɔredan no si ase wɔ ɔsram a ɛto so abien mu afe a ɛto so abien fi bere a wokoduu Yerusalem no. Wɔn a wofi asutwa mu bae no nyinaa yɛɛ ho adwumayɛfo a Sealtiel babarima Serubabel, Yosadak babarima Yesua ne ne mfɛfo asɔfo ne Lewifo nyinaa nso ka ho. Lewifo a na wɔadi mfe aduonu ne wɔn a wɔboro saa no na wɔde Awurade asɔredan no asiesie hyɛɛ wɔn nsa.
예루살렘 하나님의 전에 이른지 이년 이월에 스알디엘의 아들 스룹바벨과 요사닥의 아들 예수아와 다른 형제 제사장들과 레위 시람들과 무릇 사로잡혔다가 예루살렘에 돌아온 자들이 역사를 시작하고 이십 세 이상의 레위 사람들을 세워 여호와의 전 역사를 감독하게 하매
9 Yesua ne ne mmabarima ne nʼabusuafo ne Kadmiel ne ne mmabarima ne Hodawia asefo nyinaa na wɔde Onyankopɔn asɔredan ho adwumayɛfo hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ wɔn so. Henadad abusuafo Lewifo na wɔboaa hwɛɛ saa dwumadi yi so.
이에 예수아와 그 아들들과 그 형제들과 갓미엘과 그 아들들과 유다 자손과 헤나닷 자손과 그 형제 레위 사람들이 일제히 일어나 하나님의 전 공장을 감독하니라
10 Bere a adansifo no wiee Awurade asɔredan no fapem no, asɔfo no hyɛɛ wɔn asɔfotade, kɔtenaa wɔn tenabea, hyɛn wɔn ntorobɛnto. Na Asaf asefo Lewifo no bɔɔ wɔn kyɛnkyɛn, de kamfoo Awurade sɛnea na ɔhene Dawid ahyɛ no pɛpɛɛpɛ.
건축자가 여호와의 전 지대를 놓을 때에 제사장들은 예복을 입고 나팔을 들고 아삽 자손 레위 사람들은 제금을 들고 서서 이스라엘 왕 다윗의 규례대로 여호와를 찬송하되
11 Wɔde nkamfo ne aseda too saa dwom yi maa Awurade se: “Oye, Na nʼadɔe wɔ hɔ daa ma Israel afebɔɔ!” Na ɔmanfo no nyinaa teɛɛ mu ahoɔden so, de kamfoo Awurade, efisɛ Awurade asɔredan fapem no, wɔato.
서로 찬송가를 화답하며 여호와께 감사하여 가로되 주는 지선하시므로 그 인자하심이 이스라엘에게 영원하시도다 하니 모든 백성이 여호와의 전 지대가 놓임을 보고 여호와를 찬송하며 큰 소리로 즐거이 부르며
12 Asɔfo mpanyimfo no bebree, Lewifo ne ntuanofo no kaee asɔredan a edi kan no, sui bere a wohuu asɔredan foforo no fapem a wɔato no. Na afoforo nso teɛteɛɛ mu anigye so.
제사장들과 레위 사람들과 족장들 중에 여러 노인은 첫 성전을 보았던고로 이제 이 전 지대 놓임을 보고 대성통곡하며 여러 사람은 기뻐하여 즐거이 부르니
13 Anigye nteɛteɛmu ne osu a adi afra no ano yɛɛ den, na nnipa tee wɔ akyirikyiri.
백성의 크게 외치는 소리가 멀리 들리므로 즐거이 부르는 소리와 통곡하는 소리를 백성들이 분변치 못하였느니라

< Ɛsra 3 >