< Ɛsra 2 >

1 Eyinom ne Yudafo nnommum a wɔwɔ amantam no mu a wofi asutwa mu baa Yerusalem ne Yuda nkurow bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia.
Now these are the children of the province, that went out of the captivity, which Nabuchodonosor king of Babylon had carried away to Babylon, and who returned to Jerusalem and Juda, every man to his city.
2 Na wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana. Israel mmarima a wofi asutwa mu bae no dodow ni:
Who came with Zorobabel, Josue, Nehemia, Saraia, Rahelaia, Mardochai, Belsan, Mesphar, Beguai, Rehum, Baana. The number of the men of the people of Israel:
3 Dodow a wɔyɛ Paros asefo 2,172
The children of Pharos two thousand one hundred seventy-two.
4 Sefatia asefo 372
The children of Sephatia, three hundred seventy-two.
5 Arah asefo 775
The children of Area, seven hundred seventy-five.
6 Pahat-Moab asefo (Yesua ne Yoab asefo) 2,812
The children of Phahath Moab, of the children of Josue: Joab, two thousand eight hundred twelve.
7 Elam asefo 1,254
The children of Elam, a thousand two hundred fifty-four.
8 Satu asefo 945
The children of Zethua, nine hundred forty-five.
9 Sakai asefo dodow yɛ 760
The children of Zachai, seven hundred sixty.
10 Bani asefo dodow yɛ 642
The children of Bani, six hundred forty-two.
11 Bebai asefo dodow yɛ 623
The children of Bebai, six hundred twenty-three.
12 Asgad asefo dodow yɛ 1,222
The children of Azgad, a thousand two hundred twenty-two.
13 Adonikam asefo dodow yɛ 666
The children of Adonicam, six hundred sixty-six.
14 Bigwai asefo dodow yɛ 2,056
The children of Beguai, two thousand fifty-six.
15 Adin asefo dodow yɛ 454
The children of Adin, four hundred fifty-four.
16 Ater asefo (Hesekia asefo) dodow yɛ 98
The children of Ather, who were of Ezechias, ninety-eight.
17 Besai asefo dodow yɛ 323
The children of Besai, three hundred and twenty-three.
18 Yora asefo dodow yɛ 112
The children of Jora, a hundred and twelve.
19 Hasum asefo dodow yɛ 223
The children of Hasum, two hundred twenty-three.
20 Gibar asefo dodow yɛ 95
The children of Gebbar, ninety-five.
21 Betlehemfo dodow yɛ 123
The children of Bethlehem, a hundred twenty-three.
22 Netofafo dodow yɛ 56
The men of Netupha, fifty-six.
23 Anatotfo dodow yɛ 128
The men of Anathoth, a hundred twenty-eight.
24 Asmawetfo dodow yɛ 42
The children of Azmaveth, forty-two.
25 Kiriat-Yearimfo, Kefirafo ne Beerotfo dodow yɛ 743
The children of Cariathiarim, Cephira, and Beroth, seven hundred forty-three.
26 Ramafo ne Gebafo dodow yɛ 621
The children of Rama and Gabaa, six hundred twenty-one.
27 Mikmasfo dodow yɛ 122
The men of Machmas, a hundred twenty-two.
28 Bet-Elfo ne Aifo dodow yɛ 223
The men of Bethel and Hai, two hundred twenty-three.
29 Nebo ɔmanmma dodow yɛ 52
The children of Nebo, fifty-two.
30 Magbis ɔman dodow yɛ 156
The children of Megbis, a hundred fifty-six.
31 Elam ɔmanmma dodow yɛ 1,254
The children of the other Elam, a thousand two hundred fifty-four.
32 Harim ɔmanmma dodow yɛ 320
The children of Harim, three hundred and twenty.
33 Lod, Hadid ne Ono manmma dodow yɛ 725
The children of Lod, Hadid and One, seven hundred twenty-five.
34 Yeriko ɔmanmma dodow yɛ 345
The children of Jericho, three hundred forty-five.
35 Senaa ɔmanmma dodow yɛ 3,630
The children of Senaa, three thousand six hundred thirty.
36 Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae: Yedaia asefo (a wɔnam Yesua fi so) dodow yɛ 973
The priests: the children of Jadaia of the house of Josue, nine hundred seventy-three.
37 Imer asefo dodow yɛ 1,052
The children of Emmer, a thousand fifty-two.
38 Pashur asefo dodow yɛ 1,247
The children of Pheshur, a thousand two hundred forty-seven.
39 Harim asefo dodow yɛ 1,017
The children of Harim, a thousand and seventeen.
40 Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae: Yesua ne Kadmiel asefo (Hodawia asefo) dodow yɛ 74
The Levites: the children of Josue and of Cedmihel, the children of Odovia, seventy-four.
41 Nnwontofo: Asaf asefo mu nnwontofo dodow yɛ 128
The singing men: the children of Asaph, a hundred twenty-eight.
42 Aponanohwɛfo: Salum, Ater, Talmon asefo Akub, Hatita ne Sobai asefo 139
The children of the porters: the children of Sellum, the children of Ater, the children of Telmon, the children of Accub, the children of Hatita, the children of Sobai: in all a hundred thirty-nine.
43 Saa asɔredan mu asomfo asefo yi na wofi nnommum mu bae: Siha, Hasufa, Tabaot,
The Nathinites: the children of Siha, the children of Hasupha, the children of Tabbaoth,
44 Keros, Siaha, Padon,
The children of Ceros, the children of Sia, the children of Phadon,
45 Lebana, Hagaba, Akub,
The children of Lebana, the children of Hegaba, the children of Accub,
46 Hagab, Samlai, Hanan,
The children of Hagab, the children of Semlai, the children of Hanan,
47 Gidel, Gahar, Reaia,
The children of Gaddel, the children of Gaher, the children of Raaia,
48 Resin, Nekoda, Gasam,
The children of Basin, the children of Necoda, the children of Gazam,
49 Usa, Paseah, Besai,
The children of Asa, the children of Phasea, the children of Besee,
50 Asna, Meunim, Nefisi,
The children of Asena, the children of Munim, the children of Nephusim,
51 Bakbuk, Hakufa, Harhur,
The children of Bacbuc, the children of Hacupha, the children of Harhur,
52 Baslut, Mehida, Harsa,
The children of Besluth, the children of Mahida, the children of Harsa,
53 Barkos, Sisera, Tema,
The children of Bercos, the children of Sisara, the children of Thema,
54 Nesia ne Hatifa.
The children of Nasia, the children of Hatipha,
55 Ɔhene Salomo asomfo asefo yi nso fi nnommum mu bae: Sotai, Hasoferet, Peruda,
The children of the servants of Solomon, the children of Sotai, the children of Sopheret, the children of Pharuda,
56 Yaala, Darkon, Gidel,
The children of Jala, the children of Dercon, the children of Geddel,
57 Sefatia, Hatil, Pokeret-Hasebaim ne Ami.
The children of Saphatia, the children of Hatil, the children of Phochereth, which were of Asebaim, the children of Ami,
58 Na asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no dodow yɛ 362
All the Nathinites, and the children of the servants of Solomon, three hundred ninety-two.
59 Saa bere no, kuw foforo a wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkurow so san baa Yerusalem. Nanso wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafo yɛ Israel asefo. Saa nnipakuw yi ne:
And these are they that came up from Thelmela, Thelharsa, Cherub, and Adon, and Emer. And they could not shew the house of their fathers and their seed, whether they were of Israel.
60 Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodow yɛ 652
The children of Dalaia, the children of Tobia, the children of Necoda, six hundred fifty-two.
61 Asɔfo mmusua abiɛsa: Habaia, Hakos ne Barsilai no nso san baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ofi Gilead no mmabea no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)
And of the children of the priests: the children of Hobia, the children of Accos, the children of Berzellai, who took a wife of the daughters of Berzellai, the Galaadite, and was called by their name:
62 Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo.
These sought the writing of their genealogy, and found it not, and they were cast out of the priesthood.
63 Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade.
And Athersatha said to them, that they should not eat of the holy of holies, till there arose a priest learned and perfect.
64 Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia,
All the multitudes as one man, were forty-two thousand three hundred and sixty:
65 a asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason nka ho, ne nnwontofo ahannu a wɔyɛ mmarima ne mmea.
Besides their menservants, and womenservants, of whom there were seven thousand three hundred and thirty-seven: and among them singing men, and singing women two hundred.
66 Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa asia, mfurum ahannu aduanan anum,
Their horses seven hundred thirty-six, their mules two hundred forty-five,
67 yoma ahannan aduasa anum ne mfurumpɔnkɔ mpem asia ne ahanson aduonu kaa wɔn ho kɔe.
Their camels four hundred thirty-five, their asses six thousand seven hundred and twenty.
68 Bere a woduu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofo no bi fii koma pa mu yii ntoboa a wɔde besiesie Awurade asɔredan no wɔ ne sibea dedaw mu hɔ.
And some of the chief of the fathers, when they came to the temple of the Lord, which is in Jerusalem, offered freely to the house of the Lord to build it in its place.
69 Na ntuanoni biara maa nea obetumi. Akyɛde a wɔde mae no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika nnwetɛbona mpem aduosia baako, dwetɛ nkaribo pɔn mpem ahansia ahannu aduonum na asɔfotade ɔha a wɔde bɛma asɔfo.
According to their ability, they gave towards the expenses of the work, sixty-one thousand solids of gold, five thousand pounds of silver, and a hundred garments for the priests.
70 Enti asɔfo, Lewifo, nnwontofo, aponanohwɛfo, asɔredan mu asomfo ne ɔmanmma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem no. Nkae no san kɔɔ Yuda nkurow afoforo bi a wofi hɔ bae no so.
So the priests and the Levites, and some of the people, and the singing men, and the porters, and the Nathinites dwelt in their cities, and all Israel in their cities.

< Ɛsra 2 >