< Hesekiel 9 >
1 Afei metee sɛ ɔde nne kɛse teɛ mu se, “Momfa kuropɔn no awɛmfo no mmra ha, a obiara kura akode.”
Then I heard Him call out in a loud voice, saying, “Draw near, O executioners of the city, each with a weapon of destruction in hand.”
2 Mihuu sɛ mmarima baasia fi atifi pon a ɛkyerɛ atifi fam reba, na obiara kura awudi akode. Na ɔbarima bi a ofura nwera na nkyerɛwde kotoku bɔ ne nkyɛn mu ka wɔn ho. Wɔba begyinaa kɔbere mfrafrae afɔremuka no ho.
And I saw six men coming from the direction of the Upper Gate, which faces north, each with a weapon of slaughter in his hand. With them was another man clothed in linen who had a writing kit at his side. And they came in and stood beside the bronze altar.
3 Na Israel Nyankopɔn anuonyam maa ne ho so fi kerubim no so, faako a na anka ɛwɔ no, kɔɔ asɔredan no kwan ano. Afei Awurade frɛɛ ɔbarima a na ofura nwera na nkyerɛwde kotoku bɔ ne nkyɛn mu no
Then the glory of the God of Israel rose from above the cherubim, where it had been, and moved to the threshold of the temple. And He called to the man clothed in linen who had the writing kit at his side.
4 ka kyerɛɛ no se, “Nantew fa Yerusalem nkuropɔn nyinaa mu na fa agyiraehyɛde keka wɔn a wosu na wodi awerɛhow wɔ akyiwadeyɛ a ɛkɔ so nyinaa ho no moma so.”
“Go throughout the city of Jerusalem,” said the LORD, “and put a mark on the foreheads of the men sighing and groaning over all the abominations committed there.”
5 Meretie no, ɔka kyerɛɛ wɔn a aka no se, “Munni nʼakyi mfa kuropɔn no mu na munkunkum, a monnkyerɛ ahummɔbɔ anaa ɔtema biara.
And as I listened, He said to the others, “Follow him through the city and start killing; do not show pity or spare anyone!
6 Munkunkum nkwakoraa, mmerante ne mmeawa, mmea ne mmofra, nanso mommfa mo nsa nka obi a ɔwɔ agyiraehyɛde no. Mumfi ase wɔ me kronkronbea hɔ.” Enti wɔde mpanyimfo a wɔwɔ asɔredan no anim no fii ase.
Slaughter the old men, the young men and maidens, the women and children; but do not go near anyone who has the mark. Now begin at My sanctuary.” So they began with the elders who were before the temple.
7 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mungu asɔredan no ho fi na momfa wɔn a wɔakunkum wɔn no nhyɛ adiwo hɔ ma. Monkɔ!” Enti wɔkɔe, na wofii ase kunkum nnipa wɔ Yerusalem kuropɔn no mu nyinaa.
Then He told them, “Defile the temple and fill the courts with the slain. Go forth!” So they went out and began killing throughout the city.
8 Bere a wɔrekunkum na aka me nko ara no, mibutuw hɔ sui se, “Aa, Otumfo Awurade! Worebɛsɛe Israel nkae yi nyinaa esiane wʼabufuwhyew a aba Yerusalem so yi nti ana?”
While they were killing, I was left alone. And I fell facedown and cried out, “Oh, Lord GOD, when You pour out Your wrath on Jerusalem, will You destroy the entire remnant of Israel?”
9 Na obuaa me se, “Israelfi ne Yuda amumɔyɛ dɔɔso dodo; mogyahwiegu ahyɛ asase no so ma na ntɛnkyew ahyɛ asase no so ma. Wɔka se, ‘Awurade agyaw asase no; Awurade nhu.’
He replied, “The iniquity of the house of Israel and Judah is exceedingly great. The land is full of bloodshed, and the city is full of perversity. For they say, ‘The LORD has forsaken the land; the LORD does not see.’
10 Ɛno nti, merenhu wɔn mmɔbɔ na meremma wɔmmfa wɔn ho nni, na mɛma nea wɔayɛ no abɔ wɔn ankasa ti so.”
But as for Me, I will not look on them with pity, nor will I spare them. I will bring their deeds down upon their own heads.”
11 Afei ɔbarima a ofura nwera na nkyerɛwe ade bɔ ne nkyɛn mu no de nkra bae se, “Mayɛ sɛnea wohyɛe no.”
Then the man clothed in linen with the writing kit at his side reported back, “I have done as You commanded.”