< Hesekiel 7 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
And the word of the Lord came to me, saying:
2 “Onipa ba, eyi ne asɛm a Otumfo Awurade ka kyerɛ Israel asase no: “‘Awiei no! Awiei no adu asase no ntwea anan no so.
And thou son of man, thus saith the Lord God to the land of Israel: The end is come, the end is come upon the four quarters of the land.
3 Awiei no adu wɔ wo so, na mehwie mʼabufuwhyew agu wo so. Megyina wʼabrabɔ so abu wo atɛn na matua wo ka wɔ wo nneyɛe bɔne nyinaa ho.
Now is an end come upon thee, and I will send my wrath upon thee, and I will judge thee according to thy ways: and I will set all thy abominations against thee.
4 Merenhu wo mmɔbɔ na meremfa wo ho nkyɛ wo. Ampa ara metua wo ka wɔ wo suban ne nneyɛe bɔne a ɛwɔ wo mu no ho, na moahu sɛ mene Awurade.’
And my eye shall not spare thee, and I will shew thee no pity: but I will lay thy ways upon thee, and thy abominations shall be in the midst of thee: and you shall know that I am the Lord.
5 “Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Atoyerɛnkyɛm! Atoyerɛnkyɛm a wontee da nam kwan so reba.
Thus saith the Lord God: One affliction, behold an affliction is come.
6 Awiei no aba! Awiei no aba! Ama ne ho so atia wo. Aba!
An end is come, the end is come, it hath awaked against thee: behold it is come.
7 Ɔsɛe aba mo so, aba mo a mote asase no so no so. Bere no adu, da no abɛn; huboabɔ a ɛnyɛ mmepɔw so ahosɛpɛw.
Destruction is come upon thee that dwellest in the land: the time is come, the day of slaughter is near, and not of the joy of mountains.
8 Merebehwie mʼabufuwhyew agu wo so de awie mʼabufuw a etia wo no. Megyina wo nneyɛe so abu wo atɛn, na matua wo nneyɛe bɔne nyinaa so ka.
Now very shortly I will pour out my wrath upon thee, and I will accomplish my anger in thee: and I will judge thee according to thy ways, and I will lay upon thee all thy crimes.
9 Merenhu wo mmɔbɔ, na meremfa wo ho nkyɛ wo. Metua wo ka wɔ wo suban ne nneyɛe bɔne a ɛwɔ wo mu no ho. Afei mubehu sɛ me, Awurade, na mebobɔ mo.
And my eye shall not spare, neither will I shew mercy: but I will lay thy ways upon thee, and thy abominations shall be in the midst of thee: and you shall know that I am the Lord that strike.
10 “‘Da no ni; hwɛ, aba! Atemmuda no apue, abaa no afefɛw, ahantan ahaahan!
Behold the day, behold it is come: destruction is gone forth, the rod hath blossomed, pride hath budded.
11 Kitikitiyɛ asɔre, abaa a wɔde twe amumɔyɛ aso. Ɛrenka nnipa no mu biara, dɔm no mu biara, ahonyade ne nea ɛsom bo biara renka.
Iniquity is risen up into a rod of impiety: nothing of them shall remain, nor of their people, nor of the noise of them: and there shall be no rest among them.
12 Bere no aso, da no adu. Mma adetɔni ani nnye anaa ɔdetɔnfo werɛ nhow, efisɛ abufuwhyew wɔ nnipadɔm no nyinaa so.
The time is come, the day is at hand: let not the buyer rejoice: nor the seller mourn: for wrath is upon all the people thereof.
13 Nea ɔtɔn no nsa renka asase a watɔn no bio wɔ bere a wɔn baanu te ase, efisɛ anisoadehu a ɛfa nnipadɔm no nyinaa ho no rensesa. Wɔn bɔne nti, wɔn mu baako koraa remfa ne ho nni.
For the seller shall not return to that which he hath sold, although their life be yet among the living. For the vision which regardeth all the multitude thereof, shall not go back: neither shall man be strengthened in the iniquity of his life.
14 “‘Wɔahyɛn akobɛn no, na wɔboaboa biribiara ano de, nanso obiara renkɔ ɔsa, efisɛ mʼabufuwhyew wɔ nnipakuw no nyinaa so.
Blow the trumpet, let all be made ready, yet there is none to go to the battle: for my wrath shall be upon all the people thereof.
15 Afoa wɔ mfikyiri na ɔyaredɔm ne ɔkɔm wɔ fie; wɔn a wɔwɔ ɔman no mu bɛtotɔ wɔ afoa ano. Wɔn a wɔwɔ kuropɔn no mu no, ɔyaredɔm ne ɔkɔm bekum wɔn.
The sword without: and the pestilence, and the famine within: he that is in the field shall die by the sword: and they that are in the city, shall be devoured by the pestilence, and the famine.
16 Wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu na wɔaguan no bɛtena mmepɔw no so. Na wɔakurum te sɛ aku mu mmorɔnoma, wɔn mu biara bɔne nti.
And such of them as shall flee shall escape: and they shall be in the mountains like doves of the valleys, all of them trembling, every one for his iniquity.
17 Nsa nyinaa bedwudwo na nkotodwe nyinaa ayɛ mmrɛw sɛ nsu.
All hands shall be made feeble, and all knees shall run with water.
18 Wobefurafura atweaatam na wɔabɔ huboa. Aniwu bɛkata wɔn anim na wɔayi wɔn tinwi.
And they shall gird themselves with haircloth, and fear shall cover them, and shame shall be upon every face, and baldness upon all their heads.
19 “‘Wɔbɛtow wɔn dwetɛ agu mmɔnten so, na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ ade a ɛho ntew. Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ rentumi nnye wɔn Awurade abufuwhyew da no. Ɛrenkum wɔn kɔm na ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma, efisɛ ayɛ wɔn hintidua de wɔn akɔ bɔne mu.
Their silver shall be cast forth, and their gold shall become a dunghill. Their silver and their gold shall not be able to deliver them in the day of the wrath of the Lord. They shall not satisfy their soul, and their bellies shall not be filled: because it hath been the stumblingblock of their iniquity.
20 Na wɔde wɔn nnwinne afɛfɛ no hoahoa wɔn ho, na wɔde yeyɛɛ wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwade ne nsɛsode tantan. Enti mɛdan eyinom nneɛma a ho ntew no ama wɔn.
And they have turned the ornament of their jewels into pride, and have made of it the images of their abominations, and idols: therefore I have made it an uncleanness to them.
21 Mede ne nyinaa bɛma ananafo sɛ asade na mede ama asase so atirimɔdenfo sɛ akorɔnne, na wobegu ho fi.
And I will give it into the hands of strangers for spoil, and to the wicked of the earth for a prey, and they shall defile it.
22 Meyi mʼani afi wɔn so na wobegu beae a ɛsom me bo no ho fi. Akorɔmfo bewura hɔ na wɔagu ho fi.
And I will turn away my face from them, and they shall violate my secret place: and robbers shall enter into it, and defile it.
23 “‘Monyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn, efisɛ mogyahwiegu ayɛ asase no so ma, na akakabensɛm ahyɛ kuropɔn no ma.
Make a shutting up: for the land is full of the judgment of blood, and the city is full of iniquity.
24 Mɛma aman no mu otirimɔdenfo pa ara abɛfa wɔn afi; mɛma ɔhoɔdenfo ahomaso aba awiei, na wɔn kronkrommea ho begu fi.
And I will bring the worse of the nations, and they shall possess their houses: and I will make the pride of the mighty to cease, and they shall possess their sanctuary.
25 Sɛ ehu ba a, wɔbɛhwehwɛ asomdwoe akyi kwan nanso ɛbɛbɔ wɔn.
When distress cometh upon them, they will seek for peace and there shall be none.
26 Atoyerɛnkyɛm bedi atoyerɛnkyɛm akyi aba; huhuhuhu bedi huhuhuhu akyi. Wɔbɛpɛ sɛ wobenya anisoadehu afi odiyifo no hɔ, asɔfo no nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho no bɛbɔ wɔn, saa ara na wɔrennya afotu mfi mpanyimfo hɔ.
Trouble shall come upon trouble, and rumour upon rumour, and they shall seek a vision of the prophet, and the law shall perish from the priest, and counsel from the ancients.
27 Ɔhene no betwa adwo, ɔheneba no befura abawpa, na asase no so nnipa nsa bɛpopo. Me ne wɔn bedi no sɛnea wɔn nneyɛe te na megyina wɔn tebea so abu wɔn atɛn. Afei wobehu sɛ me ne Awurade no.’”
The king shall mourn, and the prince shall be clothed with sorrow, and the hands of the people of the land shall be troubled. I will do to them according to their way, and will judge them according to their judgments: and they shall know that I am the Lord.

< Hesekiel 7 >