< Hesekiel 6 >
1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
Och Herrans ord skedde till mig, och sade:
2 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Israel mmepɔw, na hyɛ nkɔm tia wɔn,
Du menniskobarn, vänd ditt ansigte åt Israels berg, och prophetera emot dem;
3 na ka se, ‘Mo Israel mmepɔw, muntie Otumfo Awurade asɛm. Sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko, abon ne aku: Merebɛtwe mo so afoa na masɛe mo sorɔnsorɔmmea.
Och säg: I Israels berg, hörer Herrans Herrans ord; detta säger Herren Herren, både till berg och högar, både till bäckar och dalar: Si, jag skall låta komma svärdet öfver eder och förgöra edra höjder.
4 Wobebubu mo afɔremuka ahorow no na wɔasɛe nnuhuam adum; na mekunkum mo nkurɔfo wɔ mo ahoni anim.
Att edor altare skola förödd varda, och edra afgudar sönderslagne och skall låta ihjälslå edra kroppar inför beläten.
5 Mede Israelfo afunu begu wɔn ahoni anim na mede mo nnompe apete mo afɔremuka ahorow ho.
Ja, jag skall fälla Israels barnas kroppar inför edor beläte, och förströ edor ben kringom edor altare.
6 Baabiara a mote no, nkurow no bɛda mpan na ne sorɔnsorɔmmea bɛsɛe, na ama mo afɔremuka ahorow no ada mpan na ayɛ amamfo, mo ahoni abubu na asɛe, mo nnuhuam adum abubu agu fam, na nea moayɛ nso ahwere mo.
Der I bon, der skola städerna öde varda, och höjderna ödeläggas; ty man skall förlägga edor altare, och göra dem öde, och sönderslå edra afgudar, och göra dem till intet och sönderslå edor beläte, och förlägga det I stiktat hafven.
7 Mo nkurɔfo bɛtotɔ wɔ mo mu, na mubehu sɛ mene Awurade.
Och de slagne skola ligga ibland eder, att I skolen förnimma att jag är Herren.
8 “‘Nanso megyaw mo mu bi, efisɛ ebinom beguan afoa ano wɔ bere a moahwete wɔ nsase ne amanaman so.
Men jag vill låta några igenblifva af eder, de der svärdet undslippa skola ibland Hedningarna, när jag eder i landen förstrött hafver.
9 Na afei wɔn a woguan no bɛkae me wɔ amanaman a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ mu no, sɛnea madi awerɛhow wɔ wɔn aguamammɔ koma a wɔde twee wɔn ho fii me nkyɛn, ne wɔn ani a wɔde nyaa akɔnnɔ bɔne maa wɔn ahoni no ho. Wɔn ho bɛyɛ wɔn nwini wɔ bɔne ne akyiwade a wɔayɛ no nti.
De samme edre igenblefne skola då tänka uppå mig ibland Hedningarna, der de fångne vara måste, när jag förkrossat hafver deras horiska hjerta, det ifrå mig viket är, och deras horiska ögon, som efter deras afgudar sett hafva; och dem skall ångra den ondska, som de genom all sin styggelse bedrifvit hafva;
10 Wobehu sɛ mene Awurade na mammɔ wɔn hu kwa sɛ mede saa ɔhaw yi bɛba wɔn so.
Och skola förnimma, att jag är Herren, och hafver icke fåfängt talat, att jag sådana olycka skulle göra dem.
11 “‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mommɔ mo nsam na momfa mo nan mpempem fam na monteɛ mu se, “A!” esiane Israel fi amumɔyɛ ne akyiwade nyinaa nti, wobewuwu afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ano.
Detta säger Herren Herren: Slå dina händer samman, och stampa med dina fötter, och säg ve öfver all den ondskas styggelse i Israels hus, för hvilkas skull de genom svärd, hunger och pestilentie falla måste.
12 Ɔyaredɔm bekum nea ɔwɔ akyirikyiri. Nea ɔbɛn no bɛtɔ afoa ano na nea obefi mu na waka no, ɔkɔm bekum no. Saa na mede mʼabufuwhyew no bɛyɛ wɔn.
Den som långt borto är, han skall dö af pestilentie, och den hardt när är, han skall falla genom svärd; men den som öfverblifver, och derföre förvarad är, han skall dö af hunger; alltså skall jag fullkomna mina grymhet ibland dem;
13 Na wobehu sɛ mene Awurade, bere a wɔn nkurɔfo a watotɔ afunu deda wɔn ahoni ntam atwa wɔn afɔremuka ho ahyia, wɔ nkoko a ɛkorɔn nyinaa so, mmepɔw atifi nyinaa ne nnua a adennan ne odum frɔmfrɔm ase, mmeaemmeae a wɔde nnuhuam bɔ afɔre ma wɔn ahoni nyinaa no.
Att I förnimma skolen, att jag är Herren, när deras slagne skola ligga ibland deras afgudar omkring deras altare, på alla högar, och på all berg, och under all grön trä, och under alla tjocka ekar, i hvilka rum de allahanda afgudom sött rökoffer gjort hafva.
14 Afei mɛteɛ me nsa wɔ wɔn so na mama asase no ada mpan afi nweatam no akosi Ribla, baabiara a wɔtete. Na wobehu sɛ mene Awurade.’”
Jag skall utsträcka mina hand emot dem, och göra landet tomt och öde, allt ifrån öknene intill Diblath, ehvar de bo; och de skola förnimma, att jag är Herren.