< Hesekiel 47 >

1 Ɔbarima no de me san baa asɔredan no kwan ano, na mihuu sɛ asu fi asɔredan no abobow ano ase a ɛsen kɔ apuei fam (na asɔredan no ani hwɛ apuei fam). Na asu no sen fii asɔredan no ase wɔ anafo fam; afɔremuka no anafo fam.
Zatim me odvede natrag k vratima Doma. I gle: voda izvirala ispod praga Doma, prema istoku - jer pročelje Doma bijaše prema istoku - i voda otjecaše ispod desne strane Doma, južno od žrtvenika.
2 Ɔde me fii adi faa atifi fam pon no mu na ɔde me faa mfikyiri baa abɔntenpon a ani hwɛ apuei no, na na asu no sen fi anafo fam.
Zatim me izvede na sjeverna vrata i provede me uokolo vanjskim putem k vanjskim vratima koja gledaju na istok. I gle, voda izvirala s desne strane.
3 Bere a ɔbarima no rekɔ apuei fam a okura susuhama no, osusuw anammɔn apem ahannum, na afei ɔde me faa nsu a ɛdeda nan ase mu.
Čovjek pođe prema istoku s užetom u ruci, izmjeri tisuću lakata i prevede me preko vode, a voda mi sezaše do gležanja.
4 Osusuw anammɔn apem ahannum bio na ɔde me faa nsu a ɛdeda kotodwe mu. Osusuw anammɔn apem ahannum bio na ɔde me faa nsu a ɛdeda sisi mu.
Ondje opet izmjeri tisuću lakata i provede me preko vode, a voda bijaše do koljena. I opet izmjeri tisuću lakata i prevede me preko vode što bijaše do bokova.
5 Osusuw anammɔn apem ahannum bio na afei na asu no ayɛ asubɔnten a merentumi ntwa, efisɛ na mu dɔ nti, ɛsɛ sɛ woguare asubɔnten a obiara ntumi ntwa.
Opet izmjeri tisuću lakata, ali ondje bijaše potok koji ne mogoh prijeći jer je voda nabujala te je trebalo plivati: bijaše to potok koji se ne može prijeći.
6 Obisaa me se, “Onipa ba wuhu eyi ana?” Afei ɔsan de me baa asubɔnten no konkɔn so.
I upita me: “Vidiš li, sine čovječji?” I odvede me natrag, na obalu potoka.
7 Miduu hɔ no, mihuu nnua bebree wɔ asubɔnten no konkɔn abien no so.
I kad se vratih, gle, na obali s obje strane mnoga stabla.
8 Ɔka kyerɛɛ me se, “Saa asu yi sen kɔ apuei fam kɔbɔ Araba mu na hɔ na ɛbɔ po mu. Faako a ɛbɔ po mu hɔ no na nkyene nni asu no mu.
I reče mi: “Ova voda teče u istočni kraj, spušta se u Arabu i teče u more; a kad se u more izlije, vode mu ozdrave.
9 Baabiara a asu no sen fa no, abɔde a wɔwɔ nkwa bebree bɛtena hɔ. Mpataa bebree bɛba hɔ efisɛ saa asu no sen fa hɔ na ɛma nsu a ɛyɛ nkyenenkyene no yɛ nsu pa; biribiara yɛ yiye wɔ baabiara a asu no sen fa.
I kuda god potok protječe, sve živo što se miče oživi; i bit će vrlo mnogo riba, jer kamo god dođe ova voda, sve ozdravi i oživi - kuda god protječe ovaj potok.
10 Apopofo begyinagyina mpoano hɔ; efi En-Gedi kosi En-Eglaim, wobenya baabi ahata wɔn asau. Mpataa no bɛyɛ ahorow bebree te sɛ mpataa a ɛwɔ Po kɛse no mu.
I ribari će ribariti duž mora: od En Gedija do En Eglajima sušit će se mreže; i bit će vrlo mnogo svakovrsnih riba kao u Velikom moru.
11 Nanso dontori ne aforɔw no de, ɛbɛtena hɔ saa ara. Wobegyaw hɔ ama adan nkyene.
A močvare onoga mora i njegove bare neće ozdraviti: bit će za sol.
12 Nnuaba nnua ahorow benyin wɔ asubɔnten no konkɔn abien no so. Wɔn nhaban rempo, na wɔn abasow renni huammɔ. Wɔbɛsow aba ɔsram biara, efisɛ nsu a efi kronkronbea hɔ no sen kɔ hɔ. Wɔn aba bɛyɛ aduan na wɔde wɔn nhaban asa yare.”
Duž potoka na obje strane rast će svakovrsne voćke: lišće im neće otpadati i s njih neće nestajati ploda; svakog će mjeseca roditi novim plodom jer im voda dotječe iz Svetišta. Plod će njihov biti za jelo, a lišće za lijek'.
13 Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “Ahye a wobɛtoto de akyekyɛ asase no mu ama Israel mmusuakuw dumien no sɛ agyapade a kyɛfa abien bɛyɛ Yosef dea no ni.
Ovako govori Jahve Gospod: 'Ovo su granice u kojima ćete podijeliti zemlju u baštinu među dvanaest plemena Izraelovih - Josipu dva dijela.
14 Wobɛkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ ama wɔn. Efisɛ memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma mo agyanom na saa asase yi bɛyɛ mo agyapade.
Svakom će od vas pripasti podjednako od zemlje koju se zakleh dati vašim ocima, a vama će pripasti u baštinu.
15 “Eyi na ɛbɛyɛ asase no hye: “Atifi fam hye no bɛfa Hetlon kwan so akofi Po kɛse no, atwa mu Lebo Hamat akɔ Sedad,
Ovo su, dakle, granice zemlje: na sjeveru, od Velikoga mora put Hetlona do Ulaza u Hamat: Sedad,
16 Berota ne Sibraim (a ɛda Damasko ne Hamat hye no ntam), na atoa so akɔ Haser Hatikon a ɛno nso wɔ Hauran hye so.
Berota, Sibrajim, između kraja damaščanskog i hamatskoga, i Haser Enon, prema granici hauranskoj.
17 Ɔhye no befi po no, afa Damasko atifi fam hye so akosi Hasar-Enan na Hamat hye no abɛda atifi fam. Eyi na ɛbɛyɛ atifi fam hye.
Granica će se, dakle, protezati od mora do Haser Enona, kojemu je na sjeveru kraj damaščanski i hamatski - sjeverna strana.
18 Apuei fam hye no befi Hauran ne Damasko ntam afa Yordan a ɛda Gilead ne Israel asase no ntam, atoa so afa apuei fam po no akosi Tamar. Eyi na ɛbɛyɛ apuei fam hye.”
Istočna strana: između Haurana i Damaska, između Gileada i zemlje izraelske, pa Jordanom kao granicom prema istočnomu moru do Tamara - istočna strana.
19 Anafo fam hye no befi Tamar akɔ Meriba Kades nsuwansuwa ho, na atoa so afa Misraim asuwa akosi Po Kɛse no. Eyi na ɛbɛyɛ anafo fam hye.
Južna strana: prema jugu od Tamara do Meripskih voda i Kadeša pa potokom prema Velikomu moru - južna strana, prema jugu.
20 Atɔe fam no, Po Kɛse no bɛyɛ ɔhye akosi faako a ɛne Lebo Hamat di nhwɛanim. Eyi bɛyɛ atɔe fam hye.
A zapadna strana: granica je Veliko more pa do nadomak Ulaza u Hamat - zapadna strana.
21 “Monkyekyɛ asase yi mma mo ho mo ho, sɛnea Israel mmusuakuw no te.
Tu zemlju razdijelite među sobom po plemenima Izraelovim.
22 Monkyekyɛ mu sɛ agyapade mma mo ho ne ahɔho a wɔte mo mu a wɔwɔ mma. Ɛsɛ sɛ mofa wɔn sɛ nnipa a wɔawo wɔn sɛ Israelfo te sɛ mo ara; ɛsɛ sɛ wonya kyɛfa wɔ Israel mmusuakuw no mu.
Razdijelit ćete je ždrijebom u baštinu između sebe i između došljaka koji žive među vama i koji među vama djecu narodiše: i njih ćete smatrati domorocima među Izraelovim sinovima, da i oni dobiju ždrijebom baštinu među Izraelovim sinovima.
23 Abusuakuw biara a ɔhɔho bi bɛdɔm no, mu na ɛsɛ sɛ wɔma no nʼagyapade,” Otumfo Awurade asɛm ni.
Svakome tom došljaku dodijelite baštinu u plemenu u kojem živi - riječ je Jahve Gospoda.

< Hesekiel 47 >