< Hesekiel 46 >

1 “‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛsɛ sɛ wɔto mfimfini adiwo pon a ani hwɛ apuei no mu nnafua asia a wɔde yɛ adwuma, nanso Homeda ne Ɔsram Foforo da no de, ɛsɛ sɛ wɔma ano da hɔ.
Thus saith the Lord God; The gate that is in the inner court, that looks eastward, shall be shut the six working days; [but] let it be opened on the sabbath-day, and it shall be opened on the day of the new moon.
2 Ɔhene no befi mfikyiri awura ɔpon no ntwironoo mu na wabegyina apongua no ho. Asɔfo no de ne hyew afɔrebɔde ne asomdwoe afɔrebɔde bɛbɔ afɔre. Ɔbɛsɔre wɔ ɔpon no abobow ano na wasan apue, nanso wɔrento ɔpon no mu kosi anwummere.
And the prince shall enter by the way of the porch of the inner gate, and shall stand at the entrance of the gate, and the priests shall prepare his whole-burnt-offerings and his peace-offerings, and he shall worship at the entrance of the gate: then shall he come forth; but the gate shall not be shut till evening.
3 Homenna ne ɔsram foforo nna no, ɛsɛ sɛ asase no sofo sɔre wɔ Awurade anim wɔ ɔpon no abobow ano.
And the people of the land shall worship at the entrance of that gate, both on the sabbaths and at the new moons, before the Lord.
4 Afɔrebɔde a ɛsɛ sɛ ɔhene no de brɛ Awurade wɔ Homeda no yɛ nguantenmma asia ne Odwennini baako a wɔn mu biara ho nni dɛm.
And the prince shall offer whole-burnt-offerings to the Lord on the sabbath-day, six lambs without blemish, and a ram without blemish;
5 Aduan afɔrebɔde a wɔde ka Odwennini no ho yɛ kilogram dunsia, na nea wɔde ka nguantenmma no ho yɛ nea ɛsɔ ani, na ɔde ngo lita anan ka aduan kilogram dunsia biara ho.
and a freewill-offering, a meat-offering for the ram, and a meat-offering for the lambs, the gift of his hand, and a hin of oil for the meat-offering.
6 Ɔsram Foforo da no, ɔmfa nantwi ba a ɔyɛ onini, nguantenmma asia ne adwennini a wɔn mu biara nnii dɛm mmra.
And on the day of the new moon a calf without blemish, and six lambs, and there shall be a ram without blemish;
7 Ɔmfa atoko kilogram dunsia nka nantwinini no ho ne adwennini no nso saa ara, na nguantenmma no de, ɔmfa atoko dodow a ɔpɛ sɛ ɔde ma. Ɔmfa ngo lita anan nka atoko kilogram dunsia biara ho mmra sɛ aduan afɔrebɔde.
and a meat-offering for the ram, and there shall be a meat-offering for the calf as a freewill-offering, and for the lambs, according as his hand can furnish, and [there shall be] a hin of oil for the cake.
8 Na sɛ ɔhene no rebɛhyɛn mu a, ɔmfa ɔpon no ntwironoo no mu, na ɛsɛ sɛ hɔ ara na ɔfa de fi adi.
And when the prince goes in, he shall go in by the way of the porch of the gate, and he shall go forth by the way of the gate.
9 “‘Na sɛ asase no sofo ba Awurade anim apontonna no a, nea ɔbɛfa atifi pon no mu akɔ mu akɔsɔre no, ɔmfa anafo pon no mu mfi adi; saa ara na nea ɔfa anafo pon mu kɔ mu no nso mfa atifi pon no mu mfi adi. Ɛnsɛ sɛ obiara san fa ɔpon a ɔfaa mu hyɛn mu no mu fi adi.
And whenever the people of the land shall go in before the Lord at the feasts, he that goes in by the way of the north gate to worship shall go forth by the way of the south gate; and he that goes in by the way of the south gate shall go forth by the way of the north gate: he shall not return by the gate by which he entered, but he shall go forth opposite it.
10 Ɛsɛ sɛ ɔhene no fra wɔn mu; ɔne wɔn bɛba mu na ɔne wɔn afi adi.
And the prince shall enter with them in the midst of them when they go in; and when they go forth, he shall go forth.
11 “‘Afahyɛ ne apontonna no, aduan afɔrebɔde no nyɛ nantwinini baako ne atoko kilogram dunsia, adwennini ne atoko kilogram dunsia, na nguantenmma no de, atoko dodow a ɛsɔ ani na ɔde bɛka ho, na ngo lita anan ka atoko kilogram dunsia biara ho.
And in the feasts and in the general assemblies the freewill oblation shall be a meat-offering for the calf, and a meat-offering for the ram, and for the lambs, as his hand can furnish, and a hin of oil for the meat-offering.
12 “‘Bere biara a ɔhene no befi ne pɛ mu abɔ afɔre ama Awurade no, sɛ ɛyɛ ɔhyew afɔre anaa asomdwoe afɔre no, ɛsɛ sɛ wobue ɔpon a ɛkyerɛ apuei no ma no. Ɔbɛbɔ ne ɔhyew anaa nʼasomdwoe afɔre no sɛnea ɔyɛ no wɔ Homeda no. Afei obefi adi, na ɛno akyi no wɔbɛto ɔpon no mu.
And if the prince should prepare [as] a thanksgiving a whole-burnt-peace-offering to the Lord, and should open for himself the gate looking eastward, and offer his whole-burnt-offering, and his peace-offerings, as he does on the sabbath-day; then shall he go out, and shall shut the doors after he has gone out.
13 “‘Da biara da, anɔpa biara, ɛsɛ sɛ wode oguamma a wadi afe na onni dɛm bɛbɔ ɔhyew afɔre ma Awurade.
And he shall prepare daily as a whole-burnt-offering to the Lord a lamb of a year old without blemish: in the morning shall he prepare it.
14 Anɔpa biara ɛsɛ sɛ wobɔ aduan afɔre a ɛyɛ atoko kilogram abiɛsa ne ngo lita baako ne fa a wɔde bɛfɔtɔw siam no. Aduan afɔre a wɔbɔ ma Awurade yi yɛ nhyehyɛe a ɛbɛtena hɔ daa.
And he shall prepare a freewill-offering for it in the morning, the sixth part of a measure [of flour], and a third part of a hin of oil to mix [therewith] the fine flour, [as] a freewill-offering to the Lord, a perpetual ordinance.
15 Ɛno nti wɔde oguamma ne atoko afɔrebɔde ne ngo no bɛma anɔpa biara sɛ daa ɔhyew afɔrebɔde.
Ye shall prepare the lamb, and the freewill-offering, and the oil in the morning, [for] a perpetual whole-burnt-sacrifice.
16 “‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ ɔhene no de nʼagyapade no mu bi kyɛ ne mmabarima no mu bi a, ɛbɛyɛ nʼasefo dea na ɛyɛ wɔn agyapade.
Thus saith the Lord God; If the prince shall give a gift to one of his sons out of his inheritance, this shall be to his sons a possession [as] an inheritance.
17 Nanso sɛ ɔde nʼagyapade no mu bi kyɛ nʼasomfo no mu bi a, ɛbɛyɛ ɔsomfo no dea kosi nʼahofadi afe. Ɛno akyi ɛbɛsan abɛyɛ ɔhene no dea. Nʼagyapade yɛ ne mmabarima nko ara dea.
But if he give a gift to one of his servants, then it shall belong to him until the year of release; and [then] he shall restore [it] to the prince: but of the inheritance of his sons [the possession] shall continue to them.
18 Ɛnsɛ sɛ ɔhene no gye nnipa no agyapade biara, pam wɔn fi wɔn asase so. Ɛsɛ sɛ ɔma ne mmabarima agyapade fi ɔno ankasa ahode mu, sɛnea me nkurɔfo mu biara remfi nʼasase so.’”
And the prince shall by no means take of the inheritance of the people, to oppress them: he shall give an inheritance to his sons out of his [own] possession: that my people be not scattered, every one from his possession.
19 Afei ɔbarima no de me faa ɔkwan a ɛda ɔpon no nkyɛn mu a ɛkɔ adan akronkron a ɛkyerɛ atifi fam no, nea ɛyɛ asɔfo no dea no mu, na ɔkyerɛɛ me beae bi a ɛwɔ atɔe fam.
And he brought me into the entrance of the [place] behind the gate, into the chamber of the sanctuary belonging to the priests, that looks toward the north: and, behold, there was a place set apart.
20 Ɔka kyerɛɛ me se: “Ɛha ne baabi a asɔfo no bɛnoa afɔdi afɔrebɔde ne bɔne afɔrebɔde na wɔato atoko afɔrebɔde, sɛnea wɔremfa mma mfikyiri adiwo hɔ mmedwira nkurɔfo no ho.”
And he said to me, This is the place where the priests shall boil the trespass-offerings and the sin-offerings, and there shall they bake the meat-offering always; so as not to carry [them] out into the outer court, to sanctify the people.
21 Ɔde me baa adiwo a ɛwɔ afikyiri hɔ no na odii mʼanim de me kɔɔ ne ntwea anan no so, na mihuu adiwo foforo wɔ twea biara so.
And he brought me into the outer court, and led me round upon the four sides of the court; and, behold, there was a court on [each of] the sides of the court,
22 Mfikyiri adiwo no ntwea so anan no mu biara wɔ adiwo a ɛhyɛ mu a ne tenten yɛ anammɔn aduosia na ne trɛw yɛ anammɔn aduanan anum; na saa adiwo yi nyinaa kɛse yɛ pɛ.
on [every] side a court, [even] a court for all the four [sides], and [each] little court belonging to the court was in length forty cubits, and [in] breadth thirty cubits, [there was] one measure to the four.
23 Afasu no mu biara anim no na wɔahyehyɛ abo de ase no ayɛ muka wɔ afaafa nyinaa.
And [there were] chambers in them round about, round about the four, and cooking-places formed under the chambers round about.
24 Ɔka kyerɛɛ me se, “Eyinom ne mukaase a wɔn a wɔsom wɔ asɔredan mu no bɛnoa nkurɔfo no afɔrebɔde.”
And he said to me, These are the cooks' houses, where they that serve the house shall boil the sacrifices of the people.

< Hesekiel 46 >