< Hesekiel 45 >

1 “‘Sɛ mokyekyɛ asase no mu sɛ agyapade a, ɛsɛ sɛ mode fa bi ma Awurade sɛ ɔmantam kronkron a ne tenten yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahanum, na ne trɛw nso yɛ anammɔn mpem aduasa; saa beae no nyinaa bɛyɛ kronkron.
你们拈阄分地为业,要献上一分给耶和华为圣供地,长二万五千肘,宽一万肘。这分以内,四围都为圣地。
2 Wobegyaw asase yi mu bi a ɛyɛ ahinanan a ne fa biara yɛ anammɔn ahanson ne aduonum ama kronkronbea, na mfikyisase a atwa ho ahyia no trɛw yɛ anammɔn aduɔson anum.
其中有作为圣所之地,长五百肘,宽五百肘,四面见方。四围再有五十肘为郊野之地。
3 Munsusuw ɔmantam kronkron asase no mu bi a ne tenten yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum na ne trɛw nso yɛ anammɔn mpem dunum. Ɛhɔ na wobesi kronkronbea, Kronkron Mu Kronkron no.
要以肘为度量地,长二万五千肘,宽一万肘。其中有圣所,是至圣的。
4 Ɛbɛyɛ asase no fa a ɛyɛ kronkron ma asɔfo a wɔsom wɔ kronkronbea na wɔbɛn Awurade, na wɔsom wɔ nʼanim. Ɛhɔ na wobesisi wɔn afi na ayɛ beae kronkron ama kronkronbea no nso.
这是全地的一分圣地,要归与供圣所职事的祭司,就是亲近事奉耶和华的,作为他们房屋之地与圣所之圣地。
5 Asase a ne tenten yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum na ne trɛw nso yɛ anammɔn mpem dunum bɛyɛ beae a wɔbɛkyekye nkurow ama Lewifo a wɔsom wɔ asɔredan mu no atena mu sɛ wɔn agyapade.
又有一分,长二万五千肘,宽一万肘,要归与在殿中供职的利未人,作为二十间房屋之业。
6 “‘Wobegyaw asase a ne trɛw yɛ anammɔn mpem ason ne ahannum na ne tenten nso yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum a ɛtoa beae kronkron no so no ama kuropɔn no; ɛbɛyɛ Israelfi nyinaa de.
也要分定属城的地业,宽五千肘,长二万五千肘,挨着那分圣供地,要归以色列全家。
7 “‘Ɔhene no bɛfa asase a ɛne ɔmantam kronkron no ne kuropɔn no dabea bɔ hye. Ɛbɛtrɛw akɔ atɔe fam ne apuei fam akɔpem atɔe ne apuei ahye so, na ɛne mmusuakuw no mu baako asase abɔ hye wɔ atifi fam ne anafo fam.
归王之地要在圣供地和属城之地的两旁,就是圣供地和属城之地的旁边,西至西头,东至东头,从西到东,其长与每支派的分一样。
8 Asase no bɛyɛ nʼagyapade wɔ Israel. Na me mmapɔmma renhyɛ me nkurɔfo so bio, na mmom wɔbɛma Israelfo kwan ama wɔafa asase no sɛnea wɔn mmusuakuw no te.
这地在以色列中必归王为业。我所立的王必不再欺压我的民,却要按支派将地分给以色列家。
9 “‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Moadu akyiri pa ara. Israel mmapɔmma! Munnyae mo basabasayɛ ne mo nhyɛso na monyɛ nea ɛteɛ na eye. Munnyae me nkurɔfo nsase a mugyigyei no, Otumfo Awurade asɛm ni.
主耶和华如此说:“以色列的王啊,你们应当知足,要除掉强暴和抢夺的事,施行公平和公义,不再勒索我的民。这是主耶和华说的。
10 Ɛsɛ sɛ mode nsania ne asusude a ɛyɛ pɛ susuw ade.
“你们要用公道天平、公道伊法、公道罢特。
11 Kɛntɛn baako, a ɛyɛ lita ɔha aduɔwɔtwe abien, na mode besusuw ade biara dodow; ɛfah ne bat bɛyɛ kɛntɛn baako mu nkyemu du.
伊法与罢特大小要一样。罢特可盛贺梅珥十分之一,伊法也可盛贺梅珥十分之一,都以贺梅珥的大小为准。
12 Dwetɛ mpɔw na mode besusuw ade mu duru. Dwetɛ mpɔw baako bɛyɛ gram du abien, na dwetɛ mpɔw aduosia ayɛ gram ahanson aduonu.
舍客勒是二十季拉;二十舍客勒,二十五舍客勒,十五舍客勒,为你们的弥那。
13 “‘Akyɛde sononko a ɛsɛ wode ma ni: Awi kilogram abiɛsa ne atoko kilogram abien ne fa.
“你们当献的供物乃是这样:一贺梅珥麦子要献伊法六分之一;一贺梅珥大麦要献伊法六分之一。
14 Ngo dodow a wɔatwa ato hɔ no nyɛ lita abien ne fa.
你们献所分定的油,按油的罢特,一柯珥油要献罢特十分之一(原来十罢特就是一贺梅珥)。
15 Afei wɔmfa nguankuw ahannu a wɔwɔ Israel adidibea a hɔ wɔ nsu no mu baako. Eyinom na wɔde bɛyɛ aduan afɔrebɔde, ɔhyew afɔrebɔde ne asomdwoe afɔrebɔde a ɛbɛyɛ mpata ama nnipa no, Otumfo Awurade na ose.
从以色列滋润的草场上每二百羊中,要献一只羊羔。这都可作素祭、燔祭、平安祭,为民赎罪。这是主耶和华说的。
16 Ɛsɛ sɛ Israelfo nyinaa kɔka ɔheneba no ho na ɔde nʼafɔrebɔde ba.
此地的民都要奉上这供物给以色列中的王。
17 Ɛbɛyɛ ɔheneba no asɛde sɛ ɔde afɔrebɔde a wɔde ma ɔsom afahyɛ bi te sɛ ɔsram foforo afahyɛ, homenna ne nna a ɛtete saa no ba. Ɔde bɔne ho afɔrebɔde, ɔhyew ho afɔrebɔde, atoko afɔrebɔde, nsa afɔrebɔde ne asomdwoe afɔrebɔde bɛba abɛyɛ nkabomde ama Israel.
王的本分是在节期、月朔、安息日,就是以色列家一切的节期,奉上燔祭、素祭、奠祭。他要预备赎罪祭、素祭、燔祭,和平安祭,为以色列家赎罪。”
18 “‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɔsram a edi kan no da a edi kan no, ɛsɛ sɛ wɔde nantwinini ba baako a ne ho nni dɛm dwira kronkronbea hɔ.
主耶和华如此说:“正月初一日,你要取无残疾的公牛犊,洁净圣所。
19 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no de bɔne afɔrebɔde no mogya no bi keka asɔredan no apongua, afɔremuka no apa a ɛwɔ soro no ntwea so anan no ne mfimfini adiwo no apongua ho.
祭司要取些赎罪祭牲的血,抹在殿的门柱上和坛磴台的四角上,并内院的门框上。
20 Ɛsɛ sɛ woyɛ ade koro yi ara wɔ ɔsram no da a ɛto so ason de ma obiara a wanhyɛ da na ɔyɛɛ bɔne anaa nim a onnim nti ɔbɛyɛ bɔne, na wonam so de ayɛ mpata ama asɔredan no.
本月初七日也要为误犯罪的和愚蒙犯罪的如此行,为殿赎罪。
21 “‘Ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no, ɛsɛ sɛ mudi Twam Afahyɛ a ɛyɛ aponto a wɔde nnanson na ɛyɛ no, saa bere no, mubedi brodo a mmɔkaw nni mu.
“正月十四日,你们要守逾越节,守节七日,要吃无酵饼。
22 Saa da no ɛsɛ sɛ ɔhene no de nantwinini a wɔde bɛbɔ afɔre ama no ne asase no so nnipa nyinaa ba.
当日,王要为自己和国内的众民预备一只公牛作赎罪祭。
23 Da biara wɔ nnanson Afahyɛ no mu, ɛsɛ sɛ ɔhene no de nantwinini ason ne adwennini ason a wɔn ho nni dɛm biara ba sɛ ɔhyew afɔrebɔde ma Awurade, ne ɔpapo sɛ bɔne afɔrebɔde.
这节的七日,每日他要为耶和华预备无残疾的公牛七只、公绵羊七只为燔祭。每日又要预备公山羊一只为赎罪祭。
24 Nea ɛsɛ sɛ ɔde ba sɛ aduan afɔrebɔde yɛ kɛntɛn baako (lita aduonu abien) a ɛka nantwinini biara ho ne kɛntɛn baako (lita aduonu abien) nso a ɛka Odwennini baako biara ho. Ngo lita anan nso ka kɛntɛn biara ho.
他也要预备素祭,就是为一只公牛同献一伊法细面,为一只公绵羊同献一伊法细面,每一伊法细面加油一欣。
25 “‘Nnanson Afahyɛ a wofi ase wɔ ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no mu no, ɔhene no de saa nneɛma no ara bɛba sɛ bɔne afɔrebɔde, ɔhyew afɔrebɔde, aduan afɔrebɔde ne ngo.
七月十五日守节的时候,七日他都要如此行,照逾越节的赎罪祭、燔祭、素祭,和油的条例一样。”

< Hesekiel 45 >