< Hesekiel 44 >
1 Afei ɔbarima no san de me baa kronkronbea no abɔntenpon a ɛkyerɛ apuei fam no ano, na wɔato mu.
The man took me back to the outside gate of the sanctuary that faced to the east, but it was shut.
2 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Ɛsɛ sɛ ɔpon a wɔato mu yi tena hɔ saa ara. Ɛnsɛ sɛ wobue. Obiara mfa hɔ nhyɛn mu. Ɛnsɛ sɛ wobue, efisɛ Awurade, Israel Nyankopɔn afa hɔ ahyɛn mu.
The Lord told me, “This gate will stay shut. It is not be opened. No one is allowed to come in through it, because the Lord, the God of Israel, has passed through it. So it will stay shut.
3 Ɔhene no ankasa nko ara na obetumi atena abɔntenpon no ano na wadidi wɔ Awurade anim. Ɔno na otumi fa abɔntenpon no ntwironoo mu hyɛn mu, na ɔfa hɔ ara fi adi.”
The prince himself is permitted to come and sit inside the gateway to eat in the presence of the Lord. He is to come in through the gateway's porch and leave the same way.”
4 Afei ɔbarima no de me faa atifi fam abɔntenpon no mu de me baa asɔredan no anim. Mehwɛe, na mihuu Awurade anuonyam sɛ ahyɛ Awurade asɔredan no ma, na mibutuw hɔ.
The man took me to the front of the Temple through the north gate. As I looked, I saw the glory of the Lord filling his Temple, and I fell with my face to the ground.
5 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, hwɛ ade yiye, tie no yiye, na ma wʼani nku biribiara a mɛka akyerɛ wo a ɛfa nhyehyɛe a ɛwɔ Awurade asɔredan no ho nyinaa ho. Ma wʼani nku asɔredan no pon ne mmeae a wɔfa fi adi fi kronkronbea hɔ no nyinaa ho.
The Lord told me, “Son of man, concentrate! Keep your eyes open! Listen carefully to everything I tell you about all the regulations and laws of the Lord's Temple. Pay close attention to the Temple entrance and all the exits of the sanctuary.
6 Ka kyerɛ Israelfo atuatewfo no se, ‘Sɛɛ na Awurade se: Mo akyiwadeyɛ no adɔɔso. Israelfo!
Tell those rebels, the people of Israel, that this is what the Lord God says: I've had more than enough of all your disgusting sins, people of Israel!
7 Mo akyiwadeyɛ a aka no nyinaa akyi no, mode ananafo a wɔyɛ koma mu ne honam fam momonotofo aba me kronkronbea de agu mʼasɔredan ho fi, bere a mode aduan, srade ne mogya brɛɛ me na mosɛee mʼapam no.
As well as all your other offensive practices, you invited unconverted, pagan foreigners to come into my sanctuary. You made my Temple unclean even while you offered food to me, the fat and the blood. You broke my agreement.
8 Sɛ mobɛyɛ mo adwuma a ɛfa mʼakronkronne ho no, momaa afoforo bɛhwɛɛ me kronkronbea so mmom.
In addition you have not taken care of my sanctuary as you were required to, but instead you employed others to look after my sanctuary for you.
9 Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɔnanani a ɔyɛ koma mu ne honam fam momonoto biara nni kwan sɛ ɔhyɛn me kronkronbea hɔ, ananafo a wɔte Israelfo mu mpo nni kwan saa.
This is what the Lord God says: No unconverted, pagan foreigners are allowed to enter my sanctuary—not even a foreigner who lives with the Israelites.
10 “‘Lewifo a wofii me nkyɛn kɔɔ akyirikyiri bere a Israel fom kwan ne wɔn a wɔtwee wɔn ho fii me ho kodii wɔn ahoni akyi no, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodi bɛda wɔn so.
The Levites who abandoned me when Israel turned from worshiping me and went off to follow their idols will experience the consequences of their sins.
11 Wobetumi asom wɔ me kronkronbea hɔ bere a wɔhwɛ asɔredan no apon so na wɔsom wɔ mu; wobetumi akum ɔhyew afɔrebɔde na wɔabɔ afɔre ama nnipa no, na wɔagyina nnipa no anim asom wɔn.
However, they will serve in my sanctuary, supervising the Temple gates and working in the Temple. They will slaughter the burnt offerings and sacrifices brought by the people and be there to serve them.
12 Nanso esiane sɛ wɔsom wɔn wɔ wɔn ahoni no mu na wɔmaa Israelfo kɔɔ bɔne mu nti, mama me nsa so aka ntam se, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodi bɛda wɔn so. Otumfo Awurade asɛm ni.
But because they served the people in front of their idols and encouraged the people of Israel to sin, I held up my hand to promise on oath that they would experience the consequences of their sin, declares the Lord God.
13 Ɛnsɛ sɛ wɔbɛn me sɛ wɔrebɛsom me sɛ asɔfo anaasɛ wɔbɛn mʼakronkronne mu biara anaa mʼafɔrebɔde kronkron; ɛsɛ sɛ wɔn akyiwade ahorow ho aniwu ka wɔn.
They are not allowed to come near me to serve me as priests, and they are not to touch anything I regard as holy or most holy. They will have to experience the shame of the disgusting sins they committed.
14 Nanso mede asɔredan no mu dwumadi bɛhyɛ wɔn nsa, ho som biara wɔnyɛ wɔ mu.
However, I will put them in charge of all Temple work and everything that needs to be done there.
15 “‘Na mmom asɔfo a wɔyɛ Lewifo ne Sadok asefo a wɔyɛɛ adwuma nokware wɔ me kronkronbea bere a Israelfo fom kwan no betumi abɛn me na wɔasom wɔ mʼanim; ɛsɛ sɛ wogyina mʼanim na wɔbrɛ me srade ne mogya afɔrebɔde, Otumfo Awurade asɛm ni.
It is the Levitical priests, descended from Zadok and who took care of my sanctuary when the Israelites abandoned me, are the ones to come near to me and minister before me. They will stand in my presence to offer me fat and blood, declares the Lord God.
16 Wɔn nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔhyɛn me kronkronbea hɔ; wɔn nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wotwiw bɛn me pon, bɛsom wɔ mʼanim na wɔyɛ me som nnwuma.
Only they are allowed to enter my sanctuary and approach my table to minister before me. They will do what I say.
17 “‘Sɛ wowura apon a ɛkɔ mfimfini adiwo no mu a, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ nwera ntade. Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ kuntu ntade, bere a wɔresom wɔ apon a ɛkɔ mfimfini adiwo hɔ anaasɛ asɔredan no mu no.
When they come in through the entrances of the inner courtyard, they shall wear linen garments. They must not wear any woolen clothes when they serve at the entrances of the inner courtyard or inside the Temple.
18 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ nwera abotiri na wɔhyehyɛ nwera ntade wɔ wɔn ase. Ɛnsɛ sɛ wɔhyehyɛ biribiara a ɛbɛma wɔafi fifiri.
They shall wear linen turbans on their heads and linen underwear. They are not to wear anything that makes them sweat.
19 Sɛ wɔkɔ mfikyiri adiwo, faako a nnipa no wɔ no a, ɛsɛ sɛ woyi ntade a wɔhyɛ de somee no na wogyaw de gu adan kronkron no mu, na wɔhyehyɛ ntade foforo, sɛ ɛbɛyɛ a wɔremfa wɔn dwumadi ntade no nnwira nnipa no ho.
When they go to the outer court where the people are, they must take off their priestly clothes they wore when they were serving, and leave them in the holy rooms. They are to put on other clothes so that they don't carry holiness to the people with their clothing.
20 “‘Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ tikwaw anaasɛ wɔma wɔn tinwi fuw kuhaa, mmom ɛsɛ sɛ wobubu so fɛfɛɛfɛ.
They are not permitted to shave their heads or let their hair grow long; they must have a proper haircut.
21 Ɔsɔfo biara nnom bobesa bere a wahyɛn mfimfini adiwo hɔ.
No priest shall drink wine before he enters the inner courtyard.
22 Ɛnsɛ sɛ wɔware akunafo anaa mmea awaregyaefo. Wotumi ware mmabun a wɔyɛ Israelfo asefo anaa akunafo a na anka wɔn kununom yɛ asɔfo.
They are not to marry a woman who is a widow or divorced; they can only marry a virgin of Israelite descent, or a widow of a priest.
23 Wɔnkyerɛkyerɛ me nkurɔfo nsonoe a ɛda ade a ɛyɛ kronkron ne ade a ɛyɛ kwasafo de ntam, na wɔmma wɔn nhu nea ɛma biribi yɛ ade a ho ntew anaasɛ ho tew.
They are to teach my people the difference between what is holy and what is common, and explain to them how to distinguish between what is clean and what is unclean.
24 “‘Akasakasa biara mu no, asɔfo na wɔbɛyɛ atemmufo agyina me mmaransɛm so abu atɛn. Ɛsɛ sɛ wodi me mmara ne mʼahyɛde a ɛfa mʼafahyɛ ahorow no so, na wɔyɛ me homenna kronkron.
They are to serve as judges in legal cases, and base their decisions on my laws. They are to follow my instructions and regulations regarding all my regular religious festivals, and they are to keep my Sabbaths holy.
25 “‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfo kɔ funu ho na ɔde gu ne ho fi; gye sɛ funu no yɛ nʼagya, ne na, ne ba, ne nuabarima anaa ne nuabea a ɔnwaree; ne saa de, otumi kɔ ho de gu ne ho fi.
A priest must not make himself unclean by going near a dead body. However, if it's his father, mother, son, daughter, brother, or a sister that's not married, then he may do so.
26 Na sɛ odwira ne ho a, ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnanson.
Afterwards, once he is purified, he must wait for seven days.
27 Da a ɔbɛkɔ kronkronbea no mfimfini adiwo hɔ akɔsom wɔ kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne afɔre ma ne ho, Otumfo Awurade asɛm ni.
Then when he enters the sanctuary, going into the inner courtyard and ministering there in the sanctuary, he has to present his sin offering, declares the Lord God.
28 “‘Me nko ara ne agyapade a asɔfo no wɔ. Ɛnsɛ sɛ moma wɔn kyɛfa biara wɔ Israel. Mɛyɛ wɔn kyɛfa.
Regarding their share of the land, I will take care of them. You are not to give them any property in Israel, because I will provide for them.
29 Wobedi aduan afɔrebɔde, bɔne afɔrebɔde, afɔdi afɔrebɔde, na biribiara a wɔahyira so ama Awurade wɔ Israel no bɛyɛ wɔn dea.
They are to eat the grain offerings, sin offerings, and guilt offerings. Everything brought by the people of Israel and dedicated to the Lord will be theirs.
30 Mo nnuaba a edi kan no mu nea edi mu ne mo akyɛde sononko no nyinaa bɛyɛ asɔfo no de. Ɛsɛ sɛ mode mo mmɔre a edi kan no ma wɔn na nhyira atena mo afi mu.
The best of all the firstfruits and all your offerings are for the priests. You shall give the first loaf you bake to the priest, so that your home may be blessed.
31 Ɛnsɛ sɛ asɔfo no we aboa biara a wawu nam; sɛ ɛyɛ anomaa anaa wuram aboa biara.’”
The priests are not permitted to eat any bird or animal found dead or killed by wild beasts.”