< Hesekiel 42 >
1 Afei ɔbarima no dii mʼanim faa atifi fam kɔɔ mfikyiri adiwo hɔ de me baa adan a ɛne asɔredan adiwo no di nhwɛanim no mu, na ɛne atifi fam mfikyiri fasu no nso di nhwɛanim.
Och han hade mig ut bort uti yttra gården norrut, ibland de kamrar som lågo emot den byggningen, som vid templet stod, och emot templet norrut;
2 Ɔdan a ne pon kyerɛ atifi fam yi tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum, na ne trɛw nso yɛ anammɔn aduɔson anum.
Hvilken plan hundrade alnar lång var, ifrå portenom norrut, och femtio alnar bred.
3 Adan a ɛne mfimfini adiwo no ntam kwan yɛ anammɔn aduasa ne adan a ɛne mfikyiri adiwo no kwan di nhwɛanim no, ɛso mmrannaa no kyerɛkyerɛ anim wɔ asan abiɛsa no mu biara so.
Tjugu alnar voro emot den inra gården, och emot golfvet i yttra gårdenom, och tretio alnar ifrå det ena hörnet intill det andra.
4 Adan no anim no na ɔkwan bi da a ne trɛw yɛ anammɔn dunum na ne tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Wɔn apon no ano kyerɛkyerɛ atifi fam.
Och innantill för kamrarna var en plan, tio alnar bred; en väg af en aln, och deras dörrar norrut.
5 Adan a ɛwɔ asan a ɛwɔ soro no mu no susua, efisɛ na nʼabrannaa no mu trɛw sen mmrannaa a ɛwowɔ asan a edidi ase no.
Och ofvan denna kamrarna voro andre trängre kamrar; ty rummet i de nedra och medelkamrarna var icke stort;
6 Adan a ɛwɔ asan a ɛto so abiɛsa no nni afadum sɛnea asan a ɛwɔ ase no wɔ no; enti na mu susua sen adan a ɛwowɔ asan a edidi ase no.
Ty det var tregge bottnar högt, och hade dock inga pelare, såsom gårdarna pelare hade; utan voro satte slätt hvar uppå den andra.
7 Na ɔfasu bi wɔ nkyɛn a ɛne adan no ne mfikyiri adiwo no sa so; na ne tenten yɛ anammɔn aduɔson anum a ɛfa adan no anim.
Och den yttre gården var omfattad med en mur, der kamrarna vid stodo; den var femtio alnar lång.
8 Adan a ɛsa so na ɛtoa mfikyiri adiwo no so no tenten yɛ anammɔn aduɔson anum, nanso adan a ɛsa so a ɛbɛn kronkronbea no tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum.
Och kamrarna stodo hvar efter den andra, och femtio alnar långt vid yttra gården; men rummet för templet var hundrade alnar långt.
9 Sɛ obi fi mfikyiri adiwo reba mu a, obehu sɛ adan a ɛwɔ fam pa ara no abobow ano ani kyerɛ apuei fam.
Och nedanför kamrarna var en plan österut, der man utur yttra gårdenom gick.
10 Anafo fam, wɔ mfikyiri adiwo no fasu a ɛkɔ asɔredan no adiwo, na ɛne mfikyiri fasu no di nhwɛanim no ho, na adan bi wɔ hɔ a
Och vid muren östantill voro ock kamrar.
11 ɔkwan bi da anim. Saa adan yi te sɛ adan a ɛwɔ atifi fam no; nʼatenten ne ne trɛw yɛ pɛ, ho apon a wɔfa mu pue no atenten yɛ pɛ. Apon a ɛwɔ atifi fam no
Och der var också en plan före, lika som för de andra kamrarna nordantill; och all ting var lika, med längd, bredd, och allt det deruppå var, såsom tillförene på de andra.
12 nso sesɛ adan a ɛwɔ anafo fam apon no. Na ɔpon bi wɔ ɔkwan a ɛne ɔfasu a ɛkɔ apuei fam no sa so no ano, ɛhɔ na wɔfa kɔ adan no mu.
Och sunnantill voro ock lika sådana kamrar, med dörrar, och för planenom var den dörren söderut, der man framkommer ifrå den muren som östantill ligger.
13 Na ɔka kyerɛɛ me se, “Atifi fam ne anafo fam adan a ani hwɛ asɔredan adiwo no yɛ asɔfo no dea, ɛhɔ na asɔfo a wɔkɔ Awurade anim no bedi afɔrebɔde kronkron no. Ɛhɔ na wɔde afɔrebɔde kronkron pa ara a ɛyɛ aduan afɔrebɔde, bɔne afɔrebɔde ne afɔdi afɔrebɔde no begu, efisɛ beae no yɛ kronkron.
Och han sade till mig: De kamrar norrut, och de kamrar söderut emot templet, de höra till helgedomen, der Presterna inne äta, då de offra Herranom det aldrahelgasta offret, och de skola der inlägga det aldrahelgasta offret, nämliga spisoffer, syndoffer och skuldoffer; ty det är ett heligt rum.
14 Sɛ asɔfo no kɔ beae kronkron hɔ a ɛnsɛ sɛ wɔkɔ mfikyiri adiwo hɔ kosi sɛ wobeyiyi wɔn ɔsom ntade agu hɔ, efisɛ saa ntade no yɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ntade foforo bi ansa na wɔabɛn mmeaemmeae a ɔmanfo tumi kɔ hɔ no.”
Och då Presterna gå derin, skola de icke gå åter utu helgedomenom igen uti yttra gården; utan skola tillförene aflägga sin kläder, der de uti tjent hafva, in uti samma kammaren; ty de äro helig; och de skola draga sin andra kläder uppå, och sedan utgå ibland folket.
15 Osusuw nea ɛwɔ asɔredan no mu wiee no, ɔde me faa apuei pon no ano puei, na osusuw asɔredan no hyiae.
Och då han hade mält allt huset innantill, hade han mig ut till den porten österut, och han mälte ifrå honom allt deromkring.
16 Ɔde susudua no susuw apuei fam; na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum.
Österut mälte han femhundrade stänger långt.
17 Osusuw atifi fam na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum.
Och norrut mälte han ock femhundrade stänger långt;
18 Osusuw anafo fam na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum.
Desslikes söderut, ock femhundrade stänger.
19 Afei ɔdan nʼani hwɛɛ atɔe fam, na osusuwii no, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum.
Och då han kom vesterut, mälte han ock femhundrade stänger långt.
20 Enti na nʼafefare mu no yɛ anammɔn ahanson ne aduonum wɔ ahinanan no nyinaa, de tew kronkronbea no ho fi kwasafo atenae no ho.
Alltså höll muren, den han mält hade, i fyrkant, på hvar sidon femhundrade stänger, allt omkring, att det helga skulle åtskildt vara ifrå det ohelga.