< Hesekiel 41 >
1 Ɔbarima no de me kɔɔ mfikyiri kronkronbea hɔ na osusuw afadum no; na ne trɛw yɛ anammɔn akron wɔ ne fa biara.
Ɔbarima no de me kɔɔ asɔredan no mu, na ɔsusuu afadum no; na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nkron wɔ ne fa biara.
2 Abobow ano no trɛw yɛ anammɔn dunum, na afasu a epuepue wɔ afaanu no trɛw yɛ anammɔn ason ne fa. Afei osusuw mfikyiri kronkronbea a na ne tenten yɛ anammɔn aduosia na ne trɛw yɛ anammɔn aduasa.
Aboboano no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn dunum, na afasuo a epuepue wɔ afaanu no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nson ne fa. Afei ɔsusuu Asɔredan no mu a na ne tentene yɛ anammɔn aduosia na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa.
3 Afei ɔkɔɔ mfimfini kronkronbea hɔ kosusuw nʼafadum a ɛwɔ nʼabobow ano no; biara trɛw yɛ anammɔn abiɛsa. Abobow ano no trɛw yɛ anammɔn akron, na afasu a epuepue afaanu no nso trɛw yɛ anammɔn du ne fa.
Afei ɔkɔɔ kronkronbea hɔ kɔsusuu nʼafadum a ɛwɔ nʼaboboano no; ebiara tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mmiɛnsa. Aboboano no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nkron, na afasuo a epuepue afaanu no nso tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn edu ne fa.
4 Na osusuw mfimfini kronkronbea no tenten; na ɛyɛ anammɔn aduasa na ne trɛw kosi mfikyiri kronkronbea no nso yɛ anammɔn aduasa. Ɔka kyerɛɛ me se, “Ɛha ne Kronkron Mu Kronkronbea.”
Na ɔsusuu kronkronbea no mu tentene; na ɛyɛ anammɔn aduasa na ne tɛtrɛtɛ kɔsi asɔredan no nso yɛ anammɔn aduasa. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Ɛha ne Kronkron Mu Kronkronbea.”
5 Osusuw asɔredan no fasu; na mu piw yɛ anammɔn akron, na adan a ɛwowɔ nkyɛn nkyɛn a atwa asɔredan no ho ahyia no mu biara trɛw yɛ anammɔn asia.
Ɔsusuu asɔredan no fasuo; na ne pipiripie yɛ anammɔn nson, na adan a ɛwowɔ nkyɛn nkyɛn a atwa asɔredan no ho ahyia no mu biara tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nsia.
6 Wosisii nkyɛnkyɛn adan wɔ asan abiɛsa a ɛtoa so so. Adan aduasa wɔ ɔsan biara so. Wɔayɛ asan yi a adan no sisi so no ntrantraa te sɛ apa a atwa asɔredan no fasu no ho ahyia. Ɛyɛ nnyinaso ma adan no, nanso ɛnka asɔredan no fasu no.
Wɔsisii nkyɛnkyɛn adan wɔ asan mmiɛnsa a ɛtoa so so. Adan aduasa wɔ asan biara so. Wɔayɛ asan yi a adan no sisi soɔ no traawa te sɛ apa a atwa asɔredan no ɔfasuo no ho ahyia. Ɛyɛ nnyinasoɔ ma adan no, nanso ɛnka asɔredan no ɔfasuo no.
7 Nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro no mu trɛw sen nea ɛwowɔ ase. Asan abiɛsa a atwa asɔredan no ho ahyia no, nea ɛwɔ soro biara trɛw sen nea ɛwɔ nʼase, ɛno nti nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro no mu trɛw sen nea ɛwowɔ nʼase. Atrapoe bi fi ɔsan a ɛwɔ fam pa ara no so foro tra mfimfini asan no kɔ ɔsan a ɛto so abiɛsa no so.
Nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro no mu trɛ sene deɛ ɛwowɔ aseɛ. Asan mmiɛnsa a atwa asɔredan no ho ahyia no, deɛ ɛwɔ ɔsoro biara trɛ sene deɛ ɛwɔ nʼase, ɛno enti nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro mu trɛ sene deɛ ɛwowɔ nʼase. Atwedeɛ bi firi asan a ɛwɔ fam pa ara no so foro tra mfimfini asan no kɔ asan a ɛtɔ so mmiɛnsa so.
8 Mihuu bamma a atwa asɔredan no ho ahyia a ɛyɛ nkyɛnkyɛn adan no fapem. Na ne tenten yɛ anammɔn akron.
Mehunuu bamma a atwa asɔredan no ho ahyia a ɛyɛ nkyɛnkyɛn adan no fapem. Na ne tentene yɛ anammɔn nkron.
9 Nkyɛnkyɛn adan afasu a ɛwɔ akyi no mu piw yɛ anammɔn ason ne fa. Ɔkwan a ɛda asɔredan no nkyɛnkyɛn adan no a atwa asɔredan no ho ahyia
Nkyɛnkyɛn adan afasuo a ɛwɔ akyire no pipiripie yɛ anammɔn nson ne fa. Ɛkwan a ɛda asɔredan no nkyɛnkyɛn adan no a atwa asɔredan no ho ahyia
10 ne asɔfo adan no ntam yɛ anammɔn aduasa.
ne asɔfoɔ adan no ntam yɛ anammɔn aduasa.
11 Na apon deda nkyɛnkyɛn adan no ano a ani hwɛ ɔkwan no. Na baako wɔ atifi fam na baako nso wɔ anafo fam; na bamma no anim a ɛkyerɛ ɔkwan no so no mu piw yɛ anammɔn ason ne fa wɔ ho nyinaa.
Na apono deda nkyɛnkyɛn adan no ano a ani hwɛ ɛkwan no. Na baako wɔ atifi fam na baako nso wɔ anafoɔ fam; na bamma no anim a ɛkyerɛ ɛkwan no so no pipiripie yɛ anammɔn nson ne fa wɔ ho nyinaa.
12 Ɔdan a ani hwɛ asɔredan no adiwo wɔ atɔe fam no trɛw yɛ anammɔn ɔha ne anum. Ɔdan no fasu no mu piw yɛ anammɔn ason ne fa wɔ ho nyinaa na ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduasa anum.
Ɛdan a ani hwɛ asɔredan no adihɔ wɔ atɔeɛ fam no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn ɔha ne enum. Ɛdan no ɔfasuo no pipiripie yɛ anammɔn nson ne fa wɔ ho nyinaa na ne tentene yɛ anammɔn ɔha aduasa enum.
13 Osusuw asɔredan no, na ne tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum, afei asɔredan no adiwo ne ɔdan no a nʼafasu ka ho no nso tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum.
Ɔsusuu asɔredan no, na ne tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum, afei asɔredan no adihɔ ne ɛdan no a nʼafasuo ka ho no nso tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum.
14 Asɔredan no adiwo a ɛwɔ apuei fam, de besi asɔredan no anim yɛ anammɔn ɔha ne aduonum.
Asɔredan no adihɔ a ɛwɔ apueeɛ fam, de bɛsi asɔredan no anim yɛ anammɔn ɔha ne aduonum.
15 Afei osusuw ɔdan a ani hwɛ adiwo a ɛwɔ asɔredan no akyi ne ho abrannaa a ɛwɔ ɔfa biara; na ne tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Mfikyiri kronkronbea, mfimfini kronkronbea ne ntwironoo a ani hwɛ adiwo,
Afei ɔsusuu ɛdan a ani hwɛ adihɔ a ɛwɔ asɔredan no akyi ne ɛho mmarannaa a ɛwowɔ ɛfa biara; na ne tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Asɔredan no mu, kronkronbea no mu ne ntwonoo a ani hwɛ adihɔ,
16 ne abobow ano, mfɛnsere nketenkete ne mmrannaa a atwa abiɛsa yi ho ahyia, nea ɛka ho biara ne abobow ano na wɔde nnua aduradura ho. Ɛfam afasu no ho kɔka mfɛnsere no ano ne mfɛnsere no, na wɔde nnua aduradura ho.
ne aboboano, mpomma nketenkete ne mmarannaa a atwa mmiɛnsa yi ho ahyia, deɛ ɛka ho biara ne aboboano no, na wɔde nnua aduradura ho. Ɛfam afasuo no ho kɔka mpomma no ano ne mpomma no, na wɔde dua aduradura ho.
17 Ɔkwan a ɛda ɔpon a ɛkɔ mfimfini kronkronbea no atifi ne afasu no ho nyinaa, mfimfini ne mfikyiri kronkrommea no ho nyinaa
Ɛkwan a ɛda ɛpono a ɛkɔ kronkronbea nu mu no atifi ne afasuo no ho nyinaa, kronkrommea no mu ne asɔredan no mu no nyinaa no,
18 na wɔasen kerubim ne mmedua. Mmedua no didi kerubim no akyi. Kerubim biara wɔ anim abien.
na wɔakurukyire Kerubim ne mmɛdua. Mmɛdua no didi Kerubim no akyi. Kerubim biara wɔ anim mmienu.
19 Onipa anim kyerɛ mmedua wɔ ɔfa baako na gyata anim kyerɛ mmedua no wɔ ɔfa baako a aka no. Na wosinsen tetaree asɔredan no ho nyinaa.
Onipa anim kyerɛ mmɛdua wɔ fa baako na gyata anim kyerɛ mmɛdua wɔ fa baako a aka. Na wɔakurukyire wɔ asɔredan no ho nyinaa.
20 Efi fam de kosi ɔkwan a ɛda ɔpon no atifi ne afasu no ho nyinaa no na wɔasen kerubim ne mmedua atetare asa kɛse no fasu ho.
Asɔredan no mu, ɛfiri fam kɔsi ɛkwan a ɛda ɛpono no atifi ne afasuo ho nyinaa no, na wɔakurukyire Kerubim ne mmɛdua.
21 Na mfikyiri kronkronbea no wɔ apongua ahannan, na nea ɛwɔ Kronkron Mu Kronkron no anim no nso te saa ara.
Na asɔredan no mu wɔ aponnwa a ɛyɛ ahanan, na deɛ ɛwɔ Kronkron Mu Kronkron no anim no nso te saa ara.
22 Na afɔremuka a wɔde dua asen no ahinanan wɔ hɔ a ne sorokɔ yɛ anammɔn anan ne fa a ɔfa biara tenten yɛ anammɔn abiɛsa; wɔde dua na na ayɛ ne ntwea so, ne nnyinaso ne nʼafaafa no. Ɔbarima no ka kyerɛɛ me se, “Saa ɔpon yi na esi Awurade anim.”
Na afɔrebukyia a wɔde dua asene wɔ hɔ a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn ɛnan ne fa a na ɛyɛ ahinanan a ɛfa biara susu anammɔn mmiɛnsa; ne ntweaso, ne nnyinasoɔ ne nʼafafa no, wɔde dua na ayɛ. Ɔbarima no ka kyerɛɛ me sɛ, “Saa ɛpono yi na ɛsi Awurade anim.”
23 Mfikyiri kronkronbea ne Kronkron Mu Kronkron no nyinaa wowɔ apon a ɛyɛ afaanu.
Asɔredan no mu ne Kronkron Mu Kronkron no nyinaa wowɔ apono a ɛyɛ afanu.
24 Ɔpon biara wɔ mmuei abien a biara wɔ mpontare.
Ɛpono biara wɔ mmukamu mmienu.
25 Na wɔasen kerubim ne mmedua atetare asa kɛse apon no ho te sɛnea wɔayɛ wɔ afasu no ho no, na wɔabɔ dua nkataso asensɛn ntwironoo no anim.
Na wɔakurukyire Kerubim ne mmɛdua wɔ asɔredan no mu apono so te sɛ deɛ wɔayɛ wɔ afasuo no ho no, ɛnna wɔabɔ dua nkatasoɔ wɔ ntwonoo no anim.
26 Na mfɛnsere hiahiaa wowɔ ntwironoo no afasu no afaafa a na wɔasen mmedua atetare ɔfa biara. Na nkyɛnkyɛn adan a ɛwɔ asɔredan no ho nso wowɔ dua nkataso.
Ntwonoo no afasuo a ɛwowɔ afa afa no na mpomma nketenkete wɔ mu a wɔakurukyire mmɛdua wɔ afa biara. Na nkyɛnkyɛn adan a ɛwɔ asɔredan no ho nso wowɔ dua nkatasoɔ.