< Hesekiel 40 >

1 Yɛn nnommumfa afe a ɛto so aduonu anum, afe no mfiase, ɔsram da a ɛto so du a ɛyɛ kuropɔn no asehwe afe a ɛto so dunan no, saa da no ara no Awurade nsa baa me so, na ɔde me kɔɔ hɔ.
우리가 사로잡힌지 이십 오년이요 성이 함락된 후 십 사년 정월 십일 곧 그 날에 여호와의 권능이 내게 임하여 나를 데리고 이스라엘 땅으로 가시되
2 Onyankopɔn anisoadehu mu no, ɔde me kɔɔ Israel asase so, na ɔde me kogyinaa bepɔw tenten bi so; nʼanafo fam no na adan bi wɔ hɔ a ɛsɛ kuropɔn bi.
하나님의 이상 중에 나를 데리고 그 땅에 이르러 나를 극히 높은산 위에 내려 놓으시는데 거기서 남으로 향하여 성읍 형상 같은 것이 있더라
3 Ɔde me kɔɔ hɔ na mihuu ɔbarima bi a ne tebea te sɛ kɔbere mfrafrae; na ogyina ɔpon no ano, kura sirikyi hama ne susudua wɔ ne nsam.
나를 데리시고 거기 이르시니 모양이 놋 같이 빛난 사람 하나가 손에 삼줄과 척량하는 장대를 가지고 문에 서서 있더니
4 Ɔbarima yi ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, fa wʼani hwɛ na fa wʼaso tie na biribiara a mɛkyerɛ wo no, fa wʼadwene di akyi, efisɛ ɛno nti na wɔde wo aba ha. Ka biribiara a wubehu no kyerɛ Israelfi.”
그 사람이 내게 이르되 인자야 내가 네게 보이는 그것을 눈으로 보고 귀로 들으며 네 마음으로 생각할지어다 내가 이것을 네게 보이려고 이리로 데리고 왔나니 너는 본 것을 다 이스라엘 족속에게 고할지어다 하더라
5 Mihuu ɔfasu a atwa asɔredan no afefare mu nyinaa ho ahyia. Susudua a ɛhyɛ ɔbarima no nsam no tenten yɛ anammɔn du ne fa. Osusuw ɔfasu no huu sɛ mu piw yɛ anammɔn du ne fa, na ne sorokɔ nso saa ara.
내가 본즉 집 바깥 사면으로 담이 있더라 그 사람의 손에 척량하는 장대를 잡았는데 그 장이 팔꿈치에서 손가락에 이르고 한 손바닥 넓이가 더한 자로 육척이라 그 담을 척량하니 두께가 한 장대요 고도 한 장대며
6 Afei ɔkɔɔ abɔntenpon a ɛkyerɛ apuei fam no ano. Ɔforoo nʼatrapoe no na osusuw abobow ano no, na ne trɛw yɛ susudua no baako.
그가 동향한 문에 이르러 층계에 올라 그 문통을 척량하니 장이 한 장대요 그 문 안통의 장도 한 장대며
7 Awɛmfo adan no mu biara tenten mu yɛ susudua baako na ne trɛw mu nso saa ara, afasu ntiantia a etwitwa awɛmfo adan no ntam mu piw yɛ anammɔn ason ne fa. Ntwironoo a anim kyerɛ asɔredan no abobow ano pon no trɛw yɛ susudua baako.
그 문간에 문지기 방들이 있는데 각기 장이 한 장대요 광이 한 장대요 매방 사이 벽이 오척이며 안 문통의 장이 한 장대요 그 앞에 현관이 있고 그 앞에 안 문이 있으며
8 Afei osusuw ɔpon no ntwironoo;
그가 또 안 문의 현관을 척량하니 한 장대며
9 na ne tenten mu yɛ anammɔn dumien, na nʼadum mu biara nso piw yɛ anammɔn abiɛsa. Ɔpon no ntwironoo anim hwɛ asɔredan no.
안 문의 현관을 또 척량하니 팔척이요 그 문 벽은 이척이라 그 문의 현관이 안으로 향하였으며
10 Na awɛmfo adan abiɛsa wɔ apuei pon no benkum so ne nifa so; na ne nyinaa kɛse yɛ pɛ na afasu ntiantia a etwitwa ntam no nso mu piw yɛ pɛ.
그 동문간의 문지기 방은 좌편에 셋이 있고 우편에 셋이 있으니 그 셋이 각각 한 척수요 그 좌우편 벽도 다 한 척수며
11 Afei osusuw abɔntenpon no ano kwan, na ne trɛw yɛ anammɔn dunum na ne tenten mu nso yɛ anammɔn dunkron ne fa.
또 그 문통을 척량하니 광이 십척이요 장이 십 삼척이며
12 Awɛmfo adan no mu biara anim wɔ ɔfasu tiaa a ne sorokɔ yɛ ɔnammɔn ne fa, na awɛmfo adan no mu biara yɛ ahinanan a ɔfa biara susuw anammɔn du ne fa.
방 앞에 퇴가 있는데 이편 퇴도 일척이요 저편 퇴도 일척이며 그 방은 이편도 육척이요 저편도 육척이며
13 Afei osusuw ɔpon no fi awɛmfo adan no mu baako fasu a ɛwɔ akyi no atifi kosii ɔdan a ɛne no di nhwɛanim no akyi fasu no atifi; na ɔkwan a ɛda ntam yɛ anammɔn aduasa ason ne fa.
그가 그 문간을 척량하니 이 방 지붕 가에서 저 방 지붕 가까지 광이 이십 오척인데 방 문은 서로 반대되었으며
14 Osusuw faa afasu ntiantia a etwitwa awɛmfo adan no ntam no nyinaa anim wɔ ɔpon kwan no mu, na ɛyɛɛ anammɔn aduɔkron. Nteɛmu no kosii ntwironoo a anim hwɛ adiwo hɔ no.
그가 또 현관을 척량하니 광이 이십척이요 현관 사면에 뜰이 있으며
15 Ɔkwan a efi abɔntenpon abobow ano kosi ntwironoo no ti yɛ anammɔn aduɔson anum.
바깥 문통에서부터 안 문 현관 앞까지 오십척이며
16 Awɛmfo adan ne afasu ntiantia a etwitwa wɔn ntam wɔ abɔntenpon kwan no mu no, na bammɔ mfɛnsere nketenkete atwa ho ahyia, na saa ara na ntwironoo no mu te, na ne nyinaa buebue kɔ mu. Afasu ntiatia a etwitwa awɛmfo adan no ntam no, wɔaduadua mmɛ wɔ anim fɛfɛɛfɛ.
문지기 방에는 각각 닫힌 창이 있고 문안 좌우편에 있는 벽 사이에도 창이 있고 그 현관도 그러하고 그 창은 안 좌우편으로 벌여있으며 각 문 벽 위에는 종려나무를 새겼더라
17 Afei ɔde me baa adiwo a ɛda akyi hɔ no. Ɛhɔ na mihuu adan bi ne nsɛwee bi a ɛwɔ adiwo no fasu ase nyinaa; na adan no yɛ aduasa wɔ nsɛwee no ho.
그가 나를 데리고 바깥 뜰에 들어가니 뜰 삼면에 박석 깔린 땅이 있고 그 박석 깔린 땅 위에 여러 방이 있는데 모두 삼십이며
18 Na nsɛwee no pem apon no nkyɛn mu, na na ɛtrɛw sɛnea apon no tenten te; eyi ne ase nsɛwee no.
그 박석 깔린 땅의 위치는 각 문간의 좌우편인데 그 광이 문간 길이와 같으니 이는 아래 박석 땅이며
19 Afei osusuw ɔkwan a efi ɔpon a ɛwɔ ase no anim kosii mfimfini adiwo no akyi; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum wɔ apuei ne atifi fam.
그가 아래 문간 앞에서부터 안 뜰 바깥 문간 앞까지 척량하니 그 광이 일백척이며 동편과 북편이 일반이더라
20 Afei osusuw ɔpon a ani hwɛ atifi fam na epue mfikyiri adiwo no tenten ne ne trɛw.
그가 바깥 뜰 북향한 문간의 장광을 척량하니
21 Na awɛmfo adan a abiɛsa wɔ afaafa, afasu ntiaa a etwitwa wɔn ntam ne ntwironoo no afefare mu te sɛ ɔpon a edi kan no de. Ne tenten yɛ anammɔn aduɔson anum na ne trɛw yɛ anammɔn aduasa ason ne fa.
장이 오십척이요 광이 이십 오척이며 문지기 방이 이편에도 셋이요 저편에도 셋이요 그 벽과 그 현관도 먼저 척량한 문간과 같으며
22 Na ne mfɛnsere nketenkete ne ntwironoo ne mmedua a ɔde asiesie hɔ no no nsusuwii nyinaa te sɛ ɔpon a ani hwɛ apuei fam de no. Atrapoe na wɔforo de kɔ mu, atrapoe no ne ntwironoo no di nhwɛanim.
그 창과 현관의 장광과 종려나무가 다 동향한 문간과 같으며 그 문간으로 올라가는 일곱 층계가 있고 그 안에 현관이 있으며
23 Na ɔpon bi wɔ hɔ a ɛkɔ mfimfini adiwo a ɛne atifi fam pon no di nhwɛanim, sɛnea na ɛte wɔ apuei fam no. Osusuw fii ɔpon baako ano kosii nea ɛne no di nhwɛanim no ano; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum.
안 뜰에도 북편 문간과 동편 문간과 마주 대한 문간들이 있는데 그가 이 문간에서 맞은편 문간까지 척량하니 일백척이더라
24 Afei odii mʼanim de me kɔɔ anafo fam, na mihuu ɔpon a ani hwɛ anafo fam no. Osusuw nʼadum ne ntwironoo na na nʼatenten te sɛ nkae no.
그가 또 나를 이끌고 남으로 간즉 남향한 문간이 있는데 그 벽과 현관을 척량하니 먼저 척량한 것과 같고
25 Na mfɛnsere nketenkete wowɔ ɔpon no ne ntwironoo no ho nyinaa te sɛ mfɛnsere nketenkete a ɛwɔ nkae no ho no. Na ntwironoo no tenten yɛ anammɔn aduɔwɔtwe ason na ne trɛw yɛ anammɔn aduanan anan.
그 문간과 현관 좌우에 있는 창도 먼저 말한 창과 같더라 그 문간의 장이 오십척이요 광이 이십 오척이며
26 Na atrapoe nnidiso ason na wɔforo kɔ ɔpon no ano, na ntwironoo no ne no di nhwɛanim; na mmedua mfoni wɔ afasu ntiantia a etwitwa awɛmfo no adan no ntam no anim wɔ nʼafanu.
또 그리로 올라가는 일곱 층계가 있고 그 안에 현관이 있으며 또 이편 저편 문 벽위에 종려나무를 새겼으며
27 Na mfimfini no adiwo nso wɔ ɔpon a ani hwɛ anafo fam, na osusuw ɔkwan a ɛda saa ɔpon yi ne abɔntenpon a ɛwɔ anafo fam no ntam; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum.
안 뜰에도 남향한 문간이 있는데 그가 남향한 그 문간에서 맞은편 문간까지 척량하니 일백척이더라
28 Afei ɔde me faa anafo fam pon no mu baa mfimfini adiwo hɔ. Osusuw anafo fam pon no; na ne tenten nyinaa te sɛ nea aka no.
그가 나를 데리고 그 남문으로 말미암아 안 뜰에 들어가서 그 남문간을 척량하니 척수는
29 Nʼawɛmfo adan, afasu ntiatia a etwitwa adan no ntam ne ntwironoo no nsusuwii ne nea aka no yɛ pɛ. Na mfɛnsere nketenkete wowɔ ɔpon no ne ne ntwironoo no ho nyinaa. Na ne tenten yɛ anammɔn aduɔson anum na ne trɛw nso yɛ anammɔn aduasa ason ne fa.
장이 오십척이요 광이 이십 오척이며 그 문지기 방과 벽과 현관도 먼저 척량한 것과 같고 그 문간과 그 현관 좌우에도 창이 있으며
30 (Apon ntwironoo a atwa mfimfini adiwo no ho ahyia no mu biara tenten yɛ anammɔn aduasa ason ne fa na ne trɛw nso yɛ anammɔn ason ne fa.)
그 사면 현관의 장은 이십 오척이요 광은 오척이며
31 Ne ntwironoo hwɛ afikyiri adiwo hɔ; nʼafadum ho wɔ mmedua a mfoni afɛɛfɛ, na atrapoe nnidiso awotwe na wɔforo de kɔ hɔ.
현관이 바깥 뜰로 향하였고 그 문 벽 위에도 종려나무를 새겼으며 그 문간으로 올라가는 여덟 층계가 있더라
32 Afei, ɔde me baa mfimfini adiwo hɔ wɔ apuei fam na osusuw ɔpon no; na ne tenten ne nea aka no yɛ pɛ.
그가 나를 데리고 안 뜰 동편으로 가서 그 문간을 척량하니 척수는
33 Nʼawɛmfo adan, afasu ntiatia a etwitwa adan no ntam ne ntwironoo no tenten ne nea aka no yɛ pɛ. Na hɔ apon no ne ne ntwironoo nyinaa wowɔ mfɛnsere nketenkete. Na ne tenten yɛ anammɔn aduɔson anum na ne trɛw nso yɛ anammɔn aduasa ason ne fa.
장이 오십척이요 광이 이십 오척이며 그 문지기 방과 벽과 현관이 먼저 척량한 것과 같고 그 문간과 그 현관 좌우에도 창이 있으며
34 Ne ntwironoo hwɛ mfimfini adiwo hɔ; nʼafadum ho wɔ mmedua mfoni afɛɛfɛ, na atrapoe nnidiso awotwe na wɔforo de kɔ hɔ.
그 현관이 바깥 뜰로 향하였고 그 이편 저편 문 벽 위에도 종려나무를 새겼으며 그 문간으로 올라가는 여덟 층계가 있더라
35 Afei ɔde me baa atifi fam pon no ano na osusuwii. Na ne tenten ne nea aka no yɛ pɛ,
그가 또 나를 데리고 북문에 이르러 척량하니 척수는
36 saa ara na nʼawɛmfo adan, afasu ntiantia a etwitwa adan no ntam ne ne ntwironoo te sɛ nkae no, na mfɛnsere nketenkete wɔ ho nyinaa. Na ne tenten yɛ anammɔn aduɔson anum na ne trɛw nso yɛ anammɔn aduasa ason ne fa.
장이 오십척이요 광이 이십 오척이며 그 문지기 방과 벽과 현관이 다 그러하여 그 좌우에도 창이 있으며
37 Ne ntwironoo no ani kyerɛ mfikyiri adiwo hɔ, nʼafadum no afaanu nyinaa ho wɔ mmedua a mfoni afɛɛfɛ, na atrapoe nnidiso awotwe na wɔforo de kɔ hɔ.
그 현관이 바깥 뜰로 향하였고 그 이편 저편 문 벽 위에도 종려나무를 새겼으며 그 문간으로 올라가는 여덟 층계가 있더라
38 Ɔdan bi a ɔpon da ano bɛn ntwironoo a ɛwowɔ apon a ɛwɔ mfimfini no mu biara ho, hɔ na wɔhohoro ɔhyew afɔrebɔde ho.
그 문 벽 곁에 문이 있는 방이 있는데 그것은 번제물을 씻는 방이며
39 Apon abien sisi abɔntenpon ntwironoo no mu, na so na wokunkum ɔhyew afɔre, bɔne afɔre ne afɔdi afɔre mmoa.
그 문의 현관 이편에 상 둘이 있고 저편에 상 둘이 있으니 그 위에서 번제와 속죄제와 속건제의 희생을 잡게 한 것이며
40 Apon abien sisi ntwironoo no akyi, atrapoe no nkyɛn mu fa ne fa a ɛrekɔ atifi fam pon no ano hɔ.
그 북문 바깥 곧 입구로 올라가는 곳 이편에 상 둘이 있고 문의 현관 저편에 상 둘이 있으니
41 Ɛno nti na apon anan sisi ɔpon no afa abien no fa biara; ne nyinaa yɛ apon awotwe a so na wokum afɔrebɔ mmoa.
문 곁 이편에 상이 넷이 있고 저편에 상이 넷이 있어 합이 여덟상이라 그 위에서 희생을 잡는 소용이며
42 Na abo a wɔatwa no apon anan nso wɔ hɔ ma ɔhyew afɔrebɔde. Emu biara tenten yɛ anammɔn abien ne nkyɛmu anan mu baako, na ne trɛw nso yɛ saa ara, ne sorokɔ yɛ ɔnammɔn baako ne fa. Saa apon yi so na wɔde afoa ne nkuku a wɔde yɛ ɔhyew afɔrebɔde ne afɔrebɔde a aka no ho nneɛma gu.
또 다듬은 돌로 만들어서 번제에 쓰는 상 넷이 있는데 각 장이 일척 반이요 광이 일척 반이요 고가 일척이라 번제의 희생을 잡을 때에 쓰는 기구가 그 위에 놓였으며
43 Na kɔtɔkoro nta adinam a emu biara tenten yɛ nsateaakwaa abiɛsa sensɛn afasu no nyinaa ho. Apon no so na wɔde afɔrebɔ nam gu.
현관 안에는 길이가 손바닥 넓이 만한 갈고리가 사면에 박혔으며 상들에는 희생의 고기가 있더라
44 Mfimfini pon no akyi wɔ mfimfini adiwo no, na adan abien wɔ; baako bɛn atifi fam pon a ani hwɛ anafo fam, na baako nso bɛn anafo fam pon a ani kyerɛ atifi fam.
안 문안 안 뜰에는 방 둘이 있는데 북문 곁에 있는 방은 남으로 향하였고 남문 곁에 있는 방은 북으로 향하였더라
45 Ɔka kyerɛɛ me se, “Ɔdan a ɛwɔ anafo fam no yɛ asɔfo a wɔhwɛ asɔredan no so no dea,
그가 내게 이르되 남향한 이 방은 성전을 수직하는 제사장들의 쓸 것이요
46 Na ɔdan a ani kyerɛ atifi fam no yɛ asɔfo a wɔhwɛ afɔremuka no so no dea. Eyinom yɛ Sadok mmabarima a wɔn nko ara ne Lewifo a wotumi bɛn Awurade na wɔsom wɔ nʼanim.”
북향한 방은 제단을 수직하는 제사장들의 쓸 것이라 이들은 레위의 후손 중 사독의 자손으로서 여호와께 가까이 나아가 수종드는자니라 하고
47 Afei wosusuw adiwo no. Na ɛyɛ ahinanan a ɔfa biara tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum. Na afɔremuka no si asɔredan no anim.
그가 또 그 뜰을 척량하니 장이 일백척이요 광이 일백척이라 네모 반듯하며 제단은 전 앞에 있더라
48 Afei ɔde me baa asɔredan no ntwironoo mu, na osusuw ntwironoo no afadum, na ɔfa biara trɛw yɛ anammɔn ason ne fa. Na abobow ano no trɛw yɛ anammɔn aduonu baako ne fa. Na afasu ntiaa a epuepue ho no trɛw yɛ anammɔn anan ne fa wɔ ɔfa biara.
그가 나를 데리고 전문 현관에 이르러 그 문의 좌우 벽을 척량하니 광이 이편도 오척이요 저편도 오척이며 두께가 문 이편도 삼 척이요 문 저편도 삼척이며
49 Ntwironoo no trɛw yɛ anammɔn aduasa, na efi anim kosi akyi no yɛ anammɔn dunwɔtwe. Atrapoe ntoatoaso bi na wɔforo de kɔ hɔ. Na afadum sisi ntwironoo no fa biara.
그 현관의 광은 이십척이요 장은 십 일척이며 문간으로 올라가는 층계가 있고 문 벽 곁에는 기둥이 있는데 하나는 이편에 있고 하나는 저편에 있더라

< Hesekiel 40 >