< Hesekiel 4 >

1 “Na afei, onipa ba, fa ntayaa bi to wʼanim na kurukyerɛw Yerusalem kuropɔn mfoni wɔ so.
और ऐ आदमज़ाद, तू एक खपरा ले और अपने सामने रख कर उस पर एक शहर, हाँ, येरूशलेम ही की तस्वीर खींच।
2 Afei tua nʼano: Di ntuano dwuma ahorow tia no, yɛ pie tia no, yɛ mpampim ne nsraban wɔ ho, na sisi mpuran twa ne ho dantaban.
और उसका घेराव कर, और उसके सामने बुर्ज बना, और उसके सामने दमदमा बाँध और उसके चारों तरफ़ ख़ेमें खड़े कर और उसके चारों तरफ़ मन्जनीक लगा।
3 Afei, fa dade kyɛmfɛre to ɔfasu wɔ wo ne kuropɔn no ntam na dan wʼani kyerɛ no. Wobetua kuropɔn no ano na wo na wubetua nʼano. Eyi bɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama Israelfi.
फिर तू लोहे का एक तवा ले, और अपने और शहर के बीच उसे नस्ब कर कि वह लोहे की दीवार ठहरे और तू अपना मुँह उसके सामने कर और वह घेराव की हालत में हो, और तू उसको घेरने वाला होगा; यह बनी इस्राईल के लिए निशान है।
4 “Afei da wo benkum so na fa Israel bɔne to wo ho so. Wobɛsoa wɔn bɔne nna dodow a wode da wo fa so no.
फिर तू अपनी ईं करवट पर लेट रह और बनी — इस्राईल की बदकिरदारी इस पर रख दे; जितने दिनों तक तू लेटा रहेगा, तू उनकी बदकिरदारी बर्दाश्त करेगा।
5 Mede wɔn bɔne mfe no ayɛ nna dodow ama wo. Enti nnafua ahaasa ne aduɔkron na wode bɛsoa Israelfi bɔne.
और मैंने उनकी बदकिरदारी के बरसों को उन दिनों के शुमार के मुताबिक़ जो तीन — सौ — नब्बे दिन हैं तुझ पर रख्खा है, इसलिए तू बनी — इस्राईल की बदकिरदारी बर्दाश्त करेगा।
6 “Ɛno akyi no, da bio wɔ wo nifa so na soa Yudafo bɔne adaduanan a da koro biara bɛyɛ afe baako.
और जब तू इनको पूरा कर चुके तो फिर अपनी दहनी करवट पर लेट रह, और चालीस दिन तक बनी यहूदाह की बदकिरदारी को बर्दाश्त कर; मैंने तेरे लिए एक एक साल के बदले एक एक दिन मुक़र्रर किया है।
7 Dan wʼani kyerɛ Yerusalem ntuano no na fa nsa pan hyɛ nkɔm tia no.
फिर तू येरूशलेम के घेराव की तरफ़ मुँह कर और अपना बाज़ू नंगा कर और उसके ख़िलाफ़ नबुव्वत कर।
8 Mede ntampehama bɛkyekyere wo sɛnea worentumi nnan wo ho kosi sɛ nna a wɔde tua mo ano no bɛba nʼawie.
और देख, मैं तुझ पर बन्धन डालूँगा कि तू करवट न ले सके, जब तक अपने घेराव के दिनों को पूरा न कर ले।
9 “Fa atoko ne awi, asɛ ne asedua, kɔkɔte ne aburow; fa ne nyinaa gu adekora kuruwa mu na fa to brodo a wubedi. Eyi na wubedi wɔ nnafua ahaasa ne aduɔkron a woda wo fa so no.
और तू अपने लिए गेहूँ और जौ और बाक़ला और मसूर और चना और बाजरा ले, और उनको एक ही बर्तन में रख, और उनकी इतनी रोटियाँ पका जितने दिनों तक तू पहली करवट पर लेटा रहेगा; तू तीन सौ नब्बे दिन तक उनको खाना।
10 Kari aduan gram ahannu ne aduasa aduonu a wubedi no da koro biara wɔ bere ano, bere ano.
और तेरा खाना वज़न करके बीस मिस्काल “रोज़ाना होगा जो तू खाएगा, तू थोड़ा — थोड़ा खाना।
11 Afei susuw nsu sukuruwa baako na nom no bere ano bere ano.
तू पानी भी नाप कर एक हीन का छटा हिस्सा पिएगा, तू थोड़ा — थोड़ा पीना।
12 Di aduan no sɛnea anka wubedi atoko ɔfam; to ma nnipa nhu na fa onipa agyanan yɛ ogya.”
और तू जौ के फुल्के खाना, और तू उनकी आँखों के सामने इंसान की नजासत से उनको पकाना।”
13 Awurade kae se: “Saa ara na Israelfo bedi aduan a wɔagu ho fi wɔ amanaman a mɛpam wɔn akɔ so no.”
और ख़ुदावन्द ने फ़रमाया, कि “इसी तरह से बनी — इस्राईल अपनी नापाक रोटियों को उन क़ौमों के बीच जिनमें मैं उनको आवारा करूँगा, खाया करेंगे।”
14 Na mekae se, “Ɛnte saa, Otumfo Awurade! Minguu me ho fi da. Efi me mmofraase besi saa bere yi, minnii aboa funu anaa nea nkekaboa bi akum no atetew ne mu da. Nam a ɛho agu fi nkaa mʼano da.”
तब मैंने कहा, कि “हाय, ख़ुदावन्द ख़ुदा! देख, मेरी जान कभी नापाक नहीं हुई; और अपनी जवानी से अब तक कोई मुरदार चीज़ जो आप ही मर जाए या किसी जानवर से फाड़ी जाए, मैंने हरगिज़ नहीं खाई, और हराम गोश्त मेरे मुँह में कभी नहीं गया।”
15 Awurade kae se, “eye, mɛma wode nantwi agyanan asi onipa de anan mu, na woato wo brodo wɔ so.”
तब उसने मुझे फ़रमाया, देख, मैं इंसान की नजासत के बदले तुझे गोबर देता हूँ, इसलिए तू अपनी रोटी उससे पकाना।
16 Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, metwa aduan a wɔde ba Yerusalem so. Nnipa no de ahoyeraw bedi aduan a wɔkyekyɛ mu na wɔde abasamtu anom nsu a wɔkyekyɛ,
उसने मुझे फ़रमाया, कि ऐ आदमज़ाद, देख, मैं येरूशलेम में रोटी का 'असा तोड़ डालूँगा; और वह रोटी तौल कर फ़िक्रमन्दी से खाएँगे, और पानी नाप कर हैरत से पिएँगे।
17 efisɛ aduan ne nsu ho bɛyɛ na. Wɔn ho bedwiriw wɔn sɛ wohu wɔn ho wɔn ho, na wɔn bɔne nti wɔbɛfonfɔn.”
ताकि वह रोटी पानी के मोहताज हों, और एक साथ शर्मिन्दा हों और अपनी बदकिरदारी में हलाक हों।

< Hesekiel 4 >