< Hesekiel 39 >

1 “Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Gog na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne wo anya. Gog, Mesek ne Tubal obirɛmpɔn.
ואתה בן אדם הנבא על גוג ואמרת כה אמר אדני יהוה הנני אליך גוג נשיא ראש משך ותבל׃
2 Mekyinkyim wo na matwe wʼase. Mede wo befi atifi fam nohɔ tɔnn na mede aba Israel mmepɔw so.
ושבבתיך וששאתיך והעליתיך מירכתי צפון והבאותך על הרי ישראל׃
3 Afei, mɛbɔ wo bɛmma afi wo nsa benkum mu na mama wʼagyan afi wo nsa nifa mu agu fam.
והכיתי קשתך מיד שמאולך וחציך מיד ימינך אפיל׃
4 Wo ne wʼasraafo nyinaa ne aman a wɔka wo ho no bɛtotɔ wɔ Israel mmepɔw so. Mede wo bɛma nnomaa ahorow a wɔpɛ nea aporɔw ne wuram mmoa sɛ wɔn aduan.
על הרי ישראל תפול אתה וכל אגפיך ועמים אשר אתך לעיט צפור כל כנף וחית השדה נתתיך לאכלה׃
5 Mobɛtotɔ wɔ mfuw so, efisɛ makasa, Otumfo Awurade asɛm ni.
על פני השדה תפול כי אני דברתי נאם אדני יהוה׃
6 Mɛtɔ ogya agu Magog so ne wɔn a wɔtete hɔ asomdwoe mu wɔ mpoano nsase so no na wobehu sɛ mene Awurade no.
ושלחתי אש במגוג ובישבי האיים לבטח וידעו כי אני יהוה׃
7 “‘Mɛma me nkurɔfo Israelfo ahu me din kronkron wɔ wɔn mu na meremma ho kwan ma wonngu me din kronkron no ho fi na aman no behu sɛ me Awurade mene Ɔkronkronni no wɔ Israel.
ואת שם קדשי אודיע בתוך עמי ישראל ולא אחל את שם קדשי עוד וידעו הגוים כי אני יהוה קדוש בישראל׃
8 Ɛreba! na ampa ara ebesi, Otumfo Awurade asɛm ni. Da a maka ho asɛm no ni.
הנה באה ונהיתה נאם אדני יהוה הוא היום אשר דברתי׃
9 “‘Afei wɔn a wɔtete Israel nkurow so befi adi na wɔde akode no bɛsɔ gya, akokyɛm nketewa ne akɛse, bɛmma ne agyan, nkontimmaa ne mpeaw. Wɔde bɛyɛ nnyina asɔ gya mfe ason.
ויצאו ישבי ערי ישראל ובערו והשיקו בנשק ומגן וצנה בקשת ובחצים ובמקל יד וברמח ובערו בהם אש שבע שנים׃
10 Ɛrenhia sɛ wɔbɛkɔ anyan wɔ mfuw so anaasɛ wɔbɛpɛ bi wɔ kwae mu, efisɛ wɔde akode no bɛsɔ gya. Na wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe wɔn nneɛma no nneɛma na wɔafom wɔn a wɔfom wɔn nneɛma no nso nneɛma, Otumfo Awurade asɛm ni.
ולא ישאו עצים מן השדה ולא יחטבו מן היערים כי בנשק יבערו אש ושללו את שלליהם ובזזו את בזזיהם נאם אדני יהוה׃
11 “‘Saa da no, mɛyɛ amusiei wɔ Israel ama Gog, wɔ obon a ɛda baabi a wɔn a wotu kwan kɔ apuei fam wɔ po no ho no fa no. Ebesiw akwantufo kwan efisɛ wobesie Gog ne ne dɔm no wɔ hɔ. Ɛno nti wɔbɛfrɛ hɔ se Hamon Gog bon.
והיה ביום ההוא אתן לגוג מקום שם קבר בישראל גי העברים קדמת הים וחסמת היא את העברים וקברו שם את גוג ואת כל המונה וקראו גיא המון גוג׃
12 “‘Na Israelfi de asram ason besie wɔn de adwira asase no.
וקברום בית ישראל למען טהר את הארץ שבעה חדשים׃
13 Nnipa a wɔwɔ asase no so besie wɔn na da a wɔbɛhyɛ me anuonyam no bɛyɛ nkaeda ama wɔn, Otumfo Awurade na ose.
וקברו כל עם הארץ והיה להם לשם יום הכבדי נאם אדני יהוה׃
14 Wɔbɛkɔ so afa nnipa ama wɔatew asase no ho. Ebinom bɛfa asase no so nyinaa, na ebinom nso asie wɔn a wɔda so gugu asase no so no. “‘Asram ason akyi no wɔbɛhwehwɛ asase no so yiye.
ואנשי תמיד יבדילו עברים בארץ מקברים את העברים את הנותרים על פני הארץ לטהרה מקצה שבעה חדשים יחקרו׃
15 Bere a wɔrekyinkyin asase no so no, sɛ wɔn mu bi hu onipa dompe a, ɔbɛhyɛ hɔ agyirae akosi sɛ asieifo bɛfa akosie wɔ Hamon Gog bon no mu.
ועברו העברים בארץ וראה עצם אדם ובנה אצלו ציון עד קברו אתו המקברים אל גיא המון גוג׃
16 (Kurow bi bɛba hɔ a ne din de Hamona). Na sɛɛ na wobedwira asase no.’
וגם שם עיר המונה וטהרו הארץ׃
17 “Onipa ba, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Frɛ nnomaa ahorow ne wuram mmoadoma nyinaa na ka kyerɛ wɔn se, ‘Mommoaboa mo ho ano mfi mmeaemmeae mmra afɔrebɔ a meresiesie ama mo no ase, afɔrebɔ kɛse wɔ Israel mmepɔw so. Hɔ na mubedi nam na moanom mogya.
ואתה בן אדם כה אמר אדני יהוה אמר לצפור כל כנף ולכל חית השדה הקבצו ובאו האספו מסביב על זבחי אשר אני זבח לכם זבח גדול על הרי ישראל ואכלתם בשר ושתיתם דם׃
18 Mobɛwe dɔmmarima nam wɔ hɔ na moanom asase so mmapɔmma mogya te sɛ nea wɔyɛ adwennini ne nguantenmma, mpapo ne anantwinini a wɔn nyinaa yɛ Basan nyɛmmoa a wɔadodɔ srade.
בשר גבורים תאכלו ודם נשיאי הארץ תשתו אילים כרים ועתודים פרים מריאי בשן כלם׃
19 Afɔre a meresiesie ama mo no, mubedi srade akosi sɛ mobɛyɛ pintinn na moanom mogya akosi sɛ mobɛbobow.
ואכלתם חלב לשבעה ושתיתם דם לשכרון מזבחי אשר זבחתי לכם׃
20 Mobɛwe apɔnkɔ ne sotefo, dɔmmarima ne asraafo ahorow nyinaa nam amee wɔ me pon so,’ Otumfo Awurade asɛm ni.
ושבעתם על שלחני סוס ורכב גבור וכל איש מלחמה נאם אדני יהוה׃
21 “Mɛda mʼanuonyam adi wɔ amanaman no mu na wɔn nyinaa behu asotwe ne nsa a mede ato wɔn so no.
ונתתי את כבודי בגוים וראו כל הגוים את משפטי אשר עשיתי ואת ידי אשר שמתי בהם׃
22 Efi saa da no rekɔ, Israelfi behu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn no.
וידעו בית ישראל כי אני יהוה אלהיהם מן היום ההוא והלאה׃
23 Na amanaman no behu sɛ Israelfo kɔɔ nkoasom mu wɔn bɔne nti, efisɛ wɔanni me nokware. Ɛno nti mede mʼanim hintaw wɔn, na mede wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa na wɔn nyinaa totɔɔ wɔ afoa ano.
וידעו הגוים כי בעונם גלו בית ישראל על אשר מעלו בי ואסתר פני מהם ואתנם ביד צריהם ויפלו בחרב כלם׃
24 Mene wɔn dii no sɛnea wɔn ho fi ne wɔn mfomso te, mede mʼanim hintaw wɔn.
כטמאתם וכפשעיהם עשיתי אתם ואסתר פני מהם׃
25 “Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede Yakob befi nkoasom mu aba na manya ahummɔbɔ ama Israelfo nyinaa, na mɛtwe me din kronkron no ho ninkunu.
לכן כה אמר אדני יהוה עתה אשיב את שבית יעקב ורחמתי כל בית ישראל וקנאתי לשם קדשי׃
26 Wɔn werɛ befi wɔn animguase ne nokware a wɔanni me bere a na wɔte hɔ asomdwoe mu wɔ wɔn asase so a obiara nhunahuna wɔn no.
ונשו את כלמתם ואת כל מעלם אשר מעלו בי בשבתם על אדמתם לבטח ואין מחריד׃
27 Sɛ mede wɔn fi amanaman no so san ba na meboaboa wɔn ano fi wɔn atamfo nsase so a, mɛfa wɔn so ada me kronkronyɛ adi wɔ amanaman no nyinaa ani so.
בשובבי אותם מן העמים וקבצתי אתם מארצות איביהם ונקדשתי בם לעיני הגוים רבים׃
28 Afei wobehu sɛ mene Awurade wɔn Nyankopɔn no, efisɛ ɛwɔ mu sɛ mede wɔn kɔɔ nnommum mu wɔ amanaman no mu de, nanso mɛboaboa wɔn ano akɔ wɔn ankasa asase so a merennyaw wɔn mu biara wɔ akyi.
וידעו כי אני יהוה אלהיהם בהגלותי אתם אל הגוים וכנסתים על אדמתם ולא אותיר עוד מהם שם׃
29 Meremfa mʼanim nhintaw wɔn bio, efisɛ mehwie me Honhom agu Israelfi so, Otumfo Awurade asɛm ni.”
ולא אסתיר עוד פני מהם אשר שפכתי את רוחי על בית ישראל נאם אדני יהוה׃

< Hesekiel 39 >