< Hesekiel 38 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
And the word of the LORD came to me, saying,
2 “Onipa ba, fa wʼani si Gog, a ɛwɔ Magog asase so no so, Mesek ne Tubal obirɛmpɔn no; hyɛ nkɔm tia no
“Son of man, set your face against Gog of the land of Magog, the chief prince of Meshech and Tubal. Prophesy against him
3 na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne wo anya. Gog, Mesek ne Tubal birɛmpɔn.
and declare that this is what the Lord GOD says: Behold, I am against you, O Gog, chief prince of Meshech and Tubal.
4 Mekyinkyim wo na mede nnarewa asuso wʼabogye mu na mede wo ne wʼasraafo nyinaa, wʼapɔnkɔ, wʼapɔnkɔsotefo a wɔhyehyɛ akotade ne dɔm kɛse a wokurakura akokyɛm akɛse ne nketewa a wɔn nyinaa rehinhim wɔn afoa, apue.
I will turn you around, put hooks in your jaws, and bring you out with all your army—your horses, your horsemen in full armor, and a great company armed with shields and bucklers, all brandishing their swords.
5 Persia, Kus ne Put a wɔn nyinaa kurakura nkatabo na wɔhyehyɛ wɔn nnadekyɛw bɛka wɔn ho,
Persia, Cush, and Put will accompany them, all with shields and helmets,
6 afei Gomer ne nʼasraafo nyinaa ne Bet-Togarma a wofi atifi fam akyirikyiri ne nʼasraafo, aman bebree bɛka wo ho.
as well as Gomer with all its troops, and Beth-togarmah from the far north with all its troops—the many nations with you.
7 “‘Siesie wo ho, yɛ krado, wo ne nnipakuw a wɔaboaboa wɔn ho ano wɔ wo nkyɛn nyinaa na yɛ wɔn so hwɛfo.
Get ready; prepare yourself, you and all your company gathered around you; you will be their guard.
8 Nna bebree akyi no, wobɛtwe atuo. Mfe bi akyi no wobɛko afa asase bi a wafi ɔko mu afi na wɔaboaboa so nnipa afi amanaman so aba Israel mmepɔw a ada mpan akyɛ no so. Wɔde wɔn fi amanaman no mu, na mprempren wɔn nyinaa te asomdwoe mu.
After a long time you will be summoned. In the latter years you will enter a land that has recovered from war, whose people were gathered from many nations to the mountains of Israel, which had long been desolate. They had been brought out from the nations, and all now dwell securely.
9 Wo ne wʼasraafo nyinaa ne aman bebrebe a wɔwɔ wo nkyɛn no bɛforo akɔ mo anim sɛ ahum. Mobɛyɛ sɛ omununkum akata asase no so.
You and all your troops, and many peoples with you will go up, advancing like a thunderstorm; you will be like a cloud covering the land.
10 “‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Saa da no, nsusuwii bi bɛba wo tirim na wubeguan nhyehyɛe bɔne bi.
This is what the Lord GOD says: On that day, thoughts will arise in your mind, and you will devise an evil plan.
11 Wobɛka se, “Mɛko afa asase a wɔntoo so nkuraa ho fasu, mɛtow ahyɛ nnipa a wɔwɔ asomdwoe na wɔnnwene hwee so, a wɔn mu biara nni ɔfasu, apon ne akyi adaban.
You will say, ‘I will go up against a land of unwalled villages; I will come against a tranquil people who dwell securely, all of them living without walls or bars or gates—
12 Mɛfom na mawia na madan me nsa atia amamfo a nnipa abɛtena so ne nnipa a wɔaboa wɔn ano afi amanaman so, nnipa a nyɛmmoa ne aguade abu wɔn so na wɔtete asase no mfimfini no.”
in order to seize the spoil and carry off the plunder, to turn a hand against the desolate places now inhabited and against a people gathered from the nations, who have acquired livestock and possessions and who live at the center of the land.’
13 Seba ne Dedan ne Tarsis aguadifo ne ne nkuraa nyinaa bebisa wo se, “Woaba sɛ worebɛfom ana? Woaboa wo dɔm ano sɛ morebewia na moasoa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, nyɛmmoa ne aguade akɔ na moafa asade bebree abran so ana?”’
Sheba and Dedan and the merchants of Tarshish with all its villages will ask, ‘Have you come to capture the plunder? Have you assembled your hordes to carry away loot, to make off with silver and gold, to take cattle and goods, to seize great spoil?’
14 “Ɛno nti, onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Gog se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Saa da no, bere a me nkurɔfo Israelfo te hɔ asomdwoe mu no, woanhu ana?
Therefore prophesy, son of man, and tell Gog that this is what the Lord GOD says: On that day when My people Israel are dwelling securely, will you not take notice of this?
15 Wubefi wʼasase so wɔ atifi fam nohɔ tɔnn, wo ne aman bebree a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so, nnipadɔm kɛse, asraafodɔm a ɛso.
And you will come from your place out of the far north—you and many peoples with you, all riding horses—a mighty horde, a huge army.
16 Mubetu ateɛ akɔ me nkurɔfo Israelfo so te sɛ omununkum a ɛkata asase no so. Nna a ɛbɛba no mu. Gog, mɛma woasɔre atia mʼasase, sɛnea aman no behu me, bere a menam wo so bɛda me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ wɔn anim no.
You will advance against My people Israel like a cloud covering the land. It will happen in the latter days, O Gog, that I will bring you against My land, so that the nations may know Me when I show Myself holy in you before their eyes.
17 “‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛnyɛ wo ne nea menam mʼasomfo Israel adiyifo so kaa wo ho asɛm nna a atwa mu no ana? Saa bere no, wɔde mfe bebree hyɛɛ nkɔm se mɛma wo so de atia wɔn.
This is what the Lord GOD says: Are you the one of whom I have spoken in former days through My servants, the prophets of Israel, who in those times prophesied for years that I would bring you against them?
18 Eyi ne nea ebesi saa da no. Sɛ Gog tow hyɛ Israel asase so a, mʼabufuwhyew bɛsɔre, Otumfo Awurade asɛm ni.
Now on that day when Gog comes against the land of Israel, declares the Lord GOD, My wrath will flare up.
19 Mʼanem ne mʼabufuwhyew mu, mepae mu ka se, saa bere no asasewosow kɛse bɛba Israel asase so.
In My zeal and fiery rage I proclaim that on that day there will be a great earthquake in the land of Israel.
20 Po mu mpataa, wim nnomaa, wuram mmoa, abɔde biara a ɛwea wɔ asase so ne nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ho bɛpopo wɔ mʼanim. Mmepɔw betutu agu, abotan bedwiriw na afasu nyinaa abubu agu fam.
The fish of the sea, the birds of the air, the beasts of the field, every creature that crawls upon the ground, and all mankind on the face of the earth will tremble at My presence. The mountains will be thrown down, the cliffs will collapse, and every wall will fall to the ground.
21 Mɛfrɛ afoa aba Gog so wɔ me mmepɔw nyinaa so, Otumfo Awurade asɛm ni. Wɔde afoa bɛsɔre atia wɔn ho wɔn ho.
And I will summon a sword against Gog on all My mountains, declares the Lord GOD, and every man’s sword will be against his brother.
22 Mede ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bebu no atɛn, mehwie osuhweam, mparuwbo, ogya ne sufre a ɛdɛw agu ɔno ne nʼasraafo ne aman bebree a wɔka ne ho no so.
I will execute judgment upon him with plague and bloodshed. I will pour out torrents of rain, hailstones, fire, and sulfur on him and on his troops and on the many nations with him.
23 Enti mɛda me kɛseyɛ ne me kronkronyɛ adi, na mama amanaman ahu me. Afei wobehu sɛ mene Awurade no.’
I will magnify and sanctify Myself, and will reveal Myself in the sight of many nations. Then they will know that I am the LORD.

< Hesekiel 38 >