< Hesekiel 37 >
1 Na Awurade nsa wɔ me so na ɔde ne Honhom faa me fii adi de me besii obon no mfimfini, na nnompe ayɛ no ma.
The hand of the LORD was upon me, and He brought me out by His Spirit and set me down in the middle of the valley, and it was full of bones.
2 Ɔde me dii akɔneaba wɔ mu na mihuu nnompe bebree wɔ obon no ase, nnompe a ɛho akokwaw.
He led me all around among them, and I saw a great many bones on the floor of the valley, and indeed, they were very dry.
3 Obisaa me se, “Onipa ba, saa nnompe yi betumi anya nkwa ana?” Mekae se, “Otumfo Awurade, wo nko ara na wunim.”
Then He asked me, “Son of man, can these bones come to life?” “O Lord GOD,” I replied, “only You know.”
4 Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Hyɛ nkɔm wɔ nnompe yi ho na ka kyerɛ wɔn se, ‘Nnompe a mo ho akokwaw, muntie Awurade asɛm!
And He said to me, “Prophesy concerning these bones and tell them, ‘Dry bones, hear the word of the LORD!
5 Sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ saa nnompe yi: Mɛma ɔhome aba mo mu na mubenya nkwa.
This is what the Lord GOD says to these bones: I will cause breath to enter you, and you will come to life.
6 Mɛma ntin abesuso mo mu, na mede nam agu mo so na mede were akata mo ho. Mede ɔhome begu mo mu na moaba nkwa mu. Afei mubehu sɛ mene Awurade.’”
I will attach tendons to you and make flesh grow upon you and cover you with skin. I will put breath within you so that you will come to life. Then you will know that I am the LORD.’”
7 Ɛno nti mehyɛɛ nkɔm sɛnea wɔhyɛɛ me no. Na migu so rehyɛ nkɔm no, nne bi bae, ɔwosow bi, na nnompe no keka bobɔɔ mu, dompe bɛkaa ne dompe ho.
So I prophesied as I had been commanded. And as I prophesied, there was suddenly a noise, a rattling, and the bones came together, bone to bone.
8 Na mehwɛ huu sɛ ntin baa so, na nam baa ho na were bɛkataa so, nanso na ɔhome biara nni mu.
As I looked on, tendons appeared on them, flesh grew, and skin covered them; but there was no breath in them.
9 Afei ɔka kyerɛɛ me se: “Hyɛ nkɔm kyerɛ home, hyɛ nkɔm, onipa ba na ka kyerɛ no se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɔhome fi mframa anan no mu bra bɛhome gu saa awufo yi mu na wonnya nkwa.’”
Then He said to me, “Prophesy to the breath; prophesy, son of man, and tell the breath that this is what the Lord GOD says: Come from the four winds, O breath, and breathe into these slain, so that they may live!”
10 Enti mehyɛɛ nkɔm sɛnea ɔhyɛɛ me no, na ɔhome hyɛn wɔn mu; na nkwa baa wɔn mu ma wɔsɔre gyinagyinaa wɔn anan so, dɔm kɛse pa ara.
So I prophesied as He had commanded me, and the breath entered them, and they came to life and stood on their feet—a vast army.
11 Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, saa nnompe yi yɛ Israelfi nyinaa. Wɔka se: ‘Yɛn nnompe ho akokwaw na yɛn anidaso asa, wɔatwa yɛn agu korakora.’
Then He said to me, “Son of man, these bones are the whole house of Israel. Look, they are saying, ‘Our bones are dried up, and our hope has perished; we are cut off.’
12 Ɛno nti hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me nkurɔfo, merebebuebue mo nna na mayiyi mo afi mu apue. Mede mo bɛsan aba Israel asase so.
Therefore prophesy and tell them that this is what the Lord GOD says: ‘O My people, I will open your graves and bring you up from them, and I will bring you back to the land of Israel.
13 Afei mo, me nkurɔfo, sɛ mibuebue mo nna na miyiyi mo fi mu a, mubehu sɛ mene Awurade no.
Then you, My people, will know that I am the LORD, when I open your graves and bring you up from them.
14 Mede me Honhom bɛhyɛ mo mu na mubenya nkwa, na mede mo bɛtena mo ankasa asase so. Afei mubehu sɛ me, Awurade na makasa na mayɛ nso, Awurade asɛm ni.’”
I will put My Spirit in you and you will live, and I will settle you in your own land. Then you will know that I, the LORD, have spoken, and I will do it, declares the LORD.’”
15 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
Again the word of the LORD came to me, saying,
16 “Onipa ba, fa dua na kyerɛw ho se, ‘Yuda ne Israelfo a wɔka ne ho de.’ Afei fa dua foforo na kyerɛw ho se, ‘Efraim dua a ɛyɛ Yosef ne Israelfi a wɔka ne ho nyinaa de.’
“And you, son of man, take a single stick and write on it: ‘Belonging to Judah and to the Israelites associated with him.’ Then take another stick and write on it: ‘Belonging to Joseph—the stick of Ephraim—and to all the house of Israel associated with him.’
17 Ka abien no bɔ mu na ɛnyɛ dua baako wɔ wo nsam.
Then join them together into one stick, so that they become one in your hand.
18 “Sɛ wo nkurɔfo ka se, worenkyerɛ yɛn nea wode eyi kyerɛ ana a,
When your people ask you, ‘Won’t you explain to us what you mean by these?’
19 ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merebɛfa Yosef dua a ɛhyɛ Efraim ne Israel mmusuakuw a wɔka ne ho no nsa, na mede abɔ Yuda dua no mu ayɛ abien no baako, na wɔbɛyɛ baako wɔ me nsam.’
you are to tell them that this is what the Lord GOD says: ‘I will take the stick of Joseph, which is in the hand of Ephraim, and the tribes of Israel associated with him, and I will put them together with the stick of Judah. I will make them into a single stick, and they will become one in My hand.’
20 Ma nnua a woakyerɛkyerɛw ho no so kyerɛ wɔn
When the sticks on which you write are in your hand and in full view of the people,
21 na ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Meyi Israelfo afi amanaman a wɔakɔ so no so. Mɛboaboa wɔn ano afi mmaa nyinaa na mede wɔn asan aba wɔn ankasa asase so.
you are to tell them that this is what the Lord GOD says: ‘I will take the Israelites out of the nations to which they have gone, and I will gather them from all around and bring them into their own land.
22 Mɛyɛ wɔn ɔman baako wɔ asase no so wɔ Israel mmepɔw so. Ɔhene baako bedi wɔn nyinaa so na wɔrenyɛ aman abien bio, na wɔrenkyɛ mu nyɛ wɔn ahenni abien.
I will make them one nation in the land, on the mountains of Israel, and one king will rule over all of them. Then they will no longer be two nations and will never again be divided into two kingdoms.
23 Wɔremfa wɔn ahoni ne nsɛsode tantan no, anaasɛ wɔn nnebɔne no mu bi ngu wɔn ho fi bio, na megye wɔn nkwa afi wɔn akyirisan bɔne mu na mɛtew wɔn ho. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ wɔn Nyankopɔn.
They will no longer defile themselves with their idols or detestable images, or with any of their transgressions. I will save them from all their apostasies by which they sinned, and I will cleanse them. Then they will be My people, and I will be their God.
24 “‘Me somfo Dawid bedi wɔn so hene na wɔn nyinaa benya oguanhwɛfo baako. Wobedi me mmara so na wɔahwɛ mʼahyɛde ayɛ.
My servant David will be king over them, and there will be one shepherd for all of them. They will follow My ordinances and keep and observe My statutes.
25 Wɔbɛtena asase a mede maa me somfo Yakob, asase a mo agyanom tenaa so. Wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma bɛtena hɔ afebɔɔ, na me somfo Dawid bɛyɛ wɔn birɛmpɔn afebɔɔ.
They will live in the land that I gave to My servant Jacob, where your fathers lived. They will live there forever with their children and grandchildren, and My servant David will be their prince forever.
26 Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoe apam, ɛbɛyɛ apam a ɛte hɔ daa. Mɛma wɔatim na mama wɔadɔ na mede me kronkronbea besi wɔn mu afebɔɔ.
And I will make a covenant of peace with them; it will be an everlasting covenant. I will establish them and multiply them, and I will set My sanctuary among them forever.
27 Me tenabea bɛwɔ wɔn mu, mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfo.
My dwelling place will be with them; I will be their God, and they will be My people.
28 Afei amanaman no behu sɛ me Awurade, me na meyɛ Israel kronkron, bere a me kronkronbea si wɔn mu afebɔɔ no.’”
Then the nations will know that I the LORD sanctify Israel, when My sanctuary is among them forever.’”