< Hesekiel 33 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
And the word of the Lord came unto me, saying,
2 “Onipa ba, kasa kyerɛ wo manmma na ka kyerɛ wɔn se: ‘Sɛ metwe mʼafoa wɔ asase bi so, na sɛ asase no so nnipa yi wɔn mmarima no mu baako sɛ ɔnyɛ ɔwɛmfo mma wɔn,
Son of man, speak to the children of thy people, and say unto them, If there be a land over which I bring the sword, and the people of the land take a man from among themselves, and appoint him unto themselves for a watchman;
3 na ohu sɛ afoa reba abɛko atia asase no a, ɔhyɛn torobɛnto de bɔ nnipa no kɔkɔ.
And if he see the sword coming over the land, and blow the cornet, and warn the people;
4 Na sɛ obi te torobɛnto no nnyigyei na wanna ne ho so, na sɛ afoa no bekum no a, ne mogya bɛbɔ ɔno ankasa ti so.
And whosoever heareth the sound of the cornet, and taketh no warning; and the sword cometh, and taketh him away: his blood shall be upon his own head.
5 Esiane sɛ ɔtee torobɛnto no nnyigyei na wantie kɔkɔbɔ no nti, ne mogya bɛbɔ nʼankasa ti so. Sɛ otiee kɔkɔbɔ no a, anka onyaa ne ti didii mu.
The sound of the cornet hath he heard, and he hath taken no warning; his blood shall be upon him. But had he taken warning he would have delivered his soul.
6 Nanso sɛ ɔwɛmfo no hu sɛ afoa no reba na wanhyɛn torobɛnto no ammɔ nnipa no kɔkɔ, na sɛ afoa no ba bekum wɔn mu baako a, wɔbɛfa saa onipa no akɔ wɔ ne bɔne nti, nanso mɛma ɔwɛmfo no abu owufo no mogya ho akontaa.’
But if the watchman see the sword coming, and blow not the cornet, so that the people be not warned, and the sword cometh, and taketh away from among them some person: this one is taken away for his iniquity; but his blood will I require from the watchman's hand.
7 “Onipa ba, mayɛ wo ɔwɛmfo ama Israelfi, ɛno nti tie mʼanom nsɛm na fa kɔkɔbɔ a efi me nkyɛn ma wɔn.
But as for thee, O son of man, I have appointed thee a watchman unto the house of Israel: so that when thou hearest a word from my mouth, thou shalt warn them from me.
8 Sɛ meka kyerɛ omumɔyɛfo se, ‘Wo omumɔyɛfo, owu na wubewu,’ na sɛ woankasa ankyerɛ no amma wamfi nʼakwan so a, saa omumɔyɛfo no bewu ne bɔne mu, na mɛma woabu ne mogya ho akontaa.
When I say unto the wicked, O wicked one, thou shalt surely die; and thou dost not speak to warn the wicked from his way: that wicked one shall die for his iniquity; but his blood will I require from thy hand.
9 Nanso sɛ wobɔ omumɔyɛfo no kɔkɔ sɛ omfi nʼakwan so na sɛ wanyɛ a, ne bɔne nti, obewu, nanso worenni ne mogya ho fɔ.
Nevertheless, if thou hast indeed warned the wicked of his way to turn away from it, and he do not turn from his way: he shall certainly die for his iniquity; but thou hast delivered thy soul.
10 “Onipa ba, ka kyerɛ Israelfi se: ‘Sɛɛ ne nea moreka: “Yɛn mfomso ne yɛn nnebɔne hyɛ yɛn so, yɛresɛe, esiane eyinom nti. Na dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya nkwa?”’
But thou, O son of man, speak unto the house of Israel, Thus do ye speak, saying, Truly our transgressions and our sins are upon us, and through them do we pine away: how then shall we live?
11 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, mʼani nnye amumɔyɛfo wu ho, na mmom mepɛ sɛ wɔdan fi wɔn akwan so na wonya nkwa. Monnan! Monnan mfi mo amumɔyɛ akwan no so! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ muwuwu, Israelfi?’
Say unto them, As I live, saith the Lord Eternal, I have no pleasure in the death of the wicked; but in the return of the wicked from his way that he may live: return ye, return ye from your evil ways; for why will ye die, O house of Israel?
12 “Ɛno nti onipa ba, ka kyerɛ wo manmma se, ‘Ɔtreneeni trenee rentumi nnye no nkwa wɔ bere a ɔnyɛ osetie; na omumɔyɛfo amumɔyɛ remma ɔnhwe ase wɔ bere a ɔdan fi ho. Sɛ ɔtreneeni yɛ bɔne a, ɔrennya nkwa wɔ ne kan treneeyɛ nti.’
But thou, son of man, say unto the children of thy people, The righteousness of the righteous shall not deliver him on the day of his transgression; and as for the wickedness of the wicked, he shall not stumble through it on the day that he returneth from his wickedness; nor shall the righteous be able to live through the other on the day that he sinneth.
13 Sɛ meka kyerɛ ɔtreneeni sɛ obenya nkwa, na afei ɔde ne ho to ne treneeyɛ so na ɔyɛ bɔne a, wɔrenkae ne kan trenee nneyɛe biara. Obewu wɔ ne bɔne a wayɛ nti.
When I say of the righteous, that he shall surely live, and he trusteth to his own righteousness, and committeth what is wrong: all his righteous deeds shall not be remembered, and for his wrong that he hath committed, —through this shall he die.
14 Na sɛ meka kyerɛ omumɔyɛfo se, ‘Owu na wubewu,’ na afei ɔdan fi ne nnebɔne ho na ɔyɛ nea eye na ɛteɛ,
Again, when I say unto the wicked, Thou shalt surely die; and he turneth from his sin, and executeth justice and righteousness;
15 na sɛ ɔsan de bosea ho awowaside ma, na ɔsan de nea wawia ma, na odi ahyɛde a ɛma nkwa so, na wanyɛ bɔne a, ampa ara obenya nkwa, na ɔrenwu.
If the wicked restore the pledge, make restitution for what he hath robbed, walk in the statutes of life, so as not to do any wrong: he shall surely live, he shall not die.
16 Wɔrenkae bɔne a wayɛ no mu biara ntia no. Wayɛ nea eye na ɛteɛ, ampa ara obenya nkwa.
All his sins that he hath committed shall not be remembered unto him: justice and righteousness hath he executed, he shall surely live.
17 “Nanso wo manmma ka se, ‘Awurade akwan nteɛ.’ Nanso ɛyɛ wɔn akwan mmom na ɛnteɛ.
Yet say the children of thy people, The way of the Lord is not equitable: while, as to them, their way is not equitable.
18 Sɛ ɔtreneeni fi ne trenee ho na ɔyɛ bɔne a, ɛno nti obewu.
When the righteous turneth away from his righteousness, and doth what is wrong, he shall even die therefore.
19 Na sɛ omumɔyɛfo dan fi ne nnebɔne ho na ɔyɛ nea eye na ɛteɛ a, obenya nkwa.
And when the wicked returneth from his wickedness, and executeth justice and righteousness, he shall surely live therefore.
20 Nanso Israelfi, moka se, ‘Awurade akwan nteɛ.’ Nanso mebu obiara atɛn sɛnea nʼakwan te.”
Yet ye say, The way of the Lord is not equitable. Every one after his own ways will I judge you, O house of Israel.
21 Yɛn asutwa afe a ɛto so dumien no sram a ɛto so du no nnaanum so, ɔbarima bi a waguan afi Yerusalem baa me nkyɛn bɛkae se, “Kuropɔn no ahwe ase!”
And it came to pass in the twelfth year, in the tenth month, on the fifth day of the month after our exile, that there came unto me one that had escaped out of Jerusalem, saying, The city hath been smitten.
22 Na anwummere a ade rebɛkye ama ɔbarima no aba no, na Awurade nsa wɔ me so na obuee mʼano ansa na ɔbarima no baa anɔpa. Enti na mʼano abue a mitumi kasa.
Now the inspiration of the Lord was come upon me in the evening, before the coming of the one who had escaped; and he had opened my mouth, before he was come to me in the morning; and my mouth was opened and I was not kept dumb any more.
23 Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
And the word of the Lord came unto me, saying,
24 “Onipa ba, nnipa a wɔtete saa nnwiriwii so wɔ Israel asase no so no reka se, ‘Abraham yɛ onipa baako, nanso onyaa asase no nyinaa. Nanso yɛdɔɔso, na nokware wɔde asase no ama yɛn sɛ yɛn agyapade.’
Son of man, they that dwell in these ruins in the land of Israel say as followeth, But one man was Abraham, and he obtained the land as an inheritance; and as we are many, the land must [surely] be given to us for an inheritance.
25 Ɛno nti, ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ mowe nam a mogya wɔ mu, mosom mo anyame na muhwie mogya gu nti, ɛsɛ sɛ mofa asase no ana?
Therefore say unto them, Thus hath said the Lord Eternal, By the blood do ye eat, and your eyes do you lift up toward your idols, and blood do ye shed: and ye expect to possess the land?
26 Mode mo ho to mo afoa so. Moyɛ akyiwade na mo mu biara gu ne yɔnko yere ho fi. Ɛsɛ sɛ munya asase no ana?’
Ye depend upon your sword, ye commit abomination, and ye defile every one his neighbor's wife: and ye expect to possess the land?
27 “Ka eyi kyerɛ wɔn se, ‘Nea Otumfo Awurade se ni: Ampa ara sɛ mete ase yi, wɔn a wɔaka wɔ kurow no nnwiriwii mu no bɛtotɔ wɔ afoa ano. Wɔn a wɔwɔ wuram no mede wɔn bɛma nkekaboa ama wɔawe wɔn na wɔn a wɔwɔ abandennen ne abodan mu no, ɔyaredɔm bekunkum wɔn.
Thus shalt thou say unto them, Thus hath said the Lord Eternal, As I live, surely those that are in the ruined places shall fall by the sword, and him that is in the open field will I give to the beasts that they may devour him, and those that are in the strongholds and in the caves shall die through the pestilence.
28 Mɛsɛe asase no ama ayɛ amamfo, na nʼahomaso ahoɔden no bɛba awiei na Israel mmepɔw no bɛda mpan a obiara rentwa mu wɔ hɔ.
And I will render the land desolate and wasted, and the pride of her strength shall cease; and the mountains of Israel shall be desolate, with none to pass through them.
29 Afei wobehu sɛ mene Awurade no, bere a mama asase no ada mpan wɔ akyiwade a wɔayɛ nyinaa nti.’
And they shall experience that I am the Lord, when I render the land desolate and wasted, because of all their abominations which they have committed.
30 “Wo de, onipa ba, wo manmma reka wo ho nsɛm wɔ afasu ho ne afi apon ano kyerɛ wɔn ho wɔn ho se, ‘Mommra mmetie asɛm a efi Awurade nkyɛn aba.’
And thou, son of man, [there are] the children of thy people, who are talking about thee by the walls and in the entrances of the houses, and speak one to another, every one to his brother, saying, Do come, and hear what the word is which cometh forth from the Lord.
31 Me nkurɔfo ba wo nkyɛn, sɛnea wɔyɛ daa no, bɛtenatena wʼanim betie wo nsɛm, nanso wɔmmfa nyɛ adwuma. Wɔde wɔn ano ka ahofama, nanso wɔn koma mu de, wɔn ani bere asisi mu adenya.
And then they come unto thee as the people come, and they sit before thee [as] my people, and they hear thy words, but do not execute them; for as merry songs they carry them in their mouth, while their heart goeth after their unlawful gains.
32 Nokware, wɔn de, wote sɛ obi a ne nne yɛ dɛ, na ɔde nnwontode to ɔdɔ nnwom, efisɛ wɔte wo nsɛm nanso wɔmmfa nyɛ adwuma.
And, lo, thou art unto them as a merry song of one that hath a pleasant voice, and can play well: and [thus] they hear thy words, but execute them not.
33 “Sɛ eyinom nyinaa ba mu a, na nokware ɛbɛba mu nso, na afei wobehu sɛ odiyifo bi baa wɔn mu.”
But when it cometh to pass, [lo, it will come, ] then shall they know that a prophet hath been among them.

< Hesekiel 33 >