< Hesekiel 32 >

1 Mfe dumien mu, ɔsram a ɛto so dumien no da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
I det tolvte År på den første dag i den tolvte måned kom HERRENs Ord til mig således:
2 “Onipa ba, to kwadwom fa Misraimhene Farao ho na ka kyerɛ no se: “‘Wote sɛ gyata wɔ aman no mu: wote sɛ po mu aboa a ne ho yɛ hu wububu dikyi wɔ wo nsuten mu, wode wo nan boro nsuten no de fono nsu no.
Menneskesøn, istem en Klagesang over Farao, Ægyptens Konge, og sig til ham: Du Folkenes Løve, det er ude med dig! Du var som en Drage i Havet med prustende Næse, med Fødderne plumred du Vandet, oproded dets Strømme.
3 “‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Mede dɔm bɛba abɛtow mʼasau agu wo so, na wɔbɛtwe wo afi mʼasau mu.
Så siger den Herre HERREN: Jeg breder mit Garn over dig ved en Sværm af mange Folk, de skal drage dig op i mit Net.
4 Mɛtow wo akyene asase no so na mahiri wo ato sare so. Mɛma wim nnomaa nyinaa abesisi wo so na asase so mmoa nyinaa adi wo nam afrɛ so.
Jeg kaster dig på Land og slænger dig hen på Marken, lader alle Himlens Fugle slå sig ned på dig og al Jordens Dyr blive mætte ved dig.
5 Mɛhata wo nam wɔ mmepɔw no so na mede wo funu ahyɛ aku ma.
Jeg lægger dit Kød på Bjergene, fylder Dalene op med dit Ådsel,
6 Mede wo mogya a ɛresen no afɔw asase no de akɔka mmepɔw no na wo nam bɛhyɛ abon nketewa no ma.
vander med dit Udflåd Jorden lige til Bjergene, Kløfterne skal fyldes af dit Blod.
7 Sɛ mitwa wo fi hɔ a, mɛkata ɔsoro ani na madunnum wɔn nsoromma; mede omununkum bɛkata owia ani, na ɔsram renhyerɛn.
Jeg skjuler Himlen, når du slukkes, klæder dens Stjerner i Sorg, jeg skjuler Solen i Skyer, og Månen skinner ej mer.
8 Ɔsoro akanea a ɛhyerɛn nyinaa mɛma aduru sum wɔ wo so; mɛma sum aduru wʼasase, Otumfo Awurade asɛm ni.
Alle Himmellys klæder jeg i Sorg for dig, hyller dit Land i Mørke, lyder det fra den Herre HERREN.
9 Mɛma nnipa bebree koma atutu bere a mede wo sɛe aba aman no mu, nsase a wunnya nhuu mu.
Jeg volder mange Folkeslags Hjerter Kvide, når jeg bringer dine Fanger til Folkene, til Lande du ikke kender;
10 Mɛma nnipa bebree ho adwiriw wɔn wɔ wo ho, wo nti, hu bɛma wɔn ahene ho apopo bere a merehim mʼafoa wɔ wɔn anim no. Da a wobɛhwe ase no wɔn mu biara ho bɛwosow bere nyinaa mu wɔ wɔn nkwa nti.
jeg lader mange Folkeslag stivne af Rædsel over dig, og deres Konger skal gyse over dig, når jeg svinger mit Sværd for deres Ansigter; de skal ængstes uafbrudt, hver for sit Liv, den Dag du falder.
11 “‘Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Babiloniahene afoa bɛsɔre wɔ wo so.
Thi så siger den Herre HERREN: Babels Konges Sværd skal komme over dig.
12 Mɛma wo dɔm no atotɔ wɔ dɔmmarima afoa ano, wɔ aman a wɔyɛ anuɔdenfo mu. Wɔbɛsɛe Misraim ahomaso pasaa na ne dɔm no nyinaa bedi nkogu.
Jeg styrter din Hob ved Heltes Sværd, de grummeste af alle Folkene; de hærger Ægyptens Pragt, og al dets Hob lægges øde.
13 Mekunkum nʼanantwi nyinaa afi nsu bebree no ho na onipa nan rentiatia mu bio na anantwi tɔte nso remfono no.
Jeg udrydder alt dets kvæg ved de mange Vande, Menneskefod skal ej plumre dem mer, ej Dyreklov rode dem op;
14 Afei mɛma ne nsu ani atew na mama ne nsuten ateɛ sɛ ngo,
så lader jeg Vandene klares og Strømmene flyde som Olie - lyder det fra den Herre HERREN -
15 Sɛ mema Misraim da mpan na miyi biribiara fi asase no so, sɛ mikum wɔn a wɔte so nyinaa a, afei na wobehu sɛ mene Awurade no.’
når jeg gør Ægypten til Ørk, så Landet og dets Fylde er øde, når jeg nedhugger alle, som bor der, så de kender, at jeg er HERREN.
16 “Eyi ne kwadwom a wɔbɛto ama no. Amanaman no mmabea bɛto ama Misraim ne ne dɔm nyinaa, Otumfo Awurade asɛm ni.”
Dette er en Klagesang, som du skal kvæde; Folkenes Kvinder skal kvæde den; over Ægypten og al dets larmende Hob skal de kvæde den, lyder det fra den Herre HERREN.
17 Afe a ɛto so dumien no ne sram da a ɛto so dunum no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
I det tolvte År på den femtende Dag i..." Måned kom HERRENs Ord til mig således:
18 “Onipa ba, twa adwo ma Misraim dɔm na ma ɔne amanaman akɛse no mmabea nsian nkɔ asase ase nkɔka wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no ho.
Menneskesøn, klag over Ægyptens larmende Hob; syng Klagesang over den, du og Folkenes Kvinder! Far ned i Underverdenen blandt dem, der steg ned i Dybet!
19 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Wadom mo dodo sen wɔn a aka no ana? Munsian nkɔ na mo ne momonotofo no nkɔda.’
Er du lifligere end nogen anden? Stig ned og lig blandt de uomskårne!
20 Wɔbɛka wɔn a wowuwuu wɔ afoa ano no ho. Wɔatwe afoa no, ma wɔntwe ne nnipadɔm no ase nkɔ.
Midt iblandt sværdslagne skal han segne, og al hans larmende Hob skal ligge hos ham.
21 Akannifo akɛse a wɔwɔ ɔda mu bɛka afa Misraim ne ne dɔm ho se, ‘Wɔasian aba na wɔdeda momonotofo mu, wɔn a wowuwuu wɔ afoa ano no.’ (Sheol h7585)
Heltenes Førere skal tale til ham midt i Dødsriget: "Er du mægtigere end nogen anden? Stig ned og lig blandt de uomskårne!" (Sheol h7585)
22 “Asiria ne nʼasraafo nyinaa wɔ hɔ, wɔn a wɔakunkum wɔn no nna atwa ne ho ahyia, wɔn a wɔatotɔ wɔ afoa ano no.
Der er Assur og hele hans Flok rundt om hans Grav; alle er de dræbt, faldet for Sværd;
23 Wɔn nna no wɔ amoa no ase tɔnn na nʼasraafo deda ne nna ho nyinaa. Wɔn a na wohunahuna afoforo wɔ ateasefo asase so no nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ afoa ano.
han fik sin Grav i en krog af Dybet, og hans Flok ligger rundt om hans Grav; alle er de dræbt, faldet for Sværd, de, som spredte Rædsel i de levendes Land.
24 “Elam wɔ hɔ, ne nnipadɔm nyinaa atwa ne da ho ahyia. Wɔn nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ afoa ano. Wɔn a na wohunahuna afoforo wɔ ateasefo asase so nyinaa sian kɔɔ asase ase sɛ momonotofo. Wɔde wɔn animguase kɔka wɔn a wosian kɔ amoa mu no ho.
Der er Elam med al sin larmende Hob rundt om sin Grav; alle er de dræbt, faldet før Sværd, og de for uomskårne ned i Underverdenen, de, som spredte Rædsel i de levendes Land; nu bærer de deres Skændsel blandt dem, der steg ned i Dybet.
25 Wɔato mpa ama no wɔ atɔfo no mu, na ne dɔm atwa ne da ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofo a wɔatotɔ wɔ afoa ano. Esiane sɛ wɔn ahunahuna trɛw wɔ ateasefo asase so no nti, wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no nyinaa anim agu ase. Wɔadeda wɔn wɔ atɔfo no mu.
Iblandt dræbte fik han et Leje med al sin larmende Hob rundt om sin Grav; alle er de uomskårne, sværdslagne; thi Rædsel for dem bredte sig i de levendes Land; nu bærer de deres Skændsel blandt dem, der steg ned i Dybet; de lagdes blandt dræbte.
26 “Mesek ne Tubal wɔ hɔ a wɔn dɔm atwa wɔn nna ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofo a wɔatotɔ wɔ afoa ano efisɛ wɔtrɛtrɛw wɔn ahunahuna mu wɔ ateasefo asase so.
Der er Mesjek og, Tubal med al deres larmende Hob rundt om deres Grave; alle er de uomskårne, sværdslagne; thi de spredte Rædsel i de levendes Land;
27 Ɛnyɛ wɔn ne akofo momonotofo foforo a wɔatotɔ na wɔdeda hɔ no ana? Wɔn a wɔne wɔn akode sian kɔɔ nna mu na wɔn ti deda wɔn afoa so no. Wɔn amumɔyɛ so asotwe daa wɔn nnompe so, mmom saa akofo yi ahunahuna atrɛtrɛw wɔ ateasefo asase so. (Sheol h7585)
de kom ikke til at ligge hos Heltene, Fortidens Kæmper, som for til Dødsriget i deres Rustninger, hvis Sværd blev lagt under deres Hoveder, og hvis Skjolde dækkede deres knogler; thi Rædsel for Heltene rådede i de levendes Land. (Sheol h7585)
28 “Farao, wo nso wobebubu wo mu na woakɔda momonotofo mu, wo ne wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no.
Også du skal ligge knust imellem de uomskårne, blandt de sværdslagne.
29 “Edom wɔ hɔ, nʼahemfo ne ne mmapɔmma nyinaa deda wɔn a wɔatotɔ wɔ afoa ano no mu, wɔn tumi nyinaa akyi. Wɔdeda momonotofo mu, wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no.
Der er Edom med sine Konger og alle sine Fyrster, som fik deres Grave hos de sværdslagne; hos de uomskårne ligger de, hos dem, der steg ned i Dybet.
30 “Mmapɔmma a wofi atifi fam nyinaa ne Sidonfo nyinaa wɔ hɔ, wɔne atɔfo kɔɔ wɔ animguase mu, wɔn tumi a wɔde hunahuna no nyinaa akyi. Wɔdeda hɔ sɛ momonotofo, wɔne wɔn a wokum wɔn wɔ afoa ano, na wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no asoa wɔn animguase.
Der er Nordens Herskere alle sammen og alle Zidoniere, som for ned til de dræbte, beskæmmede trods den Rædsel, de spredte ved deres Heltekraft; de ligger uomskårne blandt de sværdslagne, de bærer deres Skændsel blandt dem, der steg ned i Dybet.
31 “Farao, ɔne nʼasraafo nyinaa behu wɔn na ne werɛ bɛkyekye wɔ ne dɔm a wokunkum wɔn wɔ afoa ano no ho, Otumfo Awurade asɛm ni.
Dem ser Farao og trøster sig over al sin larmende Hob, lyder det fra HERREN.
32 Mmom me na memaa Farao ne ne nnipadɔm de ahunahuna trɛtrɛw wɔ ateasefo asase so de, nanso wɔbɛdeda momonotofo mu, wɔn a wɔde afoa kunkum wɔn, Otumfo Awurade asɛm ni.”
Thi han spredte Rædsel i de levendes Land, men nu ligger han imellem uomskårne, blandt de sværdslagne, Farao med al sin larmende Hob, lyder det fra den Herre HERREN.

< Hesekiel 32 >