< Hesekiel 31 >
1 Mfe dubaako mu, ɔsram a ɛto so abiɛsa no da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
А једанаесте године, трећег месеца, првог дана, дође ми реч Господња говорећи:
2 “Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne ne dɔm se: “‘Hena ho na wɔde wo kɛseyɛ bɛtoto?
Сине човечји, кажи Фараону цару мисирском и народу његовом: На шта си налик у величини својој?
3 Dwene Asiria ho, sida bi a bere bi na ɛwɔ Lebanon, Ɔde mman a ɛyɛ fɛ, na ɛhyɛ kwae so nyin kɔɔ soro yiye, ma ne nkɔn mu boro nhaban a ayɛ kusuu no so.
Ето, Асирац беше кедар на Ливану, лепих грана и дебелог хлада и високог раста, коме врхови беху међу густим гранама.
4 Nsu no maa no aduan, mmura a mu dɔ ma enyin kɔɔ soro; wɔn nsuwansuwa sen faa nʼase nyinaa de kɔɔ mfuw no so nnua nyinaa ho.
Вода га одгоји, бездана га узвиси; она рекама својим течаше око његовог стабла и пушташе потоке своје к свим дрветима пољским.
5 Enti ɛkɔɔ sorosoro sen mfuw no so nnua nyinaa; ne dubaa dɔɔso ne mman nyin yɛɛ atenten, na nsu dodow a enyaa no nti ɛdennanee.
Зато раст његов надвиси сва дрвета пољска, и умножише се гране његове, и од мноштва воде раширише се одводе његове кад их пушташе.
6 Wim nnomaa nyinaa yɛɛ wɔn berebuw wɔ ne dubaa no mu, wuram mmoa nyinaa wowoo mma wɔ ne mman no ase aman akɛse nyinaa tenaa ne nwini ase.
На гранама његовим вијаху гнезда све птице небеске, и под гранама његовим све звери пољске лежаху се, и у хладу његовом сеђаху сви велики народи.
7 Na ne kɛseyɛ no yɛ fɛ, ne dubaa a adennan no nti, na ne ntin nyin kɔɔ fam koduu nsu bebree mu.
И беше леп величином својом и дужином грана својих, јер му корен беше код велике воде.
8 Sida a ɛwɔ Onyankopɔn turo mu nto no, na ɔpepaw nnua nso dubaa ne no nyɛ pɛ, na wontumi mfa ɔfo nnua nso ntoto ne mman ho, dua biara nni Onyankopɔn turo no mu a nʼahoɔfɛ te sɛ no.
Кедри у врту Божјем не могаху га заклонити, јеле не могаху се изједначити с његовим гранама, и јавори не беху као огранци његови; ниједно дрво у врту Божјем не беше на лепоту тако као он.
9 Mebɔɔ no ahoɔfɛ maa no mman bebree, na nnua a ɛwɔ Eden nyinaa Onyankopɔn turo no mu no ani beree no.
Учиних га лепог мноштвом грана да му завиђаху сва дрвета едемска што беху у врту Божјем.
10 “‘Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ enyin kɔɔ soro, maa ne nkɔn mu hyɛɛ nhaban a abunkam so, na afei ɔyɛɛ ahantan wɔ ne tentenyɛ ho nti,
Зато овако вели Господ Господ: Што је висок нарастао, и дигао врх свој међу густе гране, и срце се његово понело висином његовом,
11 mede no hyɛɛ amanaman sodifo nsa, sɛ ɔne no nni no sɛnea nʼamumɔyɛ te. Mepoo no,
Зато га дадох у руку најсилнијем међу народима да чини с њим шта хоће, одвргох га за безбожност његову.
12 na ananafo aman no mu anuɔdenfo twaa no hwee fam, na ogyaw no hɔ. Ne dubaa no hwehwee mmepɔw ne aku mu; ne mman mu bubuu wɔ subon mu. Asase so aman nyinaa fii ne nwini ase, na wogyaw no hɔ.
И туђинци, најљући између народа, посекоше га и оставише га; гране му попадаше по горама и по свим долинама, и огранци му се изломише по свим потоцима на земљи; и сви народи земаљски отидоше из хлада његовог и оставише га.
13 Wim nnomaa nyinaa sisii dua a abu no so, na wuram mmoa kɔhyehyɛɛ ne mman mu.
На изваљеном пању његовом станују све птице небеске, и на гранама су његовим све звери пољске,
14 Ɛno nti, nnua a ɛwɔ nsu ho no mu biara renyɛ ahantan, nnyin nkɔ sorosoro, mmoro nhaban a abunkam so no so. Nnua afoforo biara a enya nsu bebree no rennyin nkɔ soro saa bio. Wɔahyɛ sɛ wɔn nyinaa bewu akɔ asase ase, wɔ nnipamma a wosian kɔ amoa mu no nkyɛn.
Да се не поноси висином својом ни једно дрво крај воде и не диже врха свог међу густе гране, и од свих што се натапају да се ни једно не узда у себе ради своје величине; јер су сви предани на смрт, бачени у најдоњи крај земље међу синове људске с онима који силазе у јаму.
15 “‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Da a wɔde no too ɔda mu no, mede awerɛhow kataa nsuwansuwa a mu dɔ no so maa no, na amma ne nsuten no ansen, na misiw ne nsu dodow no kwan. Ne nti mede kusuuyɛ furaa Lebanon, na nnua a ɛwɔ sare no so nyinaa botowee. (Sheol )
Овако вели Господ Господ: У који дан сиђе у гроб, учиних жалост, покрих бездану њега ради, и уставих реке њене, и велика вода стаде, и расцвелих за њим Ливан, и сва дрвета пољска повенуше за њим. (Sheol )
16 Memaa aman no ho popoo wɔ nʼasehwe nnyigyei no ho, bere a mede no baa ɔda mu ne wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no. Afei Eden nnua nyinaa, nea ɛte apɔw na ɛyɛ papa wɔ Lebanon, nnua a enya nsu yiye nyinaa nyaa awerɛkyekye wɔ asase ase. (Sheol )
Праском падања његовог устресох народе, кад га свалих у гроб с онима који силазе у јаму; и утешише се на најдоњој страни земље сва дрвета едемска, што је најбоље и најлепше на Ливану, сва што се натапаху. (Sheol )
17 Wɔn a wɔtenaa ne nwini ase, ne ne dɔm a wɔwɔ amanaman no mu nso ne no kɔ ɔda mu, akɔka wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no ho. (Sheol )
И они сиђоше с њим у гроб к онима што су побијени мачем, и мишица његова, и који сеђаху у хладу његовом међу народима. (Sheol )
18 “‘Nnua a ɛwɔ Eden no mu de, ɛwɔ he na ebetumi de ne ho atoto wo ho wɔ anuonyam ne kɛseyɛ mu? Nanso wo nso wobesian wo akɔ fam, wo ne Eden nnua no. Wobɛfra momonotofo mu, wɔn a wɔatotɔ wɔ afoa ano no. “‘Eyi yɛ Farao ne ne dɔm no, Otumfo Awurade asɛm ni.’”
На које си међу дрветима едемским налик славом и величином? Али ћеш бити оборен с дрветима едемским у најдоњи крај земље, међу необрезанима ћеш лежати с онима који су побијени мачем. То је Фараон и сав народ његов, говори Господ Господ.