< Hesekiel 31 >

1 Mfe dubaako mu, ɔsram a ɛto so abiɛsa no da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
And it came to pass in the eleventh year, in the third [month], in the first [day] of the month, [that] the word of the LORD came to me, saying,
2 “Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne ne dɔm se: “‘Hena ho na wɔde wo kɛseyɛ bɛtoto?
Son of man, speak to Pharaoh king of Egypt, and to his multitude; Whom art thou like in thy greatness?
3 Dwene Asiria ho, sida bi a bere bi na ɛwɔ Lebanon, Ɔde mman a ɛyɛ fɛ, na ɛhyɛ kwae so nyin kɔɔ soro yiye, ma ne nkɔn mu boro nhaban a ayɛ kusuu no so.
Behold, the Assyrian [was] a cedar in Lebanon with fair branches, and with a shady cover, and of a high stature; and his top was among the thick boughs.
4 Nsu no maa no aduan, mmura a mu dɔ ma enyin kɔɔ soro; wɔn nsuwansuwa sen faa nʼase nyinaa de kɔɔ mfuw no so nnua nyinaa ho.
The waters made him great, the deep set him up on high with her rivers running round his plants, and sent out her little rivers to all the trees of the field.
5 Enti ɛkɔɔ sorosoro sen mfuw no so nnua nyinaa; ne dubaa dɔɔso ne mman nyin yɛɛ atenten, na nsu dodow a enyaa no nti ɛdennanee.
Therefore his hight was exalted above all the trees of the field, and his boughs were multiplied, and his branches became long because of the multitude of waters, when he shot forth.
6 Wim nnomaa nyinaa yɛɛ wɔn berebuw wɔ ne dubaa no mu, wuram mmoa nyinaa wowoo mma wɔ ne mman no ase aman akɛse nyinaa tenaa ne nwini ase.
All the fowls of heaven made their nests in his boughs, and under his branches did all the beasts of the field bring forth their young, and under his shade dwelt all great nations.
7 Na ne kɛseyɛ no yɛ fɛ, ne dubaa a adennan no nti, na ne ntin nyin kɔɔ fam koduu nsu bebree mu.
Thus was he fair in his greatness, in the length of his branches: for his root was by great waters.
8 Sida a ɛwɔ Onyankopɔn turo mu nto no, na ɔpepaw nnua nso dubaa ne no nyɛ pɛ, na wontumi mfa ɔfo nnua nso ntoto ne mman ho, dua biara nni Onyankopɔn turo no mu a nʼahoɔfɛ te sɛ no.
The cedars in the garden of God could not hide him: the fir-trees were not like his boughs, and the chesnut-trees were not like his branches; not any tree in the garden of God was like to him in his beauty.
9 Mebɔɔ no ahoɔfɛ maa no mman bebree, na nnua a ɛwɔ Eden nyinaa Onyankopɔn turo no mu no ani beree no.
I have made him fair by the multitude of his branches: so that all the trees of Eden, that [were] in the garden of God, envied him.
10 “‘Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ enyin kɔɔ soro, maa ne nkɔn mu hyɛɛ nhaban a abunkam so, na afei ɔyɛɛ ahantan wɔ ne tentenyɛ ho nti,
Therefore thus saith the Lord GOD; Because thou hast lifted up thyself in hight, and he hath shot up his top among the thick boughs, and his heart is lifted up in his hight;
11 mede no hyɛɛ amanaman sodifo nsa, sɛ ɔne no nni no sɛnea nʼamumɔyɛ te. Mepoo no,
I have therefore delivered him into the hand of the mighty one of the heathen; he shall surely deal with him: I have driven him out for his wickedness.
12 na ananafo aman no mu anuɔdenfo twaa no hwee fam, na ogyaw no hɔ. Ne dubaa no hwehwee mmepɔw ne aku mu; ne mman mu bubuu wɔ subon mu. Asase so aman nyinaa fii ne nwini ase, na wogyaw no hɔ.
And strangers, the terrible of the nations, have cut him off, and have left him: upon the mountains and in all the valleys his branches are fallen, and his boughs are broken by all the rivers of the land; and all the people of the earth have gone down from his shade, and have left him.
13 Wim nnomaa nyinaa sisii dua a abu no so, na wuram mmoa kɔhyehyɛɛ ne mman mu.
Upon his ruin shall all the fowls of the heaven remain, and all the beasts of the field shall be upon his branches:
14 Ɛno nti, nnua a ɛwɔ nsu ho no mu biara renyɛ ahantan, nnyin nkɔ sorosoro, mmoro nhaban a abunkam so no so. Nnua afoforo biara a enya nsu bebree no rennyin nkɔ soro saa bio. Wɔahyɛ sɛ wɔn nyinaa bewu akɔ asase ase, wɔ nnipamma a wosian kɔ amoa mu no nkyɛn.
To the end that none of all the trees by the waters exalt themselves for their hight, neither shoot up their top among the thick boughs, neither their trees stand up in their hight, all that drink water: for they are all delivered to death, to the nether parts of the earth, in the midst of the children of men, with them that go down to the pit.
15 “‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Da a wɔde no too ɔda mu no, mede awerɛhow kataa nsuwansuwa a mu dɔ no so maa no, na amma ne nsuten no ansen, na misiw ne nsu dodow no kwan. Ne nti mede kusuuyɛ furaa Lebanon, na nnua a ɛwɔ sare no so nyinaa botowee. (Sheol h7585)
Thus saith the Lord GOD; In the day when he went down to the grave I caused a mourning: I covered the deep for him, and I restrained its floods, and the great waters were stayed: and I caused Lebanon to mourn for him, and all the trees of the field fainted for him. (Sheol h7585)
16 Memaa aman no ho popoo wɔ nʼasehwe nnyigyei no ho, bere a mede no baa ɔda mu ne wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no. Afei Eden nnua nyinaa, nea ɛte apɔw na ɛyɛ papa wɔ Lebanon, nnua a enya nsu yiye nyinaa nyaa awerɛkyekye wɔ asase ase. (Sheol h7585)
I made the nations to shake at the sound of his fall, when I cast him down to the grave with them that descend into the pit: and all the trees of Eden, the choice and best of Lebanon, all that drink water, shall be comforted in the nether parts of the earth. (Sheol h7585)
17 Wɔn a wɔtenaa ne nwini ase, ne ne dɔm a wɔwɔ amanaman no mu nso ne no kɔ ɔda mu, akɔka wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no ho. (Sheol h7585)
They also went down into the grave with him to [them that are] slain with the sword; and [they that were] his arm, [that] dwelt under his shade in the midst of the heathen. (Sheol h7585)
18 “‘Nnua a ɛwɔ Eden no mu de, ɛwɔ he na ebetumi de ne ho atoto wo ho wɔ anuonyam ne kɛseyɛ mu? Nanso wo nso wobesian wo akɔ fam, wo ne Eden nnua no. Wobɛfra momonotofo mu, wɔn a wɔatotɔ wɔ afoa ano no. “‘Eyi yɛ Farao ne ne dɔm no, Otumfo Awurade asɛm ni.’”
To whom art thou thus like in glory and in greatness among the trees of Eden? yet shalt thou be brought down with the trees of Eden to the nether parts of the earth: thou shalt lie in the midst of the uncircumcised with [them that are] slain by the sword. This [is] Pharaoh and all his multitude, saith the Lord GOD.

< Hesekiel 31 >