< Hesekiel 29 >

1 Mfe du so ɔsram a ɛto so du no da a ɛto so dumien no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
第十年十月十二日,耶和華的話臨到我說:
2 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Misraimhene Farao so na hyɛ nkɔm tia no ne Misraim nyinaa.
「人子啊,你要向埃及王法老預言攻擊他和埃及全地,
3 Kasa kyerɛ no na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se. “‘Me ne wo anya, Misraimhene Farao asuboa kɛse a woda wo nsuwansuwa mu.’” Woka se, “Nil yɛ mede; meyɛ maa me ho.”
說主耶和華如此說: 埃及王法老啊, 我與你這臥在自己河中的大魚為敵。 你曾說:這河是我的, 是我為自己造的。
4 Na mede nnarewa besuso wʼabogye mu na mama mpataa a wɔwɔ wo nsuwansuwa mu no atetare wʼabon ho. Mɛtwe wo afi wo nsuwansuwa no mu, a mpataa no nyinaa tetare wo ho.
我-耶和華必用鉤子鉤住你的腮頰, 又使江河中的魚貼住你的鱗甲; 我必將你和所有貼住你鱗甲的魚, 從江河中拉上來,
5 Megyaw wo hɔ wɔ sare no so, wo ne mpataa a wɔwɔ wo nsuwansuwa mu no nyinaa. Mobɛhwe ase wɔ asase petee mu a wɔremma mo so bio. Mede wo bɛma asase so mmoa ne wim nnomaa sɛ wɔn aduan.
把你並江河中的魚都拋在曠野; 你必倒在田間, 不被收殮,不被掩埋。 我已將你給地上野獸、空中飛鳥作食物。
6 Afei wɔn a wɔte Misraim nyinaa behu sɛ mene Awurade no. “‘Woayɛ sɛ demmire pema ama Israelfi.
「埃及一切的居民,因向以色列家成了蘆葦的杖,就知道我是耶和華。
7 Wɔde wɔn nsa soo wo mu no, wo mu bukaw ma wuhuruwii, wotwerii wo no, wo mu bu ma wobɔɔ pemmɔ.
他們用手持住你,你就斷折,傷了他們的肩;他們倚靠你,你就斷折,閃了他們的腰。
8 “‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede afoa bɛba abɛko atia wo na makunkum wo mmarima ne wɔn mmoa.
所以主耶和華如此說:我必使刀劍臨到你,從你中間將人與牲畜剪除。
9 Misraim bɛda mpan na asɛe. Ɛno na wobehu sɛ mene Awurade. “‘Efisɛ wokae se, “Nil yɛ me de; me na meyɛe,” enti
埃及地必荒廢淒涼,他們就知道我是耶和華。 「因為法老說:『這河是我的,是我所造的』,
10 me ne wo ne wo nsuwansuwa na anya, na mɛma Misraim asase asɛe na ada mpan, efi Migdol kosi Aswan twa mu de kɔka Kus hye so.
所以我必與你並你的江河為敵,使埃及地,從色弗尼塔直到古實境界,全然荒廢淒涼。
11 Onipa anaa aboa biara nan rensi so, obiara rentena so mfe aduanan.
人的腳、獸的蹄都不經過,四十年之久並無人居住。
12 Mɛma Misraim asase no ada mpan wɔ nsase a asɛe mu na ne nkuropɔn bɛda mpan mfe aduanan wɔ wɔn nkuropɔn a asɛe no mu. Na mɛbɔ Misraimfo apete wɔ amanaman mu, na mahwete wɔn wɔ nsase so.
我必使埃及地在荒涼的國中成為荒涼,使埃及城在荒廢的城中變為荒廢,共有四十年。我必將埃及人分散在列國,四散在列邦。」
13 “‘Nanso sɛɛ ne nea Otumfo Awurade se: Mfe aduanan akyi no, mɛboaboa Misraimfo ano afi aman a mebɔɔ wɔn petee so no so.
主耶和華如此說:「滿了四十年,我必招聚分散在各國民中的埃及人。
14 Mede wɔn befi nnommumfa mu aba na mede wɔn akɔ Misraim Atifi, wɔn nenanom asase. Ɛhɔ na wɔbɛyɛ ahenni mu kumaa bi.
我必叫埃及被擄的人回來,使他們歸回本地巴忒羅。在那裏必成為低微的國,
15 Ɛbɛyɛ ahenni a ɛnyɛ den na ɛrentumi mma ne ho so wɔ aman a aka no mu. Mɛyɛ no ahenni a ɛrentumi nni aman afoforo so.
必為列國中最低微的,也不再自高於列國之上。我必減少他們,以致不再轄制列國。
16 Misraim renyɛ ɔman a Israelfo de wɔn ho bɛto no so bio, mmom ɛbɛkae wɔn bɔne a wɔyɛɛ sɛ wɔde wɔn ho kɔdan no de pɛɛ mmoa. Afei, wobehu sɛ mene Otumfo Awurade no.’”
埃及必不再作以色列家所倚靠的;以色列家仰望埃及人的時候,便思念罪孽。他們就知道我是主耶和華。」
17 Mfe aduonu ason so, ɔsram a edi kan no da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
二十七年正月初一日,耶和華的話臨到我說:
18 “Onipa ba, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼasraafo tuu Tiro so sa abran so, eti biara so pepae, na ɔbati nso so popɔree. Nanso ɔne nʼasraafo no annya hwee amfi adwumaden a wɔyɛ de tiaa Tiro no mu.
「人子啊,巴比倫王尼布甲尼撒使他的軍兵大大效勞,攻打泰爾,以致頭都光禿,肩都磨破;然而他和他的軍兵攻打泰爾,並沒有從那裏得甚麼酬勞。
19 Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede Misraim rebɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa na ɔbɛsoa nʼahode akɔ. Ɔbɛfom asase no de ayɛ akatua ama nʼasraafo.
所以主耶和華如此說:我必將埃及地賜給巴比倫王尼布甲尼撒;他必擄掠埃及群眾,搶其中的財為擄物,奪其中的貨為掠物,這就可以作他軍兵的酬勞。
20 Mede Misraim ama no sɛ nʼadwumayɛ so akatua, efisɛ ɔne nʼakofo yɛ maa me, Otumfo Awurade asɛm ni.
我將埃及地賜給他,酬他所效的勞,因王與軍兵是為我勤勞。這是主耶和華說的。
21 “Saa da no mɛma abɛn bi afifi ama Israelfi, na mebue wʼano wɔ wɔn mu. Afei wobehu sɛ mene Awurade no.”
「當那日,我必使以色列家的角發生,又必使你-以西結在他們中間得以開口;他們就知道我是耶和華。」

< Hesekiel 29 >