< Hesekiel 28 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
And the word of the Lord came to me, saying:
2 “Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifo no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Wufi wʼahantan koma mu ka se, “Meyɛ onyame; mete onyame bi ahengua so wɔ po mfimfini.” Nanso woyɛ onipa, wonyɛ onyame, ɛwɔ mu, wudwen sɛ wunim nyansa sɛ onyame bi.
Son of man, say to the prince of Tyre: Thus saith the Lord God: Because thy heart is lifted up, and thou hast said: I am God, and I sit in the chair of God in the heart of the sea: whereas thou art a man, and not God: and hast set thy heart as if it were the heart of God.
3 Wunim nyansa sen Daniel ana? Wunim kokoamsɛm biara ana?
Behold thou art wiser than Daniel: no secret is hid from thee.
4 Wonam wo nyansa ne nhumu so anya ahode ama wo ho, woapɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bebree agu wʼadekoradan mu.
In thy wisdom and thy understanding thou hast made thyself strong: and hast gotten gold and silver into thy treasures.
5 Wonam wʼaguadi mu nyansa so ama wʼahonya adɔɔso, na wʼahonya nti woahoran wɔ wo koma mu.
By the greatness of thy wisdom, and by thy traffic thou hast increased thy strength: and thy heart is lifted up with thy strength.
6 “‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Esiane sɛ wudwen sɛ wunim nyansa te sɛ Onyame nti,
Therefore, thus saith the Lord God: Because thy heart is lifted up as the heart of God:
7 mede ananafo reba abetia wo, amanaman no mu ɔdesɛefo pa ara; wɔbɛtwetwe wɔn afoa wɔ wʼahoɔfɛ ne wo nyansa so na wɔahwirew wʼanuonyam no.
Therefore behold, I will bring upon thee strangers the strongest of the nations: and they shall draw their swords against the beauty of thy wisdom, and they shall defile thy beauty.
8 Wɔde wo bɛto amoa no mu, na wubewu owu yaayaw wɔ ɛpo mfimfini.
They shall kill thee, and bring thee down: and thou shalt die the death of them that are slain in the heart of the sea.
9 Afei wobɛka se, “Meyɛ onyame,” wɔ wɔn a wokum wo no anim ana? Wobɛyɛ onipa na ɛnyɛ onyame, wɔ wɔn a wokum wo no nsam.
Wilt thou yet say before them that slay thee: I am God; whereas thou art a man, and not God, in the hand of them that slay thee?
10 Wubewu momonotofo wu wɔ ananafo nsam. Me na maka, Otumfo Awurade asɛm ni.’”
Thou shalt die the death of the uncircumcised by the hand of strangers: for I have spoken it, saith the Lord God.
11 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
And the word of the Lord came to me, saying: Son of man, take up a lamentation upon the king of Tyre:
12 “Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho so na ka kyerɛ no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Na anka woyɛ pɛyɛ nhwɛso, na wowɔ nyansa na woyɛ ahoɔfɛdua.
And say to him: Thus saith the Lord God: Thou wast the seal of resemblance, full of wisdom, and perfect in beauty.
13 Na anka wowɔ Eden Onyankopɔn turo no mu. Wɔde abohemaa nyinaa siesie wo: bogyanambo, akraatebo ne bɔwerɛbo sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo, hoabo, nsrammabo ne ahabammono bo; wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ wʼahyehyɛde, wosiesiee ne nyinaa da a wɔbɔɔ wo.
Thou wast in the pleasures of the paradise of God: every precious stone teas thy covering: the sardius, the topaz, and the jasper, the chrysolite, and the onyx, and the beryl, the sapphire, and the carbuncle, and the emerald: gold the work of thy beauty: and thy pipes were prepared in the day that thou wast created.
14 Wɔsraa wo ngo sɛ ɔhwɛfo kerub, efisɛ saa na mehyɛɛ wo. Na wowɔ Onyankopɔn bepɔw kronkron no so; wonantew ogya abo mu.
Thou a cherub stretched out, and protecting, and I set thee in the holy mountain of God, thou hast walked in the midst of the stones of fire.
15 Na anka wʼakwan ho nni asɛm efi da a wɔbɔɔ wo no kosii sɛ wohuu amumɔyɛ wɔ wo mu.
Thou wast perfect in thy ways from the day of thy creation, until iniquity was found in thee.
16 Wʼaguadi a mu trɛw no nti wɔde akakabensɛm hyɛɛ wo ma na woyɛɛ bɔne. Ɛno nti mepam wo fii Onyankopɔn bepɔw no so wɔ animguase mu, na miyii wo adi, ɔhwɛfo kerub, fii ogya abo no mu.
By the multitude of thy merchandise, thy inner parts were filled with iniquity, and thou hast sinned: and I cast thee out from the mountain of God, and destroyed thee, O covering cherub, out of the midst of the stones of fire.
17 Wohyerɛn wɔ wo koma mu wʼahoɔfɛ nti na womaa wo nyansa porɔwee, wʼanuonyam no nti. Enti metow wo kyenee fam; na mede wo yɛɛ ahwɛde wɔ ahemfo anim.
And thy heart was lifted up with thy beauty: thou best lost thy wisdom in thy beauty, I have cast thee to the ground: I have set thee before the face of kings, that they might behold thee.
18 Wode wo nnebɔne ne aguadi mu asisi agu wo kronkrommea ho fi ɛno nti memaa ogya fii wo mu na ɛhyew wo, na memaa wo dan nsõ wɔ fam wɔ wɔn a na wɔrehwɛ no nyinaa anim.
Thou hast defiled thy sanctuaries by the multitude of thy iniquities, and by the iniquity of thy traffic: therefore I will bring forth a fire from the midst of thee, to devour thee, and I will make thee as ashes upon the earth in the sight of all that see thee.
19 Aman a na wonim wo nyinaa ho adwiriw wɔn wɔ wo ho: wʼawiei ayɛ ahometew na wɔrenhu wo bio.’”
All that shall see thee among the nations, shall be astonished at thee: thou art brought to nothing, and thou shalt never be any more.
20 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
And the word of the Lord came to me, saying:
21 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no
Son of man, set thy face against Sidon: and thou shalt prophesy of it,
22 na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Me ne wo anya, Sidon na mɛda mʼanuonyam adi wɔ mo mu. Wubehu sɛ mene Awurade no, bere a mede asotwe aba ne so na mada me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ ne mu no.
And shalt say: Thus saith the Lord God: Behold I come against thee, Sidon, and I will be glorified in the midst of thee: and they shall know that I am the Lord, when I shall execute judgments in her, and shall be sanctified in her.
23 Mɛma ɔyaredɔm aba ne so na mama mogya ateɛ wɔ ne mmɔnten so. Apirafo bɛtotɔ wɔ ne mu, bere a afoa redi ahim wɔ ne ho nyinaa. Afei na wobehu sɛ mene Awurade no.
And I will send into her pestilence, and blood in her streets: and they shall fall being slain by the sword on all sides in the midst thereof: and they shall know that I am the Lord.
24 “‘Na Israelfo rennya yɔnkonom a wɔwɔ adwemmɔne, wɔn a wɔwowɔ yayaayaw sɛ ohwirem ne nsɔe bio. Afei na wobehu sɛ mene Otumfo Awurade no.
And the house of Israel shall have no more a stumblingblock of bitterness, nor a thorn causing pain on every side round about them, of them that are against them: and they shall know that I am the Lord God.
25 “‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ meboa Israelfo ano fi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, ama amanaman no ahu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me somfo Yakob no so.
Thus saith the Lord God: When I shall have gathered together the house of Israel out of the people among whom they are scattered: I will be sanctified in them before the Gentiles: and they shall dwell in their own land, which I gave to my servant Jacob.
26 Wɔbɛtena hɔ asomdwoe mu na wobesisi adan, ayeyɛ bobe nturo; Wɔbɛtena ase asomdwoe mu wɔ bere a matwe ne yɔnkonom a wɔkasa tiaa no no nyinaa aso. Afei wobehu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn no.’”
And they shall dwell therein secure, and they shall build houses, and shall plant vineyards, and shall dwell with confidence, when I shall have executed judgments upon all that are their enemies round about: and they shall know that I am the Lord their God.

< Hesekiel 28 >