< Hesekiel 27 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
上主的話傳給我說:「
2 “Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tiro ho so.
人子,你唱哀歌憑弔提洛,
3 Ka kyerɛ Tiro a ɔda po abobow ano, na ɔne aguadifo bebree a wɔwɔ mpoano nkurow so di gua se, eyi ne asɛm a Otumfo Awurade ka: “‘Woka se, Tiro, “Me ho yɛ fɛ yiye.”
向位於海口,同許多島嶼及人民通商的提洛說:吾主上主這樣說:提洛,你曾說過:我是一隻完美華麗的船;
4 Wo tumidi wɔ po so akyirikyiri; wʼadansifo maa wʼahoɔfɛ wiee pɛyɛ.
你的領域伸入海心,你的建築者造成了你的豪華:
5 Wo nnua a wɔpaee nyinaa yɛ ɔpepaw a efi Senir. Wɔde Lebanon sida na ɛyɛɛ ahyɛn so nnua maa wo.
他們用色尼爾的松柏製造了你的舷板,以黎巴嫩的香柏做了你的桅檣,
6 Odum nnua a efi Basan na wɔde yɛɛ wʼatabon; Kwabɔhɔre nnua a efi Kipro mpoano na wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛw so.
以巴商的橡木做了你的櫓槳,用由基廷島運來的松柏做了嵌有象牙的甲板,
7 Misraim nwera papa bi a wɔadi mu adwini na wɔde yɛɛ wʼahyɛn so mframatam a ɛyɛɛ wo frankaa nso; wʼapon ne mfɛnsere ano ntama yɛ abibitam ne beredum ntama a efi Elisa mpoano.
用埃及的繡花麻布做了你的帆幔,作了你的旗幟,用厄里沙島的紫色與朱色的布做了你的船蓬;
8 Sidonfo ne Arwadfo na wɔhare wʼahyɛn; wo mmarima anyansafo. Tiro, na wɔyɛ adwumayɛfo wɔ wʼahyɛn mu.
漆冬和阿爾瓦得的居民給你搖櫓,責默爾的技工在你那裏作你的舵手,
9 Gebal adwumfo adedaw tenaa wʼahyɛn mu sɛ dua dwumfo a wotuatua ahyɛn no mu ntokuru. Po so ahyɛn ne wɔn hyɛnmufo nyinaa baa wo nkyɛn ne wo bedii nsesagua.
革巴耳的長老和技工在你那裏修理你的漏洞。一切航海的船隻和海員都到你那裏,交易貨物。
10 “‘Persia, Lidia ne Put mmarima somee sɛ asraafo wɔ wo nsraadɔm mu. Wɔde wɔn nkatabo ne dade kyɛw sensɛn wʼafasu ho, de hyɛɛ wo anuonyam.
波斯、路丁和普特人在你隊伍中作你的軍人,他們將盾牌和銅盔懸在你中間,增加你的光彩。
11 Arwad ne Helek mmarima wɛn wʼafasu ho nyinaa Gammad mmarima tenaa wʼabantenten mu. Wɔde wɔn nkatabo sensɛn wʼafasu ho maa wʼahoɔfɛ dii mu.
阿爾瓦得和赫肋客子民圍繞在你的城牆上,加瑪得人在你的角樓中;他們把自己的盾,掛在四周的城牆上,使你的華麗更為圓滿。
12 “‘Wʼaguade a ɛma wonyaa wo ho bebree nti, Tarsis ne wo dii gua, wɔde dwetɛ, dade, sanyaa ne sumpii sesaa wʼaguade.
塔爾史士因你的財帛豐富,作你的客商以銀、鐵、錫、鉛來與你交易。
13 “‘Helafo, Tubalfo ne Mesekfo ne wo dii gua, wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼaguade.
雅汪、突巴耳、默舍客和你通商,以人口和銅器與你交易貨物。
14 “‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfurum mma bɛsesaa wʼaguade.
由托加爾瑪地方,有人以馬、戰馬、騾子來交換貨物。
15 “‘Roda mmarima ne wo dii gua, na mpoano nkurow bebree yɛɛ wʼadetɔfo a wɔde asonse ne duabo nnua tuaa wo ka.
德丹人也和你通商,許多島民作你手下的商人,以象牙角和烏木作送給你的貢物。
16 “‘Aram ne wo dii gua esiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammabo, ntama a ɛberedum, nea wɔadi mu adwinni, nwera pa, nnɛnkyerema ne bota bɛsesaa wʼaguade.
阿蘭人因你的出品多,也作你的客商,以紫寶石、紅布、刺繡、細麻、珊瑚和紅瑪瑙與你交換貨物。
17 “‘Yuda ne Israel ne wo dii gua; wɔde awi a efi Minit ne brodo, ɛwo, ngo ne ahyehyesrade sesaa wʼaguade.
猶大和以色列地也和你通商,以米尼特穀、蠟、蜜、油和香料與你交易貨物。
18 “‘Damasko ne wo dii gua wɔ nsa a efi Helbon ne nguan ho nwi a efi Sahar mu, esiane nneɛma a woyɛ ne wʼaguade a ama woanya wo ho bebree no nti.
大馬士革因你出產多,財帛豐富,也作你的客商,以赫耳朋酒和匝哈爾羊毛與你交易。
19 Danfo ne Helafo a wofi Usal tɔɔ wʼaguade na wɔde dade a wɔaboro, sesadua ne ahunuanyankwa sesaa wʼaguade.
此外丹、雅汪和烏匝耳也與你交易,以鋼鐵、肉桂和香菖蒲交換你的貨物。
20 “‘Dedan de apɔnkɔnguasotam ne wo dii gua.
德丹以騎馬的坐墊和你交易。
21 “‘Arabfo ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼaguadifo a wɔde nguantenmma, adwennini ne mpapo ne wo dii gua.
阿剌伯和刻達爾的一切酋長也作你手下的商人,以羔羊、山羊和公羊與你交換貨品。
22 “‘Seba ne Raama aguadifo ne wo dii gua; wɔde nnuhuam ahorow a ɛte apɔw, aboɔden abo ne sikakɔkɔɔ ne wo bedii nsesagua.
舍巴和辣阿瑪的買賣人也作你的顧客,以各種上等的香料,各種寶石和黃金和你交換貨品。
23 “‘Haran, Kan ne Eden, aguadifo a wofi Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii gua.
哈郎、加乃、厄登和舍巴的商人,亞述和一切瑪待人也與你通商。
24 Wo gua so hɔ, wɔde ntama a ɛyɛ fɛ, nnɛmmatam a ɛyɛ tuntum, adwinne ahorow ne ntama fɛfɛ a ɛwɔ ahosu ahorow a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔwapɔw na ayɛ ne wo bedii gua.
他們在你的商場上,以華麗的衣服、朱色的外氅、刺繡、花毯、編織的結實繩索與你交易。
25 “‘Tarsis ahyɛn yɛ adwuma sɛ asoafo ma wʼaguade. Adesoa duruduru ayɛ wo ma wɔ po no mfimfini.
塔爾史士船隻載運你的貨物。你在海上滿了載,極其沉重。
26 Wʼaharefo no fa wo de wo kɔ po so akyirikyiri nanso apuei ahum bebubu wo mu nketenkete wɔ po no mfimfini.
你的槳夫將你划到汪洋大海,東風將你在海中吹毀。
27 Wʼahonya, aguade ne adetɔnnne wʼahyɛn akwankyerɛfo, wʼahyɛn mufo ne wɔn a wotuatua wʼahyɛn mu ntokuru, wʼaguadifo ne wʼasraafo nyinaa, ne obiara a ɔwɔ hyɛn no mu bɛmem akɔ po ase tɔnn, da a wo hyɛn no bɛbɔ.
你的財帛、商品、貨物,你的水手、舵手、船工,同你交易的商人,在你中間的一切戰士,以及在你中間所有的民眾,都在你沉沒之日,溺死海中。
28 Mpoano asase bɛwosow bere a wo hyɛn mufo no reteɛteɛ mu.
海岸都因你舵手的狂叫聲而震動。
29 Wɔn a wokurakura atabon no nyinaa begyaw wɔn ahyɛn hɔ; hyɛn akwankyerɛfo ne hyɛn mufo nyinaa begyinagyina mpoano.
所有搖櫓的人、水手和航海的舵手都要離船登岸,
30 Wɔbɛma wɔn nne so asu osu yaayaw ama wo; wɔbɛpete mfutuma agu wɔn ti so na wɔayantayantam nsõ mu.
狂呼吶喊哀弔你,在頭上撒灰,輾轉於塵埃之中,
31 Wo nti wɔbɛbobɔ tikwaw na wɔafurafura atweaatam. Wɔde ɔkra mu ahoyeraw ne awerɛhow a mu yɛ den begyam wo.
並且為你而剃光了頭,穿上苦衣,痛心哭泣,悲痛哀悼你。
32 Bere a wɔretwa adwo redi awerɛhow no wɔbɛma kwadwom bi a ɛfa wo ho so se: “Hena na wama no atɔ mum te sɛ Tiro a po atwa ne ho ahyia yi?”
他們在痛苦中,向你唱哀歌,追悼你說:『有誰相似沉沒於海中的提洛﹖
33 Bere a wʼaguade kɔɔ po ahorow so no woboaa aman bebree; Wʼahonyade ne wʼaguade maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho.
你的貨品由海中運出時,曾使許多民族滿足;以你大量的財帛和貨物,使陸地上的列王豐富。
34 Afei po abubu wo mu nketenkete wɔ asu no bun mu wʼaguade ne wʼadwumayɛfo nyinaa ne wo amem kɔ asu ase.
現今你沉入海中,落在海底,你的財物和所有的人,都隨著你而沉沒了。』
35 Wɔn a wɔtete mpoano nyinaa ho adwiriw wɔn wɔ wo ho; ehu ma wɔn ahemfo ho popo na wɔn anim sinsiam.
群島所有的居民都為你而驚駭,那裏的列王都極為戰慄,面帶憂色。
36 Aman no mu aguadifo bɔ ntwɔm gu wo so woaba awiei a ɛyɛ hu na wɔrenhu wo bio.’”
各國的商人都要嗤笑你;你竟成了恐怖的對象,且永遠不復存在。」

< Hesekiel 27 >