< Hesekiel 26 >
1 Afe a ɛto so dubaako no sram da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
第十一年十一月初一日,耶和華的話臨到我說:
2 “Onipa ba, esiane sɛ Tiro aka afa Yerusalem ho se, ‘Ɛhɛɛ! Amanaman no ano pon abubu na nʼapon no abuebue ama me; mprempren a kuropɔn yi asɛe yi, menya nkɔso.’
「人子啊,因泰爾向耶路撒冷說:『阿哈,那作眾民之門的已經破壞,向我開放;她既變為荒場,我必豐盛。』
3 Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne wo anya, Tiro, mede aman bebree bɛba abetia wo te sɛ po a ɛrebɔ nʼasorɔkye.
所以,主耶和華如此說:泰爾啊,我必與你為敵,使許多國民上來攻擊你,如同海使波浪湧上來一樣。
4 Wɔbɛsɛe Tiro afasu na wɔadwiriw nʼabantenten no. Mɛpa so dɔte agu ama ayɛ ɔbotan kwaboo.
他們必破壞泰爾的牆垣,拆毀她的城樓。我也要刮淨塵土,使她成為淨光的磐石。
5 Obefi po mu abɛyɛ beae a wɔhata asau, efisɛ makasa. Otumfo Awurade asɛm ni. Ɔbɛyɛ amanaman no asade,
她必在海中作曬網的地方,也必成為列國的擄物。這是主耶和華說的。
6 na afoa bɛsɛe nʼatenae a ɛwɔ asase kesee so no pasaa. Afei wobehu sɛ, mene Awurade no.
屬泰爾城邑的居民必被刀劍殺滅,他們就知道我是耶和華。」
7 “Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merekɔfa Babiloniahene Nebukadnessar, ahene mu hene, ne ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam, ne apɔnkɔsotefo ne nsraadɔm kɛse afi atifi fam aba wo so.
主耶和華如此說:「我必使諸王之王的巴比倫王尼布甲尼撒率領馬匹車輛、馬兵、軍隊,和許多人民從北方來攻擊你泰爾。
8 Ɔde afoa bɛsɛe wʼatenae a ɛwɔ asase kesee no so no pasaa; obesisi mpampim ayɛ mpempe wɔ wʼafasu ho na wama ne nkatabo so atia wo.
他必用刀劍殺滅屬你城邑的居民,也必造臺築壘舉盾牌攻擊你。
9 Ɔde oburuw nnua bɛpempem wʼafasu no, na ɔde akode abubu wʼabantenten no asɛe no.
他必安設撞城錘攻破你的牆垣,用鐵器拆毀你的城樓。
10 Nʼapɔnkɔ no bɛdɔɔso yiye, na wɔbɛbɔ mfutuma akata wo so. Ɔsa apɔnkɔ no, nkyimii ne nteaseɛnam nnyigyei bɛma wʼafasu awosow, bere a wɔahyɛn wo apon mu, sɛnea mmarima hyɛn kuropɔn a nʼafasu mu adeda akwan no.
因他的馬匹眾多,塵土揚起遮蔽你。他進入你的城門,好像人進入已有破口之城。那時,你的牆垣必因騎馬的和戰車、輜重車的響聲震動。
11 Nʼapɔnkɔ no tɔte betiatia wo mmɔnten nyinaa so, ɔde afoa bekunkum wo nkurɔfo na wʼafadum dennen no bebubu agu fam.
他的馬蹄必踐踏你一切的街道;他必用刀殺戮你的居民。你堅固的柱子必倒在地上。
12 Wɔbɛfom wʼahode na wɔawia wʼaguade, wobebubu wʼafasu, na wɔadwiriw wʼadan fɛfɛ no na wɔatotow wʼabo, wo nnua ne wo dɔte agu po mu.
人必以你的財寶為擄物,以你的貨財為掠物,破壞你的牆垣,拆毀你華美的房屋,將你的石頭、木頭、塵土都拋在水中。
13 Mɛma wo nnwonto gyegyeegye no aba awiei na wɔrente wo sanku so nnwonto no bio.
我必使你唱歌的聲音止息;人也不再聽見你彈琴的聲音。
14 Mɛyɛ wo ɔbotan kwaboo na wo so na wɔbɛhata asau. Wɔrenkyekyere wo bio.
我必使你成為淨光的磐石,作曬網的地方。你不得再被建造,因為這是主耶和華說的。」
15 “Sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ Tiro: Sɛ wo mpoano nkurow no te wʼasehwe ho apinisi ne akunkumakunkum a asi wɔ wo mu a, wɔn ho rempopo ana?
主耶和華對泰爾如此說:「在你中間行殺戮,受傷之人唉哼的時候,因你傾倒的響聲,海島豈不都震動嗎?
16 Afei mpoano mmapɔmma no nyinaa befi wɔn nhengua so, ayiyi wɔn nguguso ne ntade a wɔadi mu adwinni agu hɔ. Ehu bɛbɔ wɔn ama wɔatenatena fam, wɔn ho bɛpopo na wɔn ho adwiriw wɔn wɔ wo nti.
那時靠海的君王必都下位,除去朝服,脫下花衣,披上戰兢,坐在地上,時刻發抖,為你驚駭。
17 Afei wɔbɛma kwadwom a ɛfa wo ho so se: “‘Hwɛ sɛnea wɔasɛe wo, kuropɔn a woagye din, wo a po sofo na ɛte wo mu, na anka wowɔ tumi wɔ po so! Wo ne wo manfo; wode hu hyɛɛ wɔn a wɔte hɔ nyinaa mu.
他們必為你作起哀歌說: 你這有名之城, 素為航海之人居住, 在海上為最堅固的; 平日你和居民使一切住在那裏的人無不驚恐; 現在何竟毀滅了?
18 Mprempren, mpoano nsase no ho popo wɔ wʼasehwe da no; asupɔw a ɛwɔ po mu no abɔ hu wɔ wʼasehwe no ho.’
如今在你這傾覆的日子, 海島都必戰兢; 海中的群島見你歸於無有就都驚惶。」
19 “Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ mema woyɛ kuropɔn a ada mpan te sɛ nkuropɔn a nnipa ntete so, na sɛ mema po bun ba wo so na sɛ ne mu nsu bebrebe no bɛkata wo so a,
主耶和華如此說:「泰爾啊,我使你變為荒涼,如無人居住的城邑;又使深水漫過你,大水淹沒你。
20 mede wo ne wɔn a wɔkɔ amoa mu no besian akɔ teteetefo no nkyɛn. Mɛma woatena asase ase hɔ te sɛ tete mmubui, wo ne wɔn a wosian kɔ amoa mu no, na worensan anaa worennya kyɛfa wɔ ateasefo asase so.
那時,我要叫你下入陰府,與古時的人一同在地的深處、久已荒涼之地居住,使你不再有居民。我也要在活人之地顯榮耀。
21 Mede wo bɛba awiei a ɛyɛ hu mu na worenhu bio. Wɔbɛhwehwɛ wo nanso wɔrenhu wo bio da, Otumfo Awurade asɛm ni.”
我必叫你令人驚恐,不再存留於世;人雖尋找你,卻永尋不見。這是主耶和華說的。」