< Hesekiel 25 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
ויהי דבר יהוה אלי לאמר׃
2 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Amonfo so na hyɛ nkɔm tia wɔn.
בן אדם שים פניך אל בני עמון והנבא עליהם׃
3 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Muntie Otumfo Awurade asɛm. Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ wokaa “Ɛhɛɛ” guu me kronkronbea so bere a woguu ho fi ne Israel asase bere a ɛdaa mpan, ne Yudafo bere a wɔkɔɔ nnommum mu
ואמרת לבני עמון שמעו דבר אדני יהוה כה אמר אדני יהוה יען אמרך האח אל מקדשי כי נחל ואל אדמת ישראל כי נשמה ואל בית יהודה כי הלכו בגולה׃
4 nti, mede mo rebɛma nnipa a wofi Apuei fam na wɔde mo ayɛ wɔn de. Wɔbɛkyekye wɔn nsraban, asisi wɔn ntamadan wɔ mo mu; wobedi mo nnuaba na wɔanom mo nufusu.
לכן הנני נתנך לבני קדם למורשה וישבו טירותיהם בך ונתנו בך משכניהם המה יאכלו פריך והמה ישתו חלבך׃
5 Mɛdan Raba ayɛ no yoma adidibea na Amon ayɛ faako a nguan gye wɔn ahome. Afei mubehu sɛ mene Awurade no.
ונתתי את רבה לנוה גמלים ואת בני עמון למרבץ צאן וידעתם כי אני יהוה׃
6 Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ moabɔ mo nsam de mo anan apempem hɔ, na mode koma mu bɔne nyinaa adi ahurusi atia Israel asase nti,
כי כה אמר אדני יהוה יען מחאך יד ורקעך ברגל ותשמח בכל שאטך בנפש אל אדמת ישראל׃
7 mɛteɛ me nsa atia mo na moayɛ asade ama amanaman no. Metwa mo afi amanaman no mu na matɔre mo ase wɔ nsase no so. Mɛsɛe mo na mubehu sɛ mene Awurade no.’”
לכן הנני נטיתי את ידי עליך ונתתיך לבג לגוים והכרתיך מן העמים והאבדתיך מן הארצות אשמידך וידעת כי אני יהוה׃
8 “Sɛɛ na Otumfo Awurade se: ‘Esiane sɛ Moab ne Seir kae se, “Monhwɛ, Yudafi ayɛ sɛ amanaman a aka no”
כה אמר אדני יהוה יען אמר מואב ושעיר הנה ככל הגוים בית יהודה׃
9 nti, mebue Moab nkyɛn mu, afi nkurow a ɛdeda nʼahye so, Bet-Yesimot, Baal-Meon ne Kiriataim, a ɛyɛ asase no anuonyam.
לכן הנני פתח את כתף מואב מהערים מעריו מקצהו צבי ארץ בית הישימת בעל מעון וקריתמה׃
10 Na mede Moab bɛka Amonfo ho ama nnipa a wɔwɔ Apuei fam de ayɛ wɔn de, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkae Amonfo wɔ amanaman no mu;
לבני קדם על בני עמון ונתתיה למורשה למען לא תזכר בני עמון בגוים׃
11 na mɛtwe Moab aso. Na wobehu sɛ mene Awurade no.’”
ובמואב אעשה שפטים וידעו כי אני יהוה׃
12 “Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ Edom tɔɔ were wɔ Yudafi so na ɔnam so dii fɔ no nti,
כה אמר אדני יהוה יען עשות אדום בנקם נקם לבית יהודה ויאשמו אשום ונקמו בהם׃
13 nea Otumfo Awurade se ni: ‘Mɛteɛ me nsa atia Edom na makum ne mmarima ne ne mmoa, mɛma asase a ɛda Teman kosi Dedan ada mpan, na wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano.
לכן כה אמר אדני יהוה ונטתי ידי על אדום והכרתי ממנה אדם ובהמה ונתתיה חרבה מתימן ודדנה בחרב יפלו׃
14 Me nkurɔfo Israelfo bɛyɛ nsa a mɛfa so atɔ Edom so were na wɔne no bedi no sɛnea mʼabufuw ne mʼabufuwhyew te; wobehu mʼaweretɔ, Otumfo Awurade asɛm ni.’”
ונתתי את נקמתי באדום ביד עמי ישראל ועשו באדום כאפי וכחמתי וידעו את נקמתי נאם אדני יהוה׃
15 “Sɛɛ na Otumfo Awurade se: ‘Esiane sɛ Filistifo tɔɔ were, na wɔde koma mu nsusuw bɔne na ɛyɛɛ saa, na wɔde ɔtan a efi tete sɛee Yuda nti,
כה אמר אדני יהוה יען עשות פלשתים בנקמה וינקמו נקם בשאט בנפש למשחית איבת עולם׃
16 sɛnea Otumfo Awurade se ni: Merebɛteɛ me nsa atia Filistifo, na matwa Keretifo no agu na masɛe wɔn a wɔaka wɔ mpoano hɔ no.
לכן כה אמר אדני יהוה הנני נוטה ידי על פלשתים והכרתי את כרתים והאבדתי את שארית חוף הים׃
17 Mɛtɔ wɔn so were a ɛso na matwe wɔn aso wɔ mʼabufuwhyew mu. Na sɛ metɔ wɔn so were a, wobehu sɛ mene Awurade no.’”
ועשיתי בם נקמות גדלות בתוכחות חמה וידעו כי אני יהוה בתתי את נקמתי בם׃

< Hesekiel 25 >