< Hesekiel 24 >

1 Afe a ɛto so akron no sram a ɛto so du no nnafua du so no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
ויהי דבר יהוה אלי בשנה התשיעית בחדש העשירי בעשור לחדש לאמר
2 “Onipa ba, kyerɛw saa da yi, saa da yi ara, efisɛ Babiloniahene atua Yerusalem nnɛ da yi ara.
בן אדם כתוב (כתב) לך את שם היום--את עצם היום הזה סמך מלך בבל אל ירושלם בעצם היום הזה
3 Ka kyerɛ saa atuatewfo yi, ka no wɔ mmebu mu kyerɛ wɔn se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Fa ɔsɛn no si gya so; fa si so na hwie nsu gu mu.
ומשל אל בית המרי משל ואמרת אליהם כה אמר אדני יהוה שפת הסיר שפת וגם יצק בו מים
4 Fa namkum no gu mu, namkum a ɛyɛ akɔnnɔ no nyinaa, anan ne abasa. Fa nnompe a ɛte apɔw hyɛ no ma;
אסף נתחיה אליה כל נתח טוב ירך וכתף מבחר עצמים מלא
5 fa nguankuw no mu nea odi mu. Fa nnyentia hyehyɛ ase ma nnompe no; ma enhuru na noa nnompe a ɛwɔ mu no.
מבחר הצאן לקוח וגם דור העצמים תחתיה רתח רתחיה גם בשלו עצמיה בתוכה
6 “‘Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue, nnome nka ɔsɛn a agye nkannare mprempren, na nea ɛwɔ mu aka mu no! Yiyi namkum no mmaako mmaako fi mu a wompaw mu koraa.
לכן כה אמר אדני יהוה אוי עיר הדמים--סיר אשר חלאתה בה וחלאתה לא יצאה ממנה לנתחיה לנתחיה הוציאה לא נפל עליה גורל
7 “‘Mogya a ohwie guu no wɔ ne mfimfini: ohwie guu ɔbotan wosee so; wanhwie angu fam, baabi a mfutuma bɛkata so.
כי דמה בתוכה היה על צחיח סלע שמתהו לא שפכתהו על הארץ לכסות עליו עפר
8 Sɛ ɛbɛhwanyan abufuwhyew ama aweretɔ nti mede ne mogya guu ɔbotan wosee so sɛnea ɛso renkata.
להעלות חמה לנקם נקם נתתי את דמה על צחיח סלע--לבלתי הכסות
9 “‘Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue! Me nso mɛhyehyɛ nnyansin no ama akɔ sorosoro.
לכן כה אמר אדני יהוה אוי עיר הדמים גם אני אגדיל המדורה
10 Enti hyehyɛ nnyansin no na sɔ gya no. Noa nam no yiye, fa ahuamhuanne fra mu; na ma nnompe no nhyew.
הרבה העצים הדלק האש התם הבשר והרקח המרקחה והעצמות יחרו
11 Afei fa ɔsɛnhunu no si nnyansramma no so kosi sɛ ɛbɛdɔ na ayɛ kɔɔ sɛnea mu fi no bɛnan na nea ɛwɔ mu no bɛhyew asɛe.
והעמידה על גחליה רקה למען תחם וחרה נחשתה ונתכה בתוכה טמאתה--תתם חלאתה
12 Wama ɔbrɛ no nyinaa ayɛ kwa; mu fi dodow no ankɔ, ogya mpo antumi anyi.
תאנים הלאת ולא תצא ממנה רבת חלאתה באש חלאתה
13 “‘Fi a ɛwɔ wo mu no ne aniwu nneyɛe. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhohoro wo ho, nanso woamma ho kwan, wo ho remfi bio kosi sɛ mʼabufuwhyew a etia wo no ano bedwo.
בטמאתך זמה יען טהרתיך ולא טהרת--מטמאתך לא תטהרי עוד עד הניחי את חמתי בך
14 “‘Me Awurade na maka. Bere aso sɛ meyɛ biribi. Merentwentwɛn so; merennya ahummɔbɔ, na merengugow me ho. Wobegyina wo suban ne wo nneyɛe so abu wo atɛn, Otumfo Awurade asɛm ni.’”
אני יהוה דברתי באה ועשיתי לא אפרע ולא אחוס ולא אנחם כדרכיך וכעלילותיך שפטוך נאם אדני יהוה
15 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
ויהי דבר יהוה אלי לאמר
16 “Onipa ba, merebɛbɔ wo baako na mafa ade a wʼani gye ho yiye. Nanso ntwa adwo, nni awerɛhow na ntew nusu.
בן אדם הנני לקח ממך את מחמד עיניך במגפה ולא תספד ולא תבכה ולוא תבוא דמעתך
17 Si apini komm; nni owufo ho awerɛhow. Ma wʼabotiri mmɔ wo na hyɛ wo mpaboa; nkata wʼano na nni amanne aduan a wɔn a wodi awerɛhow no di.”
האנק דם מתים אבל לא תעשה--פארך חבוש עליך ונעליך תשים ברגליך ולא תעטה על שפם ולחם אנשים לא תאכל
18 Enti mekasa kyerɛɛ nnipa no anɔpa na nʼanwummere na me yere wui. Ade kyee no, meyɛɛ sɛnea wɔahyɛ me no.
ואדבר אל העם בבקר ותמת אשתי בערב ואעש בבקר כאשר צויתי
19 Afei nnipa no bisaa me se, “Worenkyerɛ yɛn sɛnea nneyɛe yi si fa yɛn ho ana?”
ויאמרו אלי העם הלא תגיד לנו מה אלה לנו כי אתה עשה
20 Enti meka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
ואמר אליהם דבר יהוה--היה אלי לאמר
21 Ka kyerɛ Israelfi se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merebegu me kronkronbea ho fi; mo bammɔ dennen a mode hoahoa mo ho, nea mo ani gye ho, ade a mo koma da so. Mmabarima ne mmabea a mugyaw wɔn akyi no bɛtotɔ wɔ afoa ano.
אמר לבית ישראל כה אמר אדני יהוה הנני מחלל את מקדשי גאון עזכם מחמד עיניכם ומחמל נפשכם ובניכם ובנותיכם אשר עזבתם בחרב יפלו
22 Na mobɛyɛ sɛnea mayɛ yi, morenkata mo ano na morenni amanne aduan a wɔn a wodi awerɛhow di.
ועשיתם כאשר עשיתי על שפם לא תעטו ולחם אנשים לא תאכלו
23 Mobɛkɔ so abɔ mo abotiri ahyɛ mo mpaboa. Morenni awerɛhow na morensu, mmom mo so bɛtew esiane mo bɔne nti, na mubesisi apini wɔ mo mu.
ופארכם על ראשיכם ונעליכם ברגליכם--לא תספדו ולא תבכו ונמקתם בעונתיכם ונהמתם איש אל אחיו
24 Hesekiel bɛyɛ nsɛnkyerɛnnede ama mo, mobɛyɛ sɛnea wayɛ no pɛpɛɛpɛ. Na eyi si a na mubehu sɛ mene Otumfo Awurade no.’
והיה יחזקאל לכם למופת ככל אשר עשה תעשו בבואה--וידעתם כי אני אדני יהוה
25 “Na wo, onipa ba, da a mɛfa wɔn aban dennen, wɔn ahosɛpɛw ne anuonyam, ade a wɔn ani gye ho, wɔn koma so ade, ne wɔn mmabarima ne wɔn mmabea nso no,
ואתה בן אדם--הלוא ביום קחתי מהם את מעוזם משוש תפארתם את מחמד עיניהם ואת משא נפשם בניהם ובנותיהם
26 saa da no okyinkyinfo bi na ɔbɛba abɛka nea asi akyerɛ wo.
ביום ההוא יבוא הפליט אליך להשמעות אזנים
27 Saa bere no, wʼano bebue, wo ne no bɛkasa na worenyɛ komm bio. Wobɛyɛ nsɛnkyerɛnnede ama wɔn, na wobehu sɛ mene Awurade no.”
ביום ההוא יפתח פיך את הפליט ותדבר ולא תאלם עוד והיית להם למופת וידעו כי אני יהוה

< Hesekiel 24 >