< Hesekiel 23 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
The word of Jehovah came to me again, saying:
2 “Onipa ba, mmea baanu a wɔyɛ ɔbea baako mma tenaa ase.
Son of man, there were two women, daughters of one mother;
3 Wɔbɛyɛɛ aguamammɔfo wɔ Misraim, na wɔbɔɔ aguaman fii wɔn mmabaabere mu. Womiamiaa wɔn nufu, wɔberee wɔn mmabaabere mpokua wɔ asase no so.
and they committed fornication in Egypt; in their youth they committed fornication. There they allowed their breasts to be pressed, and their virgin teats to be handled.
4 Ɔpanyin no din de Ohola na ne nuabea no nso din de Oholiba. Na wɔyɛ me yerenom na wɔwowoo mmabarima ne mmabea. Ohola ne Samaria na Oholiba nso ne Yerusalem.
Their names were Aholah, the elder, and Aholibah, her sister; and they became mine, and bore sons and daughters; as to their names, moreover, Aholah is Samaria, and Aholibah, Jerusalem.
5 “Ohola da so ware me no, ɔbɔɔ aguaman; nʼani tu dii nʼapɛfo akyi, Asiriafo, akofo no
And Aholah played the harlot when she was mine; and she doted on her lovers, on the Assyrians, her neighbors
6 a wɔhyehyɛ ntade bibiri, amradofo ne asahene a wɔn nyinaa yɛ mmerante a wɔn ho yɛ fɛ na wɔtena apɔnkɔ so.
who were clothed with blue, captains and rulers, all of them desirable young men, horsemen, riding on horses.
7 Ɔne Asiriafo atitiriw bɔɔ aguaman, na ɔsom wɔn a ɔdɔɔ wɔn nyinaa ahoni de guu ne ho fi.
Thus she committed fornication with them, with all the choice young men of Assyria, and with all on whom she doted; with all their idols she defiled herself.
8 Wannyae nʼaguamammɔ a ofii ase wɔ Misraim no, bere a ɔyɛ ababaa na mmarima ne no dae, susoo ne mpokua mu na wohwiee wɔn akɔnnɔ guu ne so no.
Neither forsook she her whoredoms brought from Egypt; for they lay with her in her youth, and handled the breasts of her virginity, and poured their fornication upon her.
9 “Ɛno nti mede no maa nʼadɔfo Asiriafo no a nʼani bere wɔn no.
Wherefore I delivered her into the hand of her lovers, into the hand of the Assyrians, upon whom she doted.
10 Wɔbɔɔ no adagyaw, faa ne mmabarima ne ne mmabea kɔe, na wɔde afoa kum no. Ogyee ne din wɔ mmea mu na asotwe baa ne so.
These uncovered her nakedness; they took her sons and her daughters, and slew her with the sword; and she became famous among women, when they had executed judgment upon her.
11 “Ne nuabea Oholiba huu eyi nanso nʼakɔnnɔ bɔne ne nʼaguaman sen ne nuabea no de.
And her sister, Aholibah, saw this, but she was more corrupt in her inordinate love than she, and in her whoredoms more than her sister in her whoredoms.
12 Ɔno nso dii Asiriafo no akyi; amradofo ne asahene, akofo a wɔhyehyɛ wɔn ntade, apɔnkɔsotefo a wɔn nyinaa yɛ mmerante ahoɔfɛfo.
She doted upon the Assyrians, her neighbors, prefects and rulers clothed most gorgeously, horsemen riding upon horses, all of them desirable young men.
13 Mihuu sɛ ɔno nso guu ne ho fi, wɔn baanu faa ɔkwan koro so.
Then I saw that she was defiled; that they both took one way.
14 “Na ɔtoaa nʼaguamammɔ no so kɔɔ akyiri. Ohuu mmarima mfoni a wɔakurukyerɛw agu ɔfasu bi ho, Kaldeafo mfoni a wɔde adukɔkɔɔ akrukyerɛw
But she added to her whoredoms; for she saw men portrayed upon the wall, images of Chaldaeans portrayed with vermilion,
15 a abɔso bobɔ wɔn asen mu na abotiri bobɔ wɔn ti a wɔn nyinaa te sɛ Babilonia nteaseɛnam mu mpanyimfo a wofi Kaldea.
girded with girdles upon their loins, and having long mitres hanging down from their heads, in their appearance all of them princes, after the manner of the sons of Babylon, of Chaldaea, the land of their nativity;
16 Ohuu saa mfoni yi, ne kɔn dɔɔ wɔn na ɔsomaa abɔfo kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ Kaldea.
and as soon as she cast her eyes upon them, she doted on them, and sent messengers to them into Chaldaea.
17 Na Babiloniafo no baa ne nkyɛn ne no bɛdaa ɔdɔ mpa so, na wɔn akɔnnɔ mu no, woguu ne ho fi. Woguu ne ho fi wiee no wɔn ho fonoo no enti ogyaa wɔn.
And the sons of Babylon came to her into the bed of love, and they defiled her with their whoredoms, and she was polluted with them. She then became alienated from them.
18 Ɔkɔɔ so wɔ nʼaguamammɔ mu, bɔɔ ne ho adagyaw no, migyaw no hɔ sɛnea migyaw ne nuabea no hɔ pɛpɛɛpɛ.
So she discovered her fornications, and discovered her nakedness. Then my mind was alienated from her, as it had been alienated from her sister.
19 Na ɔmaa nʼaguamammɔ no kɔɔ so ara de kaee ne mmabaabere a na ɔbɔ aguaman wɔ Misraim no.
For she multiplied her whoredoms in calling to remembrance the days of her youth, wherein she played the harlot in the land of Egypt;
20 Ɛhɔ na ɔne nʼadɔfo a wɔn barima te sɛ mfurum de na wɔn ho nsu te sɛ apɔnkɔ de no bɔɔ aguaman.
for she doted on their paramours, whose members were as the members of asses, and whose issue was as the issue of horses.
21 Na wo kɔn dɔɔ wo mmabun mu akɔnnɔ bɔne no, nea woyɛɛ wɔ Misraim a wɔsrasraa wo koko mu na womiamiaa wo mpokua no.
Thus thou calledst to remembrance the lewdness of thy youth, when thy teats were handled by the Egyptians, on account of the paps of thy youth.
22 “Ɛno nti, Oholiba, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mɛhwanyan wʼadɔfo atia wo, wɔn a wɔn ho fonoo wo ma wugyaw wɔn hɔ no; mede wɔn befi afanan nyinaa abetia wo.
Therefore, O Aholibah, thus saith the Lord Jehovah: Behold, I will raise up against thee thy lovers, from whom thou art alienated, and I will bring them against thee on every side,
23 Babiloniafo ne Kaldeafo nyinaa, Pekod, Soa ne Koa mmarima, Asiriafo no ne wɔn bɛba, mmerante ahoɔfɛfo a wɔn nyinaa yɛ amradofo, asahene, nteaseɛnam ho adwumayɛfo ne mmarima a wokura dibea akɛse a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so.
the Babylonians and all the Chaldaeans, prefects, rich men, and nobles, and all the Assyrians with them, all of them desirable young men, prefects and rulers, captains and men of renown, all of them riding upon horses.
24 Wɔde akode, nteaseɛnam ahorow ne nnipadɔm bɛba abetia wo; wɔde akokyɛm akɛse ne nketewa ne dade kyɛw bɛka wo ahyɛ. Mede wo bɛhyɛ wɔn nsa, na wɔagyina wɔn nhyehyɛe so atwe wo aso.
And they shall come against thee with arms, chariots and wheels, and with hosts of people; with buckler and shield and helmet shall they set themselves against thee on every side. And I will commit to them judgment, and they shall punish thee according to their punishments.
25 Mɛdan me ninkunu abufuw no akyerɛ wo so, na wɔne wo bedi no anibere so. Wobetwitwa mo hwene ne mo aso, na wɔn a wɔbɛka no, wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano. Wɔbɛfa mo mmabarima ne mo mmabea akɔ, na mo a moaka no wɔde ogya ahyew mo.
And I will set my jealousy against thee, and they shall deal with thee in fury; they shall take away thy nose and thine ears, and thy posterity shall fall by the sword. They shall take away thy sons and thy daughters, and thy posterity shall be consumed with fire.
26 Wɔbɛpa wo ho ntama nso na wɔafa wo nnwinne.
They shall also strip thee of thy garments, and take away thy fair jewels.
27 Ɛno nti mɛma wʼakɔnnɔ bɔne ne aguamammɔ a wufii ase wɔ Misraim no aba nʼawie. Wo kɔn rennɔ saa nneɛma yi, na worenkae Misraim bio.
Thus will I make thy lewdness to cease from thee, and thy whoredom brought from the land of Egypt, so that thou shalt not lift thine eyes to them, nor remember Egypt any more.
28 “Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede wo rebɛhyɛ wʼatamfo nsa, wɔn a wɔn ho fonoo wo ma wugyaw wɔn no.
For thus saith the Lord Jehovah: Behold, I will deliver thee into the hand of them whom thou hatest, into the hand of them from whom thou art alienated.
29 Wɔde ɔtan ne wo bedi, na wɔafa nea woayɛ adwuma apɛ nyinaa. Wobegyaw wo adagyaw ne kwaterekwa, na wʼaguamammɔ ho aniwu no bɛda adi. Wʼaniwude ne wʼaguamansɛm no
And they shall deal with thee in hatred, and take away all the fruits of thy labor from thee, and shall leave thee naked and bare; and thy nakedness shall be uncovered, with which thou hast committed lewdness and fornication and foul whoredom.
30 na ɛde eyinom aba wo so, efisɛ wo kɔn dɔɔ amanaman no na wode wɔn ahoni guu wo ho fi.
These things will I do to thee, because thou hast committed whoredom with the nations, and hast been polluted with their idols.
31 Woayɛ nea wo nuabea yɛɛ no bi; na ɛno nti mede ne kuruwa bɛhyɛ wo nsa.
Thou hast walked in the way of thy sister, therefore will I give her cup into thy hand.
32 “Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “Wobɛnom wo nuabea kuruwa ano, kuruwa a ɛso na mu dɔ; ɛde fɛwdi ne ahohora bɛba, efisɛ nea ɛwɔ mu dɔɔso.
Thus saith the Lord Jehovah: Thou shalt drink of thy sister's cup, which is deep and large; it shall make thee a laughing-stock and a derision, for it containeth much.
33 Nsabow ne awerɛhow bɛhyɛ wo ma, ɔsɛe ne asaworamto kuruwa no, wo nuabea Samaria kuruwa no bɛhyɛ wo ma.
Thou shalt be filled with drunkenness and sorrow. A cup of astonishment and amazement is the cup of thy sister Samaria.
34 Wobɛnom a hwee renka mu: na woawe nʼasinasin no na woasunsuan wo mpokua mu. Me na maka, Otumfo Awurade asɛm ni.
Thou shalt even drink it and suck it out, and lick the sherds, and thou shalt tear thy breasts. For I have spoken it, saith the Lord Jehovah.
35 “Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ wo werɛ afi me, na woatow me akyene wʼakyi nti, ɛsɛ sɛ wunya wʼaniwude ne wʼaguamammɔ so akatua.”
Therefore thus saith the Lord Jehovah: Because thou hast forgotten me, and cast me behind thy back, therefore bear thou thy lewdness and thy whoredoms.
36 Awurade ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, wubebu Ohola ne Oholiba atɛn ana? Ɛno de, fa wɔn akyiwadeyɛ no si wɔn anim,
Moreover, Jehovah said to me, Son of man, punish Aholah and Aholibah; yea, declare to them their abominations;
37 efisɛ wɔasɛe aware, na mogya wɔ wɔn nsa ho. Wɔde wɔn ahoni na ɛsɛee aware no; na mpo wɔde wɔn mma a wɔwoo wɔn maa me no bɔɔ afɔre maa wɔn sɛ wɔn aduan.
that they have committed adultery, and blood is upon their hands, and that with their idols they have committed adultery, and have also caused their sons, whom they bore to me, to pass through the fire to them for food.
38 Wɔde eyi nso ayɛ me: Saa bere koro no ara mu, woguu me kronkronbea ne me homenna ho fi.
This also have they done to me: they have defiled my sanctuary in the same day, and have profaned my sabbaths.
39 Da a wɔde wɔn mma bɔɔ afɔre maa wɔn ahoni no ara, wɔhyɛn me kronkronbea hɔ koguu ho fi. Eyi na wɔyɛɛ wɔ me fi.
For when they had slain their children to their idols, then they came into my sanctuary the same day to profane it; behold, thus have they done in my house.
40 “Wɔsomaa abɔfo kɔfrɛɛ mmarima a wofi akyirikyiri bae, na wobedui no, muguare, kekaa mo ani akyi, de mo adwinne hyehyɛɛ mo ho maa wɔn.
Yea, ye sent for men to come from afar; messengers were sent to them, and behold, they came; for them didst thou wash thyself, and paint thine eyes, and deck thyself with ornaments.
41 Motenaa akongua papa bi a wɔde ɔpon a wɔasɛw so asi anim, ɛso na mode nnuhuam ne ngo a anka ɛyɛ me de no sisii.
And thou didst seat thyself upon a stately bed before which a table was prepared, and thereon didst thou set my incense and my oil.
42 “Na hooyɛ a efi nnipakuw bi a hwee mfa wɔn ho atwa ne ho ahyia. Wɔde Sabeafo fi sare no so ne mmarima a wofi dɔm no mu bae, na wɔde nkapo hyehyɛɛ ɔbea no ne ne nua no nsa, na wɔhyɛɛ wɔn ahenkyɛw a ɛyɛ fɛ.
Also the voice of a multitude at ease was with her; and together with men from the common multitude were brought deep-drinkers from the desert, who put bracelets upon their hands, and beautiful crowns upon their heads.
43 Na meka faa nea aguamammɔ ama watetew no ho se, ‘Momma wɔnnyɛ no sɛ oguamanfo, efisɛ saa ara pɛ na ɔte.’
Then said I concerning her that was worn out with adulteries, Will they now commit whoredoms with her, even with her?
44 Na wɔne no dae. Sɛnea mmarima ne oguamanfo da no, saa ara na wɔne saa mmea a wɔn ho yɛ aniwu no, Ohola ne Oholiba dae.
They went in to her, as men go to a harlot; so went they in to Aholah and to Aholibah, the lewd women.
45 Nanso atemmufo atreneefo de asotwe a wɔde ma mmea a wɔsɛe aware na wɔka mogya gu no bɛma wɔn, efisɛ wɔyɛ nguamanfo na wɔn nsa ho wɔ mogya.
But righteous men shall judge them, as adulteresses are judged, and as women that shed blood are judged; for they are adulteresses, and blood is upon their hands.
46 “Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Fa nnipadɔm bra betia wɔn na ma ahunahuna ne ɔfom mmra wɔn so.
For thus saith the Lord Jehovah: I will bring a great company against them, and will give them up to be harassed and spoiled,
47 Nnipakuw no besiw wɔn abo na wɔde wɔn afoa bɛtow ahyɛ wɔn so. Wobekunkum wɔn mmabarima ne wɔn mmabea na wɔahyew wɔn afi.
and the company shall stone them with stones, and cut them in pieces with their swords; they shall slay their sons and their daughters, and burn their houses with fire.
48 “Ɛno nti mɛma aniwu nneyɛe aba awiei wɔ asase no so na abɔ mmaa nyinaa kɔkɔ na wɔansua mo.
Thus will I cause lewdness to cease out of the land, that all women may take warning, and not follow them in their lewdness.
49 Wubenya wʼaniwude so asotwe na woanya abosonsom ho bɔne so akatua. Afei wubehu sɛ mene Otumfo Awurade no.”
And they shall recompense your lewdness upon you, and ye shall bear the sins of your idols; that ye may know that I am the Lord Jehovah.

< Hesekiel 23 >