< Hesekiel 22 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
Moreover the word of the LORD came to me, saying,
2 “Onipa ba, wubebu no atɛn ana? Wubebu saa mogyahwiegu kuropɔn yi atɛn ana? Ɛno de fa ne nneyɛe a ɛyɛ akyiwade no nyinaa si nʼanim
Now, you son of man, will you judge, will you judge the bloody city? yes, you shall show her all her abominations.
3 na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Wo kuropɔn a ɔnam mogyahwiegu so de nnome aba ne ho so na ɔde ahoni a ɔyɛ agu ne ho fi,
Then say you, Thus says the Lord GOD, The city sheds blood in the middle of it, that her time may come, and makes idols against herself to defile herself.
4 woadi fɔ wɔ mogya a woahwie agu na woagu wo ho fi wɔ ahoni a woayɛ nti. Woama wo nna abɛn, na wo mfe awiei no aba. Enti mɛyɛ wo ahohorade wɔ amanaman no mu, ne akyiwade wɔ amantam no nyinaa mu.
You are become guilty in your blood that you have shed; and have defiled yourself in your idols which you have made; and you have caused your days to draw near, and are come even to your years: therefore have I made you a reproach to the heathen, and a mocking to all countries.
5 Wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri bedi wo ho fɛw, wo Kuropɔn a wunni anuonyam, na basabasayɛ ahyɛ no ma.
Those that be near, and those that be far from you, shall mock you, which are infamous and much vexed.
6 “‘Hwɛ sɛnea Israel mmapɔmma a wɔwɔ wo mu no mu biara de ne tumi hwie mogya gu.
Behold, the princes of Israel, every one were in you to their power to shed blood.
7 Wɔabu agya ne ɛna animtiaa wɔ wo mu, wɔahyɛ ɔnanani so, na wɔatan ayisaa ne akunafo ani.
In you have they set light by father and mother: in the middle of you have they dealt by oppression with the stranger: in you have they vexed the fatherless and the widow.
8 Woabu mʼakronkronne animtiaa na woagu me homenna ho fi.
You have despised my holy things, and have profaned my sabbaths.
9 Wo mu na mmarima ntwatosofo a wɔpɛ sɛ wohwie mogya gu wɔ, wɔn a wodidi wɔ sorɔnsorɔmmea abosonnan mu, na wɔyɛ ahohorade.
In you are men that carry tales to shed blood: and in you they eat on the mountains: in the middle of you they commit lewdness.
10 Wo mu na wɔn a wogu wɔn agyanom mpa ho fi wɔ; wɔn a wɔne mmea a wɔabu wɔn nsa, na wɔn ho ntew da no wɔ wo mu.
In you have they discovered their fathers’ nakedness: in you have they humbled her that was set apart for pollution.
11 Wo mu na ɔbarima ne ne yɔnko yere yɛ bɔne a ɛyɛ akyiwade, ɔfoforo ne nʼasebea da wɔ animguase mu, na ɔfoforo ne ne nuabea da, ɔno ankasa nʼagya babea.
And one has committed abomination with his neighbor’s wife; and another has lewdly defiled his daughter in law; and another in you has humbled his sister, his father’s daughter.
12 Wo mu na nnipa gye adanmude ka mogya gu; wogye nsiho ne mfaso a ɛboro so fi wɔn mfɛfo nkyɛn de nya wɔn ho bebree. Na mo werɛ afi me, Otumfo Awurade na ose.
In you have they taken gifts to shed blood; you have taken usury and increase, and you have greedily gained of your neighbors by extortion, and have forgotten me, says the Lord GOD.
13 “‘Ampa ara mɛbɔ me nsam agu wʼasisi ahonya ne mogya a woahwie agu no so.
Behold, therefore I have smitten my hand at your dishonest gain which you have made, and at your blood which has been in the middle of you.
14 Wʼakokoduru betumi agyina anaasɛ wo nsa bɛyɛ den da a mene wo benya no ana? Me Awurade na akasa, na mɛyɛ.
Can your heart endure, or can your hands be strong, in the days that I shall deal with you? I the LORD have spoken it, and will do it.
15 Mɛhwete wo mu agu amanaman no so, na mabɔ wo apansam amantam no mu; na mede wo afideyɛ aba nʼawie.
And I will scatter you among the heathen, and disperse you in the countries, and will consume your filthiness out of you.
16 Sɛ wogu wo ho fi wɔ amanaman no mu a, wubehu sɛ mene Awurade no.’”
And you shall take your inheritance in yourself in the sight of the heathen, and you shall know that I am the LORD.
17 Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
And the word of the LORD came to me, saying,
18 “Onipa ba, Israelfi abɛyɛ dwetɛ ase fi ama me; wɔn nyinaa yɛ kɔbere, sanyaa, dade ne sumpii a wɔagyaw wɔ fononoo mu. Wɔyɛ dwetɛfi nko ara.
Son of man, the house of Israel is to me become dross: all they are brass, and tin, and iron, and lead, in the middle of the furnace; they are even the dross of silver.
19 Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se: ‘Esiane sɛ mo nyinaa abɛyɛ dwetɛfi nti, mɛboaboa mo ano wɔ Yerusalem.
Therefore thus says the Lord GOD; Because you are all become dross, behold, therefore I will gather you into the middle of Jerusalem.
20 Sɛnea nnipa boaboa dwetɛ, kɔbere, sumpii ne sanyaa ano hyɛ fononoo mu de ogyatannaa a ano yɛ den nan no, saa ara na mefi mʼabufuw ne mʼabufuwhyew mu aboaboa mo ano wɔ kuropɔn no mu na manan mo.
As they gather silver, and brass, and iron, and lead, and tin, into the middle of the furnace, to blow the fire on it, to melt it; so will I gather you in my anger and in my fury, and I will leave you there, and melt you.
21 Mɛboaboa mo ano na mahuw mʼabufuwhyew gya agu mo so, na moanan wɔ ne mu.
Yes, I will gather you, and blow on you in the fire of my wrath, and you shall be melted in the middle therof.
22 Sɛnea wɔnan dwetɛ wɔ fononoo mu no, saa ara na mobɛnan wɔ ne mu na moahu sɛ me Awurade na mahwie mʼabufuwhyew agu mo so.’”
As silver is melted in the middle of the furnace, so shall you be melted in the middle thereof; and you shall know that I the LORD have poured out my fury on you.
23 Na Awurade asɛm baa me nkyɛn bio se:
And the word of the LORD came to me, saying,
24 “Onipa ba, ka kyerɛ asase no se, ‘Woyɛ asase a wonnwiraa anaa osu ntɔɔ wo so wɔ abufuwhyew da no.’
Son of man, say to her, You are the land that is not cleansed, nor rained on in the day of indignation.
25 Ne mmapɔmma abɔ pɔw bɔne wɔ ne mu te sɛ gyata a ɔbobɔ mu na ɔtetew ne hanam mu, wɔwe nnipa nam, wɔfa ademude ne nneɛma a ɛsom bo na wɔma akunafo dɔɔso wɔ ne mu.
There is a conspiracy of her prophets in the middle thereof, like a roaring lion ravening the prey; they have devoured souls; they have taken the treasure and precious things; they have made her many widows in the middle thereof.
26 Nʼasɔfo bu me mmara so na wogu mʼakronkronne ho fi; wɔnnkyerɛ nsonoe a ɛda nea ɛyɛ kronkron ne nea ɛnyɛ kronkron ntam; wɔkyerɛkyerɛ sɛ nsonoe biara nna nea ɛho ntew ne nea ɛho tew ntam, na wobu wɔn ani gu me homennadi so, de gu me ho fi wɔ wɔn mu.
Her priests have violated my law, and have profaned my holy things: they have put no difference between the holy and profane, neither have they showed difference between the unclean and the clean, and have hid their eyes from my sabbaths, and I am profaned among them.
27 Nʼadwumayɛfo te sɛ mpataku a wɔretetew wɔn hanam mu; wohwie mogya gu na wokum nnipa de pɛ mfaso bɔne.
Her princes in the middle thereof are like wolves ravening the prey, to shed blood, and to destroy souls, to get dishonest gain.
28 Nʼadiyifo nam atoro anisoadehu ne nkontompo nkɔmhyɛ so ma saa nnebɔne yi yɛ fitaa. Wɔka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se,’ wɔ bere a Awurade nkasaa ɛ.
And her prophets have daubed them with untempered mortar, seeing vanity, and divining lies to them, saying, Thus says the Lord GOD, when the LORD has not spoken.
29 Asase no so nnipa di amim na wɔbɔ korɔn; wɔhyɛ ahiafo ne mmɔborɔfo so, wonnye ahɔho ani na wɔde atɛntrenee kame wɔn.
The people of the land have used oppression, and exercised robbery, and have vexed the poor and needy: yes, they have oppressed the stranger wrongfully.
30 “Mehwehwɛɛ obi wɔ wɔn mu a ɔbɛto ɔfasu no na wagyina mʼanim wɔ asase no anan mu, sɛnea ɛbɛyɛ a merensɛe asase no, nanso manhu obiara.
And I sought for a man among them, that should make up the hedge, and stand in the gap before me for the land, that I should not destroy it: but I found none.
31 Ɛno nti, mehwie mʼabufuwhyew agu wɔn so, na mede mʼabufuw a ɛyɛ hu no atɔre wɔn ase, na mama nea wɔayɛ nyinaa abɔ wɔn ti so, Otumfo Awurade asɛm ni.”
Therefore have I poured out my indignation on them; I have consumed them with the fire of my wrath: their own way have I recompensed on their heads, says the Lord GOD.

< Hesekiel 22 >