< Hesekiel 21 >
1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se
Da kom HERRENs Ord til mig sååledes:
2 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Yerusalem na kasa tia kronkronbea no. Hyɛ nkɔm tia Israel asase
Mennesskesøn, vend dit Ansigt mod Jerusalem, lad din Tale strømme mod Helligdommen og profeter mod Israels Land!
3 na ka kyerɛ no se: ‘Sɛɛ na Awurade se: Me ne wo anya. Mɛtwe mʼafoa afi ne boha mu de ayi atreneefo ne amumɔyɛfo afi mo mu.
Sig til Israels Land: Så siger HERREN: Se, jeg kommer over dig og drager mit Sværd af Skedn for at udrydde både retfærdige og gudløse af dig.
4 Esiane sɛ merebeyi atreneefo ne amumɔyɛfo afi mo mu nti, mʼafoa befi ne boha mu atia obiara, fi anafo fam kosi atifi fam.
Fordi jeg vil udrydde både retfærdige og gudløse af dig, derfor skal mit Sværd fare af Skeden mod alt Kød fra Syd til Nord.
5 Afei nnipa nyinaa behu sɛ me Awurade matwe mʼafoa afi ne boha mu na ɛrensan bio.’
Og alt Kød skal kende, at jeg, HERREN, har draget mit Sværd at Skeden; det skal ikke vende tilbage!
6 “Enti si apini, onipa ba! Fa koma a abubu ne awerɛhow a ano yɛ den si apini wɔ wɔn anim.
Men du, Menneskesøn, støn, støn for deres Øjne, som om dine Lænder skulde briste, i bitter Smerte!
7 Na sɛ wobisa wo se, ‘Adɛn nti na woresi apini a?’ Wobɛka se, ‘Ɛyɛ asɛm a ɛreba no nti. Koma biara bɛbotow na nsa biara mu agugow, honhom biara bɛtɔ beraw na kotodwe biara bɛpopo.’ Ɛreba, ɔkwan biara so ɛbɛba, Otumfo Awurade asɛm ni.”
Og når de spørger: "Hvorfor stønner du?" så svar: "Over en Tidende; thi når den kommer, skal hvert Hjerte smelte, alle Hænder synke, hver Ånd sløves og alle Knæ flyde som Vand. Se, den kommer, den fuldbyrdes, lyder det fra den Herre HERREN."
8 Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
HERRENs Ord kom til mig således:
9 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka se, ‘sɛɛ na Awurade se: “‘Afoa bi, afoa bi, wɔasew ano, atwiw ho,
Menneskesøn, profeter og sig: Så siger HERREN:
10 wɔasew ano ama akunkumakunkum no, wɔatwiw ho ma etwa yerɛw yerɛw sɛ anyinam! “‘Ɛsɛ sɛ yɛsɛpɛw yɛn ho wɔ me babarima Yuda ahempema ho ana? Afoa no mfa pema biara a ɛte saa no nyɛ hwee.
Et Sværd, et Sværd er hvæsset og slebet blankt, hvæsset med Slagtning for Øje, blankt til at udsende Lyn..."
11 “‘Wɔayi afoa no asi hɔ sɛ wontwitwiw ho, sɛ wɔmfa nsa nkura mu; wɔasew ano, atwiw ho, ayɛ no krado ama owudifo no.
Jeg gav en Slagter det, at han skal tage det fat; det er hvæsset og slebet for at gives en Drabsmand i Hænde,
12 Su na twa adwo, onipa ba, efisɛ etia me nkurɔfo; etia Israel mmapɔmma nyinaa. Wɔagyaa wɔn ama afoa no aka me nkurɔfo ho. Enti fa wo nsa gu wo ti so.
Råb og vånd dig, Menneskesøn! Thi det kommet over mit Folk, over alle Israels Fyrster; sammen med mit Folk er de givet til Sværdet. Derfor slå dig på Hoften!
13 “‘Sɔhwɛ bɛba ampa ara. Na sɛ Yuda ahempema a afoa no mfa no nyɛ hwee no nni hɔ a dɛn na wɔbɛyɛ? Otumfo Awurade asɛm ni.’
lyder det fra den Herre HERREN.
14 “Enti onipa ba, hyɛ nkɔm na bɔ wo nsam. Ma afoa no ntwitwa mprenu, mpo mprɛnsa. Ɛyɛ akunkumakunkum afoa, akunkumakunkum kɛse no afoa, a ɛba wɔn so fi afanan nyinaa.
Og du, Menneskesøn, profeter og slå Hænderne sammen, gør Sværdet som to, ja, gør det som tre! Det er et dræbende Sværd, den store Hednings Sværd; indjag dem Rædsel dermed,
15 Ɛbɛma koma nyinaa abotow na atɔfo adɔɔso, mede akunkumakunkum afoa no asisi wɔn apon nyinaa ano. Hwɛ! Wɔatono no sɛ entwa yerɛw yerɛw sɛ anyinam, wɔaso mu ama akunkumakunkum.
at deres Hjerter må ængstes og mange må falde ved alle Porte. Jeg sætter dig til at slagte, du Sværd, som er gjort til at lyne, hvæsset til Slagtning.
16 Wo afoa, twa kɔ nifa, na twa kɔ benkum, nea wo dade bɛfa biara.
Indjag Rædsel både til højre og venstre, hvor din Od rettes hen!
17 Me nso, mɛbɔ me nsam, na mʼabufuwhyew ano bedwo Me Awurade na makasa no.”
Også jeg vil slå Hænderne sammen og køle min Vrede. Jeg, HERREN, har talet!
18 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
HERRENs Ord kom til mig således:
19 “Onipa ba, bɔ akwan abien na Babiloniahene afoa no mfa so, na ne abien no nyinaa mfi ase wɔ ɔman koro mu. Fa akwankyerɛde si nkwanta a ɛman kɔ kuropɔn no mu no so.
Du, Menneskesøn, afsæt dig to Veje, ad hvilke Babels konges Sværd skal komme, således at begge udgår fra et og samme Land; og opstil en Vejviser der, hvor de to Byveje skilles,
20 Bɔ ɔkwan baako a afoa no bɛfa so ako atia Amonfo Raba ne baako nso a ebetia Yuda ne Yerusalem a wɔabɔ ho ban no.
så at Sværdet både kan komme til Rabba i Ammoniternes Land og til Juda og Jerusalem midt i Juda.
21 Na Babiloniahene begyina akwan abien no nkwanta so ahwehwɛ nkɔmhyɛ, ɔde agyan bɛbɔ ntonto, akɔ abisa wɔ nʼahoni nkyɛn, na wahwɛ mmrɛbo mu.
Thi Babels Konge står på Vejskellet, hvor de to Veje skilles, for at tage Varsler; han ryster Pilene", rådspørger Husguderne, ransager Leveren.
22 Ne nsa nifa mu na ntonto a ɛbɛbɔ Yerusalem no bɛkɔ, na hɔ na wɔbɛhyehyɛ oburuw adwennini, de ama okum kɛse no. Afei wɔde osebɔ bɛma oburuw nnua no so apempem apon no, wɔbɛyɛ mpempe na wɔasisi pampim.
I sin højre holder han Loddet "Jerusalem", at han skal åbne Munden til Skrig og løfte Røsten til Krigsråb, rejse Stormbukke mod Portene, opkaste Stormvold og bygge Belejringstårne.
23 Ɛbɛyɛ sɛ atoro nkɔm ama wɔn a wɔne no ayɛ apam, nanso ɔbɛkaakae wɔn afɔdi na wafa wɔn nnommum.
Ederne, svorne ved Gud, regnede de lige med falsk Spådom, men han bringer deres Brøde i Minde, for at de skal fanges.
24 “Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: ‘Esiane sɛ mo saa nkurɔfo yi nam mo atuatew so akae me mo afɔdi, de ada mo bɔne a moyɛ nyinaa adi, sɛ moayɛ eyi nti, wɔbɛfa mo nnommum.
Derfor, så siger den Herre HERREN: Fordi I bringer eders Brøde i Minde, idet eders Overtrædelser åbenbares, så eders Synder bliver synlige i alt, hvad I gør, fordi I bringer eder i Minde ved dem, skal I fanges.
25 “‘Wo ɔkɔntɔnkye ne Israel hene ba otirimɔdenfo a wo da adu, wo a wʼasotwe bere adu ne mpɔmpɔnso,
Og du, gudløse Hedning, Israels Fyrste, hvis Time slår, når din Misgerning er fuldmoden,
26 sɛɛ na Otumfo Awurade se: Tu abotiri no, yi ahenkyɛw no. Ɛrenyɛ sɛnea na ɛte kan no: Wɔbɛma nea abrɛ ase no so; nea ama ne ho so nso, wɔabrɛ no ase.
så siger den Herre HERREN: Bort med Hovedbindet, ned med kronen! Som det var, er det ikke mere! Op med det lave, ned med det høje!
27 Ɔsɛe! Ɔsɛe! Mɛyɛ no ɔsɛe! Ɛrensi ne dedaw mu bio kosi sɛ ɔbɛba nea ɛyɛ ne de no nkyɛn, ɔno na mede bɛma no.’
Grushobe, Grushobe, Grushobe gør jeg det til. Ve det! Således skal det være, til han kommer, som har Retten til det; ham vil jeg give det.
28 “Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade ka fa Amonfo ne wɔn ahohorabɔ ho: “‘Afoa bi, afoa bi, wɔatwe ama akunkumakunkum, wɔatwiw ho sɛ enni nam na ɛmpa yerɛw yerɛw sɛ anyinam!
Du, Menneskesøn, profeter således: Så siger den Herre HERREN om Ammoniterne og deres Hån! Og sig: Et Sværd, et Sværd er draget til at slagte hvæsset til at udsende Lyn,
29 Atoro anisoadehu ne nkontompo nkonyaa a ɛfa wo ho akyi no wɔde bɛto wɔn kɔn mu amumɔyɛfo a ɛsɛ sɛ wokum wɔn no, wɔn a wɔn da no adu so, ne wɔn a wɔn asotwe bere adu ne mpɔmpɔnso no.
medens man skuer dig Tomhed og spår dig Løgn, for at det skal lægges på de gudløse Hedningers Hals, hvis Time slår, når deres Misgerning er fuldmoden.
30 “‘San fa afoa no hyɛ ne boha mu wɔ faako a wɔbɔɔ wo hɔ wɔ wo nananom asase so, mebu wo atɛn.
Vend tilbage til din Borg! På det Sted, hvor du skabtes, i det Land, du stammer fra, vil jeg dømme dig.
31 Mehwie mʼabufuwhyew agu wo so na mahome mʼabufuw a ɛyɛ hu atia wo; Mede wo bɛhyɛ mmarima atirimɔdenfo nsa, wɔn a wɔwɔ adesɛe ho nyansa.
Jeg vil udøse min Vrede over dig, blæse min Harmes Ild op imod dig og give dig i grumme Menneskers Hånd, som er Mestre i at tilintetgøre.
32 Wobɛyɛ nnyansin ama ogya, wɔbɛka wo mogya agu wɔ wʼasase so, na wɔrenkae wo bio; me Awurade na makasa.’”
Du skal blive Ildens Føde, dit Blod skal flyde i dit Land; du skal ikke kommes i Hu, thi jeg, HERREN, har talet.