< Hesekiel 19 >
1 “Momma Israel mmapɔmma ho kwadwom
А ти наричи за кнезовима Израиљевим;
2 na monka se: “‘Na wo na yɛ gyatabere mu sononko wɔ gyata mu! Ɔdaa gyataforo mu yɛn ne mma.
И реци: Шта беше мати твоја? Лавица; међу лавовима лежаше, млад своју међу лавовима храњаше.
3 Ɔyɛn ne mma no mu baako ma ɔbɛyɛɛ gyata ɔhoɔdenfo. Osuaa sɛnea wɔtetew hanam mu, na ɔwee nnipa nam.
И отхрани једно младо своје, и поста лавић, и научив се ловити ждераше људе.
4 Amanaman no tee ne nka, na wɔn amoa yii no. Wɔkyekyeree no de no kɔɔ Misraim asase so.
И чуше народи за њ; ухвати се у јаму њихову, и одведоше га у веригама у земљу мисирску.
5 “‘Bere a ohuu sɛ nʼanidaso anyɛ hɔ, na nea ɔrehwɛ anim ayera no, ɔfaa ne ba foforo yɛɛ no gyata ɔhoɔdenfo.
А она кад виде где се надала, али јој нада пропаде, узе једно младо своје, и учини од њега лавића.
6 Okyinkyin gyata no mu efisɛ na wayɛ gyata hoɔdenfo. Osuaa sɛnea wɔtetew hanam mu na ɔwee nnipa nam.
И он идући међу лавовима поста лавић, и научи се ловити и ждераше људе.
7 Obubuu wɔn abandennen na ɔsɛee wɔn nkurow. Asase no ne wɔn a wɔte so nyinaa no, ne mmubomu bɔɔ wɔn hu.
И позна дворе њихове, и пустошаше градове њихове тако да опусте земља и шта је у њој од рике његове.
8 Afei amanaman no sɔre tiaa no, wɔn a wofi nsase a atwa ahyia no so. Woguu no asau kyeree no wɔ wɔn amoa mu.
И усташе на њ народи из околних земаља, и разапеше му мрежу своју, и ухвати се у јаму њихову.
9 Wɔde nnarewa twee no kɔhyɛɛ buw mu na wɔde no brɛɛ Babilonia hene. Wɔde no too afiase, na wɔante ne mmubomu no bio wɔ Israel mmepɔw no so.
И метнуше га у крлетку у веригама, и одведоше га цару вавилонском, и метнуше га у град да му се више не чује глас по горама Израиљевим.
10 “‘Na wo na te sɛ bobedua a wɔatɛw no asu ho wɔ wo bobeturo mu. Na ɛsow aba, na eyiyii mman nsu a onya no bebree no nti.
Док беше миран, мати твоја беше као винова лоза, посађена крај воде, родна и граната беше од многе воде.
11 Ne mman yɛɛ den yiye; edi mu sɛ wɔde yɛ ahemfo ahempema. Ɛkorɔn, bunkam faa nhaban a ayɛ kuhaa no so, ne sorokɔ ne ne mman bebree no maa no yɛɛ sononko.
И беху на њој јаки прутови за палицу владалачку, и растом својим узвиси се изнад густих грана, и би наочита висином својом, мноштвом грана својих.
12 Nanso wɔde abufuwhyew tuu nʼase de no hwee fam. Apuei mframa maa no kasae, ɛsow aba tetew gui; na ne mman a ɛwɔ ahoɔden no twintwamee na ogya hyewee.
Али би ишчупана у гневу и на земљу бачена, и устока осуши род њен; поломише се и посушише се јаки прутови њени; огањ их прождре.
13 Afei wɔakɔtɛw no wɔ sare so asase kesee a nsu nni mu mu.
А сада је посађена у пустињи, у земљи сувој и безводној.
14 Ogya trɛw fii ne mman baako so na ɛhyew nʼaba. Anka mman a ɛwɔ ahoɔden baako mpo wɔ so; nea wɔde yɛ ahemfo ahempema ma ɛyɛ yiye no.’ Eyi yɛ kwadwom na ma wɔnto no saa.”
И изађе огањ из прута грана њених и прождре род њен да нема на њој прута јаког за палицу владалачку. То је нарицање, и биће нарицање.