< Hesekiel 18 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
The word of the LORD came unto me again, saying,
2 “Sɛ mo saa nkurɔfo yi bu saa bɛ a ɛfa Israel asase yi ho a, na mopɛ sɛ mokyerɛ dɛn: “‘Agyanom di bobe bun, na mma se afem ana?’
What mean ye, that ye use this proverb concerning the land of Israel, saying, The fathers have eaten sour grapes, and the children’s teeth are set on edge?
3 “Nokware, sɛ mete ase yi, sɛɛ na Awurade se, moremmu saa bɛ yi bio wɔ Israel.
[As] I live, saith the Lord GOD, ye shall not have [occasion] any more to use this proverb in Israel.
4 Ɔkra teasefo biara yɛ me de, agya ne ɔba barima nyinaa, wɔn nyinaa yɛ me de. Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔne ne nea obewu.
Behold, all souls are mine; as the soul of the father, so also the soul of the son is mine: the soul that sinneth, it shall die.
5 “Sɛ ɛba sɛ onipa trenee bi wɔ hɔ a ɔyɛ nea ɛteɛ na ɛyɛ pɛ;
But if a man be just, and do that which is lawful and right,
6 onnidi wɔ mmepɔw so abosonnan mu na ɔnsom ahoni a wɔwɔ Israelfi. Ongu ne yɔnko yere ho fi na ɔne ɔbea a wabu ne nsa nna.
[And] hath not eaten upon the mountains, neither hath lifted up his eyes to the idols of the house of Israel, neither hath defiled his neighbour’s wife, neither hath come near to a menstruous woman,
7 Ɔnhyɛ obiara so, na ɔde boseagyefo awowaside san ma no. Ɔmmɔ korɔn mmom ɔde nʼaduan ma nea ɔkɔm de no na ofura nea ɔda adagyaw no ntama.
And hath not oppressed any, [but] hath restored to the debtor his pledge, hath spoiled none by violence, hath given his bread to the hungry, and hath covered the naked with a garment;
8 Ɔmmɔ bosea nnye nsiho na onnye mfɛntom mmoroso. Ɔtwe ne ho fi bɔneyɛ ho na obu nipa baanu ntam atɛntrenee.
He [that] hath not given forth upon usury, neither hath taken any increase, [that] hath withdrawn his hand from iniquity, hath executed true judgment between man and man,
9 Odi mʼahyɛde so na odi me mmara so nokware. Saa onipa no na ɔteɛ; na ampa ara obenya nkwa Awurade asɛm ni.
Hath walked in my statutes, and hath kept my judgments, to deal truly; he [is] just, he shall surely live, saith the Lord GOD.
10 “Sɛ ɛba sɛ ɔwɔ ɔba barima a odi akakabensɛm na ohwie mogya gu anaasɛ ɔyɛ saa nneɛma yi mu biara a
If he beget a son [that is] a robber, a shedder of blood, and [that] doeth the like to [any] one of these [things],
11 (ɛwɔ mu, agya no nyɛɛ eyinom mu biara ɛ): “Odidi wɔ mmepɔw so abosonnan mu. Ogu ne yɔnko yere ho fi.
And that doeth not any of those [duties], but even hath eaten upon the mountains, and defiled his neighbour’s wife,
12 Ɔhyɛ ahiafo ne mmɔborɔfo so. Ɔbɔ korɔn. Ɔmmfa boseagyefo awowaside mma no. Ɔde ne ho to abosom so. Ɔyɛ akyiwade.
Hath oppressed the poor and needy, hath spoiled by violence, hath not restored the pledge, and hath lifted up his eyes to the idols, hath committed abomination,
13 Ɔbɔ bosea gye nsiho na ogye mfɛntom mmoroso. Saa onipa yi benya nkwa ana? Dabi da! Esiane sɛ wayɛ saa akyiwade yi nyinaa nti, ampa ara wobekum no na ne mogya bɛbɔ nʼankasa ti so.
Hath given forth upon usury, and hath taken increase: shall he then live? he shall not live: he hath done all these abominations; he shall surely die; his blood shall be upon him.
14 “Nanso sɛ ɛba sɛ saa ɔbabarima yi wɔ ɔbabarima a ohu bɔne a nʼagya yɛ no nyinaa nanso ɔnyɛ saa nneɛma no bi:
Now, lo, [if] he beget a son, that seeth all his father’s sins which he hath done, and considereth, and doeth not such like,
15 “Onnidi wɔ mmepɔw so abosonnan mu na ɔmfa ne ho nto ahoni a ɛwɔ Israelfi so. Ongu ne yɔnko yere ho fi.
[That] hath not eaten upon the mountains, neither hath lifted up his eyes to the idols of the house of Israel, hath not defiled his neighbour’s wife,
16 Ɔnhyɛ obiara so na onnye boseagyefo hɔ awowaside. Ɔmmɔ korɔn, mmom ɔde nʼaduan ma nea ɔkɔm de no na ofura nea ɔda adagyaw no ntama.
Neither hath oppressed any, hath not withholden the pledge, neither hath spoiled by violence, [but] hath given his bread to the hungry, and hath covered the naked with a garment,
17 Ɔtwe ne ho fi bɔne ho, na onnye nsiho anaa mfɛntom mmoroso. Odi me mmara ne mʼahyɛde so. Ɔrenwu wɔ nʼagya no bɔne nti; ampa ara obenya nkwa.
[That] hath taken off his hand from the poor, [that] hath not received usury nor increase, hath executed my judgments, hath walked in my statutes; he shall not die for the iniquity of his father, he shall surely live.
18 Nanso nʼagya no bewu wɔ ɔno ara bɔne nti, efisɛ osisii nnipa, bɔɔ ne yɔnko korɔn, na ɔyɛɛ bɔne wɔ ne nkurɔfo mu.
[As for] his father, because he cruelly oppressed, spoiled his brother by violence, and did [that] which [is] not good among his people, lo, even he shall die in his iniquity.
19 “Nanso mubisa se, ‘Adɛn nti na ɔbabarima no nnya nʼagya afɔdi no bi ho asotwe?’ Esiane sɛ ɔbabarima no ayɛ nea ɛteɛ na ɛyɛ pɛ na wahwɛ yiye adi mʼahyɛde nyinaa so no nti, ampa ara obenya nkwa.
Yet say ye, Why? doth not the son bear the iniquity of the father? When the son hath done that which is lawful and right, [and] hath kept all my statutes, and hath done them, he shall surely live.
20 Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ne nea obewu. Ɔbabarima no rennya nʼagya afɔdi no ho asotwe bi, saa ara na agya no nso rennya ɔbabarima no afɔdi ho asotwe no bi. Wɔde ɔtreneeni adetreneeyɛ so aba bɛma no, na wobebu omumɔyɛfo amumɔyɛsɛm atia no.
The soul that sinneth, it shall die. The son shall not bear the iniquity of the father, neither shall the father bear the iniquity of the son: the righteousness of the righteous shall be upon him, and the wickedness of the wicked shall be upon him.
21 “Na sɛ omumɔyɛfo twe ne ho fi bɔne a wayɛ nyinaa ho, na odi mʼahyɛde so, na afei ɔyɛ nea ɛteɛ ne nea ɛyɛ papa a, ampa ara obenya nkwa na ɔrenwu.
But if the wicked will turn from all his sins that he hath committed, and keep all my statutes, and do that which is lawful and right, he shall surely live, he shall not die.
22 Wɔrennyina bɔne a wayɛ no mu biara so mmu no atɛn. Ne trenee nneyɛe nti obenya nkwa.
All his transgressions that he hath committed, they shall not be mentioned unto him: in his righteousness that he hath done he shall live.
23 Mʼani gye amumɔyɛfo wu ho ana? Otumfo Awurade bisa. Sɛ wɔtwe wɔn ho fi wɔn akwammɔne ho na wonya nkwa a, mʼani nnye ana?
Have I any pleasure at all that the wicked should die? saith the Lord GOD: [and] not that he should return from his ways, and live?
24 “Na sɛ ɔtreneeni twe ne ho fi ne trenee nneyɛe ho, kɔyɛ bɔne, na ɔyɛ akyiwade a amumɔyɛfo yɛ a, obenya nkwa ana? Wɔrenkae ne trenee nneyɛe no. Esiane sɛ odi nokwaredi ho fɔ na wayɛ bɔne nti, obewu.
But when the righteous turneth away from his righteousness, and committeth iniquity, [and] doeth according to all the abominations that the wicked [man] doeth, shall he live? All his righteousness that he hath done shall not be mentioned: in his trespass that he hath trespassed, and in his sin that he hath sinned, in them shall he die.
25 “Nanso moka se, ‘Awurade kwan nteɛ.’ Muntie! Mo, Israelfi. Me kwan nteɛ ana? Ɛnyɛ mo akwan mmom na ɛnteɛ?
Yet ye say, The way of the Lord is not equal. Hear now, O house of Israel; Is not my way equal? are not your ways unequal?
26 Sɛ ɔtreneeni twe ne ho fi ne trenee nneyɛe ho na ɔkɔyɛ bɔne a, ɛno nti obewu, bɔne a wayɛ nti obewu.
When a righteous [man] turneth away from his righteousness, and committeth iniquity, and dieth in them; for his iniquity that he hath done shall he die.
27 Nanso sɛ omumɔyɛfo twe ne ho fi amumɔyɛsɛm a wadi ho, na ɔyɛ nea ɛteɛ ne nea ɛyɛ papa a, obegye ne kra nkwa.
Again, when the wicked [man] turneth away from his wickedness that he hath committed, and doeth that which is lawful and right, he shall save his soul alive.
28 Esiane sɛ wahu ne mmarato na watwe ne ho afi ho no nti, obenya nkwa na ɔrenwu.
Because he considereth, and turneth away from all his transgressions that he hath committed, he shall surely live, he shall not die.
29 Nanso Israelfi ka se, ‘Awurade kwan nteɛ.’ Mʼakwan nteɛ! Mo, Israelfi! Ɛnyɛ mo akwan mmom na ɛnteɛ ana?
Yet saith the house of Israel, The way of the Lord is not equal. O house of Israel, are not my ways equal? are not your ways unequal?
30 “Ɛno nti, mo Israelfo, mebu mo mu biara atɛn sɛnea nʼakwan te, Otumfo Awurade na ose. Monsakra mo adwene! Montwe mo ho mfi mo mmarato nyinaa ho; na afei bɔne remfa mo nkɔ asehwe mu bio.
Therefore I will judge you, O house of Israel, every one according to his ways, saith the Lord GOD. Repent, and turn [yourselves] from all your transgressions; so iniquity shall not be your ruin.
31 Montow mfomso a moayɛ nyinaa ngu na moanya koma foforo ne honhom foforo. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ muwu, Israelfifo?
Cast away from you all your transgressions, whereby ye have transgressed; and make you a new heart and a new spirit: for why will ye die, O house of Israel?
32 Mʼani nnye obiara wu ho, Otumfo Awurade na ose. ‘Monsakra mo adwene na moanya nkwa!’
For I have no pleasure in the death of him that dieth, saith the Lord GOD: wherefore turn [yourselves], and live ye.

< Hesekiel 18 >