< Hesekiel 17 >
1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
2 “Onipa ba, dwene mfatoho bi ho, fa yɛ abebusɛm na ka kyerɛ Israelfi.
“Onipa ba, dwene mfatoho bi ho, fa yɛ abɛbusɛm na ka kyerɛ Israel efie.
3 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɔkɔre kɛse bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wɔ mu ne ntakra atenten bebree a ɛwɔ ahosu ahorow baa Lebanon. Okosii sida dua nkɔn mu,
Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɔkɔdeɛ kɛseɛ bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wɔ mu ne ntakra atentene bebree a ɛwɔ ahosu ahodoɔ baa Lebanon. Ɔkɔsii ntweneduro dua nkɔn mu,
4 buu ne mman a ɛwɔ atifi pa ara na ɔde kɔɔ aguadifo asase bi so koduaa wɔ wɔn kuropɔn mu.
buu ne mman a ɛwɔ atifi paa na ɔde kɔɔ adwadifoɔ asase bi so kɔdua wɔ wɔn kuropɔn mu.
5 “‘Ɔfaa wʼasase so aba no bi kɔhyɛɛ dɔtebere mu. Oduaa no sɛ ɔfɔsɔw dua a ɛwɔ nsuwansuwa ho,
“‘Ɔfaa wʼasase so aba no bi kɔhyɛɛ dɔte bereɛ mu. Ɔduaa no sɛ ɔfɔtɔ dua a ɛwɔ nsuwansuwa ho,
6 na ɛfefɛw bɛyɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛw wɔ fam. Ne mman no dannan kyerɛɛ ne so, nanso ne ntin no nyin kɔɔ fam. Enti ɛbɛyɛɛ bobe yiyii mman a so wɔ nhaban a ɛyɛ fɛ.
na ɛfefɛ bɛyɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛ fam. Ne mman no danedane kyerɛɛ ne so, na ne nhini no nyini kɔɔ fam. Enti ɛbɛyɛɛ bobe yiyii mman a ɛso wɔ nhahan a ɛyɛ fɛ.
7 “‘Nanso na ɔkɔre kɛse foforo bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wo mu na ne ho wɔ ntakra bebree wɔ hɔ. Bobe no dannan ne ntin fii beae a woduaa no hɔ kyerɛɛ ɔkɔre no na ɔtrɛw ne mman kɔɔ ne so kɔpɛɛ nsu.
“‘Nanso na ɔkɔdeɛ kɛseɛ foforɔ bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wo mu na ne ho wɔ ntakra bebree wɔ hɔ. Bobe no danee ne nhini firii beaeɛ a wɔduaa no hɔ kyerɛɛ ɔkɔdeɛ no na ɔtrɛɛ ne mman kɔɔ ne so kɔpɛɛ nsuo.
8 Wɔadua bobe wɔ asase pa a ɛbɛn nsuwansuwa ho, sɛnea ebeyiyi mman na asow aba na afei abɛyɛ bobe dua a edi mu.’
Nanso, na wɔadua bobe no wɔ asase pa a ɛbɛn nsuwansuwa ho, sɛdeɛ ɛbɛyiyi mman na aso aba na afei abɛyɛ bobe dua a ɛdi mu.’
9 “Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛbɛyɛ yiye ana? Wɔrentu nʼase ntetew ne so aba mma entwintwam ana? Nea afefɛw wɔ ho nyinaa betwintwam. Ɛho renhia abasa a emu yɛ duru anaa nnipa bebree na wɔatu nʼase.
“Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛbɛyɛ yie anaa? Wɔrentu nʼase ntete ne so aba ma ɛntwintwam anaa? Deɛ afefɛ wɔ ho nyinaa bɛtwintwam. Ɛho renhia abasa a emu yɛ duru anaa nnipa bebree na watu nʼase.
10 Sɛ wotu bobe no tɛw a, ɛbɛyɛ yiye ana? Sɛ apuei mframa bɔ no a, ɛrentwintwam ana? Ebewu wɔ asase pa a woduaa wɔ so ma enyinii yiye no so.’”
Sɛ wɔtu bobe no tɛ a, ɛbɛyɛ yie? Sɛ apueeɛ mframa bɔ no a, ɛrentwintwam anaa? Ɛbɛwu wɔ asase pa a wɔduaa wɔ so ma ɛnyinii yie no.’”
11 Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
12 “Ka kyerɛ saa atuatewfo yi se, ‘Munnim nea saa nneɛma yi kyerɛ ana?’ Ka kyerɛ wɔn se, ‘Babiloniahene kɔɔ Yerusalem kɔsoaa ne hene ne ne mmapɔmma de wɔn baa Babilonia.
“Ka kyerɛ saa atuatefoɔ efie yi sɛ, ‘Monnim deɛ saa nneɛma yi kyerɛ anaa?’ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Babiloniahene kɔɔ Yerusalem kɔsoaa ne ɔhene ne ne mmapɔmma de wɔn baa Babilonia.
13 Oyii ɔdehye baako ne no kaa ntam yɛɛ apam. Ɔsoaa ntuanofo ne atitiriw a wɔwɔ asase no so nso kɔe,
Ɔyii ɔdehyeɛ baako ne no kaa ntam yɛɛ apam. Ɔsoaa ntuanofoɔ ne atitire a wɔwɔ asase no so nso kɔɔeɛ,
14 sɛnea ɛbɛyɛ a ahenni no renyɛ den na wɔrensɔre bio, na apam no nko ara na ɛbɛbɔ wɔn ho ban.
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ahennie no renyɛ den na wɔrensɔre bio, na apam no nko ara na ɛbɛbɔ wɔn ho ban.
15 Nanso ɔhene no somaa ananmusifo kɔɔ Misraim kɔsrɛɛ asraafo dɔm kɛse ne apɔnkɔ bebree nam so tew atua. Obedi nkonim ana? Nea ɔyɛ saa nneɛma yi benya ne ti adidi mu ana? Obebu apam no so na wanya ne ti nso adidi mu ana?
Nanso Israelhene no somaa ananmusifoɔ kɔɔ Misraim kɔsrɛɛ akodɔm kɛseɛ ne apɔnkɔ bebree nam so tee atua. Ɔbɛdi nkonim anaa? Deɛ ɔyɛ saa nneɛma yi bɛnya ne tiri adidi mu anaa? Ɔbɛbu apam no so na wanya ne tiri nso adidi mu anaa?
16 “‘Sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade na ose, obewu wɔ Babilonia, ɔhene a ɔde no sii ahengua so no asase so, nea ɔtoo ne ntam na obuu nʼapam so no.
“‘Sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ, Israelhene no bɛwu wɔ Babilonia. Ɔbɛwu wɔ Babilonia, asase a ɔhene ɔde no sii ahendwa so na ɔbuu nʼapam so no so.
17 Farao ne ne dɔmmarima ne nnipadɔm so remma no mfaso biara wɔ ɔko mu, bere a Babilonia asisi pampim na wayɛ ntuano nnwuma a ɔde rebɛsɛe bebree nkwa no.
Farao ne ne dɔmmarima ne nnipadɔm ho remma no mfasoɔ biara wɔ ɔko mu, ɛberɛ a Babilonia asisi epie na wayɛ otua nnwuma a ɔde rebɛsɛe bebree nkwa.
18 Obuu apam no so, nam so de too ntam no. Esiane sɛ ɔde ne nsa ahyɛ apam no ase na ɔyɛɛ eyinom nyinaa nti, ɔremfa ne ho nni.
Ɔbuu apam no so, nam so de too ntam no. Esiane sɛ ɔde ne nsa ahyɛ apam no ase na ɔyɛɛ yeinom nyinaa enti, ɔremfa ne ho nni.
19 “‘Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ mete ase yi, mɛma me ntam a ɔtoe, ne mʼapam a obuu so no abɔ ne ti so.
“‘Enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ mete ase yi, mɛma me ntam a ɔtooɛ, ne mʼapam a ɔbuu so no abɔ ne tiri so.
20 Mɛtrɛw mʼasau mu wɔ ne so na mʼafiri beyi no. Mede no bɛba Babilonia na mabu no atɛn wɔ hɔ, efisɛ wanni me nokware.
Mɛtrɛ mʼasau mu wɔ ne so na mʼafidie bɛyi no. Mede no bɛba Babilonia na mabu no atɛn wɔ hɔ, ɛfiri sɛ wanni me nokorɛ.
21 Nʼakofo a wɔreguan nyinaa bɛtotɔ wɔ afoa ano, na wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu no mɛhwete wɔn akɔ mmaa nyinaa. Afei wubehu sɛ me Awurade makasa.
Nʼakodɔm a wɔredwane nyinaa bɛtotɔ wɔ akofena ano, na wɔn a wɔbɛnya wɔn ti adidim no, mɛhwete wɔn akɔ mmaa nyinaa. Afei wobɛhunu sɛ me Awurade makasa.
22 “‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mʼankasa mɛpan mman afi sida dua no nkɔn mu na madua. Mɛpan mman frɔmfrɔm ketewaa bi afi ne nkɔn mu akodua wɔ bepɔw tenten bi so.
“‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ankasa mɛpan mman afiri ntweneduro dua no nkɔn mu na madua. Mɛpan mman frɔmfrɔm ketewaa bi afiri ne nkɔn mu akɔdua wɔ bepɔ tentene bi so.
23 Medua wɔ Israel sorɔnsorɔmmea, ebeyiyi mman na asow aba na ayɛ sida dua a edi mu. Nnomaa ahorow bɛyɛ wɔn mmerebuw wɔ so na wɔanya ahomegyebea wɔ mman no nwini mu.
Mɛdua wɔ Israel sorɔnsorɔmmea. Ɛbɛyiyi mman na aso aba na ayɛ ntweneduro dua a ɛdi mu. Nnomaa ahodoɔ bɛyɛ wɔn mpirebuo wɔ so na wɔanya ahomegyebea wɔ mman no nwunu mu.
24 Nwura mu nnua nyinaa behu sɛ me Awurade, na mitwa dua tenten to fam na mema dua a ɛyɛ tiaa nyin yɛ tenten. Mema duamono twintwam na mema nea atwintwam nso yɛ frɔmfrɔm. “‘Me Awurade na maka, na mɛyɛ.’”
Wira mu nnua nyinaa bɛhunu sɛ, me Awurade na metwa dua tentene to fam na mema dua a ɛyɛ tiawa nyini yɛ tentene. Mema dua mono atwintwam na mema deɛ atwintwam nso yɛ frɔmm. “‘Me Awurade na maka, na mɛyɛ.’”