< Hesekiel 15 >
1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2 “Onipa ba, ɔkwan bɛn so na bobe dutan so bɛba mfaso asen kwae mu dua foforo biara mman?
“Onipa ba, ɛkwan bɛn so na bobe dutan ho bɛba mfasoɔ asene kwaeɛ mu dua foforɔ biara mman?
3 Wotwa dua no bi de yɛ biribi a so wɔ mfaso? Wɔde yɛ pɛe a wɔde nneɛma sensɛn so ana?
Wɔtwa dua no bi de yɛ biribi a ɛho wɔ mfasoɔ? Wɔde yɛ pɛɛwa a wɔde nneɛma sensɛn soɔ anaa?
4 Na sɛ wɔde ne nnyina hyɛ ogya mu na eti ne ti hyew ma mfimfini yɛ nso a, so ba mfaso bi ana?
Na sɛ wɔde ne nyina hyɛ ogya mu na etire ne etire hye ma mfimfini yɛ bidie a, ɛho ba mfasoɔ bi anaa?
5 Na sɛ so amma mfaso bere a ɛyɛ mua no a, ɛbɛyɛ dɛn na wobetumi de ayɛ ade bi a mfaso wɔ so, bere a ahyew atɔ nso no?
Na sɛ ɛho amma mfasoɔ ɛberɛ a ɛdi mu a, ɛbɛyɛ den na wɔbɛtumi de ayɛ mfasodeɛ bi, ɛberɛ a ahye adane bidie?
6 “Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛnea mede bobe dua a ɛfra kwaennua ama sɛ wɔmfa nsɔ ogya no, saa ɔkwan no ara so na mede nnipa a wɔte Yerusalem no nso bɛfa.
“Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛdeɛ mede bobe dua a ɛfera kwaeɛm nnua mu ama sɛ wɔmfa nsɔ ogya no, saa ɛkwan no so na mede nnipa a wɔte Yerusalem no bɛfa.
7 Metu mʼani asi wɔn so. Ɛwɔ mu sɛ wɔafi ogya no mu de, nanso ɛbɛhyew wɔn bio. Na sɛ mitu mʼani si wɔn so a, wubehu sɛ mene Awurade.
Mɛtu mʼani asi wɔn so. Ɛwom sɛ wafiri ogya no mu deɛ, nanso ɛbɛhye wɔn bio. Na sɛ metu mʼani si wɔn so a, wobɛhunu sɛ mene Awurade.
8 Mɛma asase no ada mpan efisɛ wɔanni nokware, Otumfo Awurade asɛm ni.”
Mɛma asase no ada mpan, ɛfiri sɛ wɔanni nokorɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”