< Hesekiel 14 >

1 Israel mpanyimfo no mu bi baa me nkyɛn bɛtenatenaa mʼanim.
Israel mpanimfoɔ no mu bi baa me nkyɛn bɛtenatena mʼanim.
2 Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
3 “Onipa ba, saa mmarima yi de ahoni ahyɛ wɔn koma mu na wɔde amumɔyɛ hintidua asisi wɔn anim. Ɛsɛ sɛ mema wobisa mʼase koraa ana?
“Onipa ba, saa mmarimma yi de ahoni ahyɛ wɔn akoma mu na wɔde amumuyɛ suntidua asisi wɔn anim. Ɛsɛ sɛ mema wɔbisa mʼase koraa anaa?
4 Enti kasa kyerɛ wɔn na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ Israelni biara de ahoni hyehyɛ ne koma mu na ɔde amumɔyɛ hintidua sisi nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifo nkyɛn a, me Awurade, mɛma no mmuae a ɛfata nʼahonisom no kɛseyɛ.
Enti kasa kyerɛ wɔn na ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ Israelni biara de ahoni hyehyɛ nʼakoma mu na ɔde amumuyɛ suntidua sisi nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifoɔ nkyɛn a, me Awurade, mɛma no mmuaeɛ a ɛfata nʼahonisom no kɛseyɛ.
5 Mɛyɛ eyi de atwe Israelfo a wɔagyaw me akodi wɔn abosom akyi no koma aba bio.’
Mɛyɛ yei de atwe Israelfoɔ a wɔagya me akɔdi wɔn abosom akyi no akoma aba bio.’
6 “Enti ka kyerɛ Israelfi se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Monsakra mo adwene. Mumfi mo ahoni ho na munnyae mo nneyɛe a ɛyɛ akyiwade no!
“Enti ka kyerɛ Israel efie sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Monsakra mo adwene. Momfiri mo ahoni ho na monnyae mo nneyɛeɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no!
7 “‘Sɛ Israelni bi anaa ɔnanani a ɔte Israel twe ne ho fi me nkyɛn na ɔde ahoni hyɛ ne koma mu de amumɔyɛ hintidua si nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifo nkyɛn kobisa mʼase a, me, Awurade ankasa bebua no.
“‘Sɛ Israelni bi anaa ɔnanani a ɔte Israel twe ne ho firi me nkyɛn na ɔde ahoni hyɛ nʼakoma mu de amumuyɛ suntidua si nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifoɔ nkyɛn kɔbisa mʼase a, me, Awurade ankasa bɛbua no.
8 Metu mʼani asa onipa no na mede no ayɛ nhwɛso ne kasabebui. Meyi no afi me nkurɔfo mu. Afei mubehu sɛ mene Awurade no.’
Mɛtu mʼani asa onipa no na mede no ayɛ nhwɛsoɔ ne akasabɛbuo. Mɛyi no afiri me nkurɔfoɔ mu. Afei mobɛhunu sɛ mene Awurade no.
9 “‘Na sɛ odiyifo no ma wɔdaadaa no ma ɔhyɛ nkɔm a, me Awurade na madaadaa odiyifo no, mɛteɛ me nsa wɔ ne so na matwa no afi me nkurɔfo Israelfo mu.
“‘Na sɛ odiyifoɔ no ma wɔdaadaa no ma ɔhyɛ nkɔm a, me Awurade na madaadaa odiyifoɔ no, mɛtene me nsa wɔ ne so na matwa no afiri me nkurɔfoɔ Israelfoɔ mu.
10 Wɔbɛsoa wɔn afɔdi; odiyifo no ne nea okohuu no no nyinaa bedi fɔ.
Wɔbɛsoa wɔn afɔdie; odiyifoɔ no ne deɛ ɔkɔhunuu no no nyinaa bɛdi fɔ.
11 Na Israelfo renkwati me bio, na wɔremfa wɔn nnebɔne no ngu wɔn ho fi bio. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, Otumfo Awurade asɛm ni.’”
Na Israelfoɔ renkwati me bio, na wɔremfa wɔn nnebɔne no ngu wɔn ho fi bio. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ na mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’”
12 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
13 “Onipa ba, sɛ ɔman bi anni me nokware na enti wɔyɛ bɔne de tia me, na meteɛ me nsa wɔ wɔn so na migyae wɔn aduanma, na mema ɔkɔm ba bekunkum mu nnipa ne wɔn mmoa a,
“Onipa ba, sɛ ɔman bi anni me nokorɛ na enti wɔyɛ bɔne de tia me, na metene me nsa wɔ wɔn so na megyae wɔn aduane ma, na mema ɛkɔm ba bɛkunkum emu nnipa ne wɔn mmoa a,
14 mpo sɛ saa nnipa baasa a wɔyɛ Noa, Daniel ne Hiob wɔ ɔman no mu a, wɔn trenee begye wɔn nko ara nkwa, Otumfo Awurade asɛm ni.
mpo sɛ saa nnipa baasa a wɔyɛ Noa, Daniel ne Hiob wɔ ɔman no mu a, wɔn tenenee bɛgye wɔn nko ara nkwa, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
15 “Anaa sɛ mema wuram mmoa kɔ saa asase no so na wokunkum so nnipa nyinaa na asase no sɛe a obiara ntumi mfa so, esiane wuram mmoa no nti a,
“Anaa sɛ mema wiram mmoa kɔ saa asase no so na wɔkunkum ɛso nnipa nyinaa na asase no sɛe a obiara ntumi mfa so ɛsiane wiram mmoa no enti a,
16 sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, mpo sɛ saa mmarima baasa yi wɔ asase no so a, wɔrentumi nnye wɔn ankasa mmabarima ne mmabea nkwa. Wɔn nko ara na wobegye wɔn nkwa na asase no bɛsɛe.
sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mpo sɛ saa mmarima baasa yi wɔ asase no so a, wɔrentumi nnye wɔn ankasa mmammarima ne mmammaa nkwa. Wɔn nko ara na wɔbɛgye wɔn nkwa na asase no bɛsɛe.
17 “Sɛ nso metwe afoa wɔ asase no so, na meka se, ‘Ma afoa no nkɔ asase no so nyinaa,’ na mikunkum so nnipa ne wɔn mmoa,
“Sɛ nso metwe akofena wɔ asase no so, na meka sɛ, ‘Ma akofena no nkɔ asase no so nyinaa,’ na mekunkum ɛso nnipa ne wɔn mmoa,
18 sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, mpo sɛ saa mmarima baasa yi wɔ asase no so a, wɔrentumi nnye wɔn ankasa mmabarima ne mmabea nkwa. Wɔn nko ara na wobenya nkwa.
sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mpo sɛ saa mmarima baasa yi wɔ asase no so a, wɔrentumi nnye wɔn ankasa mmammarima ne mmammaa nkwa. Wɔn nko ara na wɔbɛnya nkwa.
19 “Sɛ nso mesoma ɔyaredɔm kɔ asase no so na menam mʼabufuwhyew so hwie mogya gu wɔ asase no so, kunkum so nnipa ne wɔn mmoa a,
“Sɛ nso mesoma ɔyaredɔm kɔ asase no so na menam mʼabufuhyeɛ so hwie mogya gu wɔ asase no so, kunkum ɛso nnipa ne wɔn mmoa a,
20 sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, sɛ Noa, Daniel ne Hiob mpo wɔ hɔ a, wɔrentumi nnye ɔbabarima anaa ɔbabea nkwa. Wɔn trenee nti wobegye wɔn nkwa.
sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, sɛ Noa, Daniel ne Hiob mpo wɔ hɔ a, wɔrentumi nye ɔbabarima anaa ɔbabaa nkwa. Wɔn tenenee enti wɔbɛgye wɔn ho nkwa.
21 “Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛbɛyɛ hu mmoroso sɛ mɛma mʼatemmu huhuhuhu anan, a ɛyɛ afoa, ɔkɔm, wuram mmoa ne ɔyaredɔm akɔ Yerusalem so akokunkum ne mmarima ne wɔn mmoa!
“Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛbɛyɛ hu mmorosoɔ sɛ mɛma mʼatemmuo huuhuuhu ɛnan, a ɛyɛ akofena, ɔkɔm, wiram mmoa ne ɔyaredɔm akɔ Yerusalem so akɔkunkum ne mmarima ne wɔn mmoa!
22 Nanso ebinom bɛka, mmabarima ne mmabea a wobeyi wɔn afi mu no. Wɔbɛba mo nkyɛn na sɛ muhu wɔn su ne wɔn nneyɛe a, mo bo bɛtɔ mo yam wɔ amanehunu a me de aba Yerusalem so no ho, amanehunu a mede aba ne so biara.
Nanso ebinom bɛka, mmammarima ne mmammaa a wɔbɛyi wɔn afiri mu no. Wɔbɛba mo nkyɛn wɔ Babilon, na sɛ mohunu wɔn su ne wɔn nneyɛɛ a, mo bo bɛtɔ mo yam wɔ amanehunu a me de aba Yerusalem so no ho.
23 Sɛ muhu wɔn su ne wɔn nneyɛe a mo bo bɛtɔ mo yam, efisɛ mubehu sɛ, menyɛɛ biribiara wɔ hɔ a enni farebae, Otumfo Awurade asɛm ni.”
Sɛ mohunu wɔn su ne wɔn nneyɛɛ a, mo bo bɛtɔ mo yam, ɛfiri sɛ mobɛhunu sɛ, menyɛɛ biribiara wɔ hɔ a ɛnni farebae, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”

< Hesekiel 14 >