< Hesekiel 13 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
ויהי דבר יהוה אלי לאמר
2 “Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel adiyifo a wɔhyɛ nkɔm mprempren no. Ka kyerɛ wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm no se: ‘Muntie Awurade asɛm!
בן אדם הנבא אל נביאי ישראל הנבאים ואמרת לנביאי מלבם שמעו דבר יהוה
3 Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Nnome nka adiyifo nkwaseafo a wodi wɔn ankasa honhom akyi na wonhuu hwee no.
כה אמר אדני יהוה הוי על הנביאים הנבלים אשר הלכים אחר רוחם ולבלתי ראו
4 Ao Israelfo, mo adiyifo yi te sɛ nnwiriwii mu sakraman.
כשעלים בחרבות--נביאיך ישראל היו
5 Monkɔɔ sɛ morekosiesie afasu no afaafa a abubu no ama Israelfi, sɛnea ebetumi agyina pintinn wɔ ɔko no ano wɔ Awurade da no.’
לא עליתם בפרצות ותגדרו גדר על בית ישראל לעמד במלחמה ביום יהוה
6 Wɔn adehu yɛ atoro, na wɔn adebisa yɛ nnaadaa. Wɔka se, ‘Awurade aka se,’ wɔ bere a Awurade nsomaa wɔn, nanso wɔhwɛ anim sɛ wɔn nkɔmhyɛ bɛba mu.
חזו שוא וקסם כזב--האמרים נאם יהוה ויהוה לא שלחם ויחלו לקים דבר
7 Sɛ moka se, ‘Sɛɛ na Awurade se,’ wɔ bere a menkasae a, na mo anisoadehu nyɛ atoro? Na mo adebisa nso, ɛnyɛ nnaadaa ana?
הלוא מחזה שוא חזיתם ומקסם כזב אמרתם ואמרים נאם יהוה ואני לא דברתי
8 “Ɛno nti, sɛnea Otumfo Awurade se ni: ‘Mo nsɛm a ɛyɛ atoro ne mo nnaadaa anisoadehu nti, me ne mo anya’, Otumfo Awurade asɛm ni.
לכן כה אמר אדני יהוה יען דברכם שוא וחזיתם כזב--לכן הנני אליכם נאם אדני יהוה
9 Me nsa betia adiyifo a wɔn anisoadehu yɛ atoro na wɔn abisa yɛ nnaadaa. Wɔremfra me nkurɔfo bagua mu, na wɔrenkyerɛw wɔn din wɔ Israelfi nhoma no mu na wɔn anan rensi Israel asase so. Na afei mubehu sɛ mene Otumfo Awurade.
והיתה ידי אל הנביאים החזים שוא והקסמים כזב בסוד עמי לא יהיו ובכתב בית ישראל לא יכתבו ואל אדמת ישראל לא יבאו וידעתם כי אני אדני יהוה
10 “Esiane sɛ wɔama me nkurɔfo ayera kwan, na wɔka se ‘Asomdwoe,’ wɔ bere a asomdwoe nni hɔ, na afei sɛ wɔto ɔfasu a enni ahoɔden bi a na wɔde akaadoo afa so,
יען וביען הטעו את עמי לאמר שלום--ואין שלום והוא בנה חיץ והנם טחים אתו תפל
11 ɛno nti ka kyerɛ wɔn a wɔka akaadoo no se, ɔfasu no rebebu. Osu a ɔhweam wɔ mu bɛtɔ, na mɛsoma mparuwbo, na mframa a ano yɛ den bɛbɔ.
אמר אל טחי תפל ויפל היה גשם שוטף ואתנה אבני אלגביש תפלנה ורוח סערות תבקע
12 Na sɛ ɔfasu no bu gu fam a, nnipa remmisa wo se, ‘he na akaadoo a wɔde sraa ho no afa,’ ana?
והנה נפל הקיר הלוא יאמר אליכם איה הטיח אשר טחתם
13 “Ɛno nti, nea Otumfo Awurade ka ni: ‘Mʼabufuwhyew mu, mɛma ahum atu, na mʼabufuw mu no, mparuwbo ne osuhweam de adesɛe ahoɔden atɔ.
לכן כה אמר אדני יהוה ובקעתי רוח סערות בחמתי וגשם שטף באפי יהיה ואבני אלגביש בחמה לכלה
14 Medwiriw ɔfasu a mode akaadoo afa ho no na mabubu agu fam ama ne fapem ho ada hɔ. Sɛ ɔfasu no hwe ase a, wɔbɛsɛe mo wɔ mu, na mubehu sɛ mene Awurade.
והרסתי את הקיר אשר טחתם תפל והגעתיהו אל הארץ--ונגלה יסדו ונפלה וכליתם בתוכה וידעתם כי אני יהוה
15 Enti mede mʼabufuwhyew bɛkɔ ɔfasu no ne wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no so. Mɛka akyerɛ mo se, “Ɔfasu no nni hɔ bio na saa ara na wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no nso nni hɔ,
וכליתי את חמתי בקיר ובטחים אתו תפל ואמר לכם אין הקיר ואין הטחים אתו
16 saa Israel adiyifo a wɔhyɛɛ nkɔm maa Yerusalem na wohuu asomdwoe anisoade wɔ bere a asomdwoe nni hɔ no,” Otumfo Awurade na ose.’
נביאי ישראל הנבאים אל ירושלם והחזים לה חזון שלם ואין שלם נאם אדני יהוה
17 “Afei onipa ba, ma wʼani nkɔ wo nkurɔfo a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm no mmabea so. Hyɛ nkɔm tia wɔn
ואתה בן אדם שים פניך אל בנות עמך המתנבאות מלבהן והנבא עליהן
18 na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Nnome nka mmea a wɔpempam ntafowayi bansrɛ hyehyɛ wɔn nsakɔn na wɔpempam nkataanim ntiaa ne atenten kata wɔn anim de sum nnipa mfiri. Mubesum me nkurɔfo nkwa mfiri na mo de, moakora mo de so ana?
ואמרת כה אמר אדני יהוה הוי למתפרות כסתות על כל אצילי ידי ועשות המספחות על ראש כל קומה--לצודד נפשות הנפשות תצודדנה לעמי ונפשות לכנה תחיינה
19 Moasopa me wɔ me nkurɔfo mu de agye atoko nsa ma kakraa bi ne brodo asinasin. Monam atoro a mudi kyerɛ me nkurɔfo a wotie atoro so akunkum wɔn a anka ɛnsɛ sɛ wowuwu, na moama wɔn a anka ɛnsɛ sɛ wɔtena nkwa mu no afa wɔn ho adi.
ותחללנה אתי אל עמי בשעלי שערים ובפתותי לחם להמית נפשות אשר לא תמותנה ולחיות נפשות אשר לא תחיינה בכזבכם--לעמי שמעי כזב
20 “‘Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mitia mo ntafowayi bansrɛ a mode sum nkurɔfo mfiri sɛ nnomaa no, na mɛtetew afi mo abasa so; megyaa nnipa a musum wɔn afiri sɛ nnomaa no.
לכן כה אמר אדני יהוה הנני אל כסתותיכנה אשר אתנה מצדדות שם את הנפשות לפרחות וקרעתי אתם מעל זרועתיכם ושלחתי את הנפשות אשר אתם מצדדות את נפשים לפרחת
21 Mɛtetew mo nkataanim no mu afi mo anim, na magye me nkurɔfo nkwa afi mo nsam, na morennya wɔn so tumi bio. Afei mubehu sɛ me ne Awurade.
וקרעתי את מספחתיכם והצלתי את עמי מידכן ולא יהיו עוד בידכן למצודה וידעתן כי אני יהוה
22 Esiane sɛ mode atoro maa atreneefo aba mu buu wɔ bere a menhyɛɛ wɔn awerɛhow, na mohyɛɛ amumɔyɛfo nkuran se wɔnkɔ so wɔ wɔn akwammɔne so na moagye wɔn nkwa no
יען הכאות לב צדיק שקר ואני לא הכאבתיו ולחזק ידי רשע לבלתי שוב מדרכו הרע להחיתו
23 nti, morenhu atoro anisoade bio na mubegyae ntafowayi nso. Megye me nkurɔfo afi mo nsam na afei mubehu sɛ me ne Awurade no.’”
לכן שוא לא תחזינה וקסם לא תקסמנה עוד והצלתי את עמי מידכן וידעתן כי אני יהוה

< Hesekiel 13 >