< Hesekiel 12 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
The LORD’s word also came to me, saying,
2 “Onipa ba, wote nnipa a wɔtew atua mu. Wɔwɔ ani nanso wonhu ade, wɔwɔ aso nanso wɔnte asɛm, efisɛ wɔyɛ nnipa atuatewfo.
“Son of man, you dwell in the middle of the rebellious house, who have eyes to see, and don’t see, who have ears to hear, and don’t hear; for they are a rebellious house.
3 “Enti onipa ba, boaboa wo nneɛma ano ma asutwa, na adekyee mu a wɔrewɛn no, fi nea wowɔ, na kɔ beae foforo. Ebia wɔbɛte ase, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ atuatewfo.
“Therefore, you son of man, prepare your baggage for moving, and move by day in their sight. You shall move from your place to another place in their sight. It may be they will consider, though they are a rebellious house.
4 Adekyee mu a wɔrewɛn no, fa wo nneɛma a woaboa ano ama asutwa no pue. Afei anwummere a wɔrewɛn no, fi adi sɛnea wɔn a wotwa wɔn asu yɛ no.
You shall bring out your baggage by day in their sight, as baggage for moving. You shall go out yourself at evening in their sight, as when men go out into exile.
5 Bere a wɔrewɛn no, tu ɔfasu no mu tokuru na yi wo nneɛma no fa mu.
Dig through the wall in their sight, and carry your baggage out that way.
6 Fa to wo mmati so, bere a wɔrewɛn, na afei anim biribiri a, soa kɔ. Kata wʼanim sɛnea wunhu asase no, efisɛ mede wo ayɛ nsɛnkyerɛnne ama Israelfi.”
In their sight you shall bear it on your shoulder, and carry it out in the dark. You shall cover your face, so that you don’t see the land, for I have set you for a sign to the house of Israel.”
7 Enti meyɛɛ sɛnea wɔhyɛɛ me no. Adekyee mu no, mede me nneɛma a maboa ano ama asutwa no puei. Anwummere no, mede me nsa tuu tokuru wɔ ɔfasu no mu, na anim biribirii no, miyii me nneɛma no soaa wɔ me mmati so a wɔrehwɛ.
I did so as I was commanded. I brought out my baggage by day, as baggage for moving, and in the evening I dug through the wall with my hand. I brought it out in the dark, and bore it on my shoulder in their sight.
8 Adekyee no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
In the morning, the LORD’s word came to me, saying,
9 “Onipa ba, saa Israelfi atuatewfo no ammisa wo se, ‘Dɛn na woreyɛ yi?’
“Son of man, hasn’t the house of Israel, the rebellious house, said to you, ‘What are you doing?’
10 “Ka kyerɛ wɔn se, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Saa nkɔmhyɛ yi fa ɔhene babarima a ɔwɔ Yerusalem ne Israelfi a wɔwɔ hɔ nyinaa ho.
“Say to them, ‘The Lord GOD says: “This burden concerns the prince in Jerusalem, and all the house of Israel among whom they are.”’
11 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Meyɛ nsɛnkyerɛnne ma mo.’ “Sɛnea mayɛ no, saa ara na wɔbɛyɛ wɔn. Wobetwa wɔn asu akɔ nnommum mu.
“Say, ‘I am your sign. As I have done, so will it be done to them. They will go into exile, into captivity.
12 “Ɔhene ba a ɔwɔ wɔn mu no de nʼadesoa bɛto ne mmati so bere a anim rebiribiri na wafi hɔ, na wobetu tokuru wɔ ɔfasu no mu ama wafa mu. Ɔbɛkata nʼanim sɛnea ɔrenhu faako a ɔrekɔ.
“‘The prince who is among them will bear his baggage on his shoulder in the dark, and will go out. They will dig through the wall to carry things out that way. He will cover his face, because he will not see the land with his eyes.
13 Mɛtrɛw mʼasau mu agu ne so na makyere no wɔ mʼafiri mu; mede no bɛkɔ Babilonia Kaldeafo asase so, nanso ɔrenhu na hɔ na obewu.
I will also spread my net on him, and he will be taken in my snare. I will bring him to Babylon to the land of the Kasdim; yet he will not see it, though he will die there.
14 Mɛhwete wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa akɔ mmaa nyinaa; nʼadwumayɛfo ne nʼasraafo nyinaa, na mede afoa ataa wɔn.
I will scatter toward every wind all who are around him to help him, and all his bands. I will draw out the sword after them.
15 “Bere a mahwete wɔn akɔ amanaman so, na mahwete wɔn agu nsase so no, wobehu sɛ me ne Awurade no.
“‘They will know that I am the LORD when I disperse them among the nations and scatter them through the countries.
16 Nanso mɛma wɔn mu kakra anya wɔn ti adidi mu wɔ ɔkɔm, ɔyaredɔm ne afoa ano, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ani bɛba wɔn akyiwade ahorow no so wɔ aman a wɔbɛkɔ so no mu. Afei wobehu sɛ me ne Awurade no.”
But I will leave a few men of them from the sword, from the famine, and from the pestilence, that they may declare all their abominations among the nations where they come. Then they will know that I am the LORD.’”
17 Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
Moreover the LORD’s word came to me, saying,
18 “Onipa ba, sɛ woredidi a ma wo ho nwosow, na fa hu nom wo nsu.
“Son of man, eat your bread with quaking, and drink your water with trembling and with fearfulness.
19 Ka kyerɛ nnipa a wɔwɔ asase no so no se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade ka fa wɔn a wɔte Yerusalem ne Israel asase so no ho: Wɔde ahopere bedidi na wɔde abasamtu anom nsu, efisɛ wɔbɛsɛe asase no so nneɛma nyinaa, esiane wɔn a wɔtete so no akakabensɛm nti.
Tell the people of the land, ‘The Lord GOD says concerning the inhabitants of Jerusalem and Eretz-Israel: “They will eat their bread with fearfulness and drink their water in dismay, that her land may be desolate, and all that is therein, because of the violence of all those who dwell therein.
20 Wɔbɛsɛe nkurow a nnipa tete so no nyinaa na asase no bɛda mpan. Afei wubehu sɛ mene Awurade no.’”
The cities that are inhabited will be laid waste, and the land will be a desolation. Then you will know that I am the LORD.”’”
21 Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
The LORD’s word came to me, saying,
22 “Onipa ba, bɛ a mowɔ wɔ Israel a ese, ‘Nna no twa mu nanso Israel anisoadehu biara mma mu,’ yi ase ne dɛn?
“Son of man, what is this proverb that you have in Eretz-Israel, saying, ‘The days are prolonged, and every vision fails’?
23 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merebɛma bɛ yi aso ha ara, na wɔrenka wɔ Israel bio.’ Ka kyerɛ wɔn se, ‘Nna a anisoadehu biara bɛba mu no abɛn.
Tell them therefore, ‘The Lord GOD says: “I will make this proverb to cease, and they will no more use it as a proverb in Israel;”’ but tell them, ‘“The days are at hand, and the fulfillment of every vision.
24 Na atoro anisoadehu ne nnaadaa abisa wɔ Israelfo mu no to betwa.
For there will be no more any false vision nor flattering divination within the house of Israel.
25 Nanso me Awurade, mɛka nea ɛsɛ sɛ meka na ɛrenkyɛ na ɛbɛba mu. Na mo atuatewfo, mo bere so na mɛma nea maka biara no aba mu. Sɛɛ na Otumfo Awurade se.’”
For I am the LORD. I will speak, and the word that I speak will be performed. It will be no more deferred; for in your days, rebellious house, I will speak the word and will perform it,” says the Lord GOD.’”
26 Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
Again the LORD’s word came to me, saying,
27 “Onipa ba, Israelfi reka se, ‘Anisoade a ohu no bɛba mu mfe bebree akyi, na nneɛma a ɛwɔ daakye akyirikyiri ho nkɔm na ɔhyɛ.’
“Son of man, behold, they of the house of Israel say, ‘The vision that he sees is for many days to come, and he prophesies of times that are far off.’
28 “Ɛno nti ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merentwe me nsɛm nkɔ kyi bio, nea meka biara bɛba mu, Otumfo Awurade na ose.’”
“Therefore tell them, ‘The Lord GOD says: “None of my words will be deferred any more, but the word which I speak will be performed,” says the Lord GOD.’”

< Hesekiel 12 >